< Nnwom Mu Dwom 4 >

1 Wo ho yɛ fɛ, me dɔfo! Ao, wo ho yɛ fɛ! Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkataanim mu no te sɛ aborɔnoma. Wo nwi te sɛ mpapokuw a wɔresian Gilead Bepɔw.
Íme szép vagy te, kedvesem, íme, szép vagy, szemeid galambok fátyolod mögött; hajad mint a kecskék nyája, melyek leereszkednek Gileád hegyéről.
2 Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo, a wofi aguaree. Baako mpo nyeraa ɛ.
Fogaid mint a lenyírt juhok nyája, melyek feljöttek a mosdatóból, amelyek mind párosak és meddő nincs közöttük.
3 Wʼanofafa te sɛ koogyan hama; wʼano yɛ fɛ. Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu te sɛ ntunkum aduaba fa.
Mint karmazsinfonal ajkaid, és beszéded bájos; mint gránátalma hasábja a halántékod fátyolod mögött.
4 Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten, a wɔasi no fɛɛfɛ; na akokyɛm apem sensɛn ho, a ne nyinaa yɛ akofo kyɛm.
Mint Dávid tornya a nyakad, mely fokozatokban épült; ezer pajzs van rá akasztva, mind fegyverei a vitézeknek.
5 Wo nufu te sɛ atwemma abien, atwemma nta a wodidi wɔ sukooko mu.
Két emlőd mint két gida, szarvasünőnek ikrei, melyek liliomok között legelnek.
6 Enkosi sɛ ade bɛkye, ama honhom aguan no, mɛkɔ kurobow bepɔw ne aduhuam nkoko no so.
Míg hűvösödik a nap és futnak az árnyékok, elmegyek én a myrrhás hegyre és a tömjénes halomra.
7 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ papa; wo ho nni dɛm biara.
Mindenestül szép vagy, kedvesem, és hiba nincsen benned.
8 Ma yemfi Lebanon, mʼayeforo, wo ne me mfi Lebanon nkɔ. Sian fi Amana atifi bra, fi Senir atifi, Hermon apampam hɔ, fi gyata buw mu ne mmepɔw a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.
Velem a Libánonról, arám, velem jőjj el a Libánonról, tekints le az Amána csúcsáról, a Szenír és Chermón csúcsáról, oroszlánok tanyáiról, párduczok hegyeiről.
9 Woagye me koma abɔ so, me nuabea, mʼayeforo; woagye me koma abɔ so; wode wʼani a ɛbɔɔ me so, ne wo kɔnmuade mu ɔbohemaa baako.
Felbátorítottál engem, én nővérem, én arám, felbátorítottál egyikével a te szemeidnek, egyik lánczával a te nyakdíszednek.
10 Wo dɔ yɛ anigye, me nuabea, mʼayeforo! Hwɛ, wo dɔ sɔ ani sen bobesa, na wʼaduhuam yɛ huam sen pɛprɛ biara.
Mily szép a te szerelmed, én nővérem, én arám, mily jó a szerelmed, inkább a bornál, olajaid illata minden fűszernél.
11 Asɛm dɛdɛ fi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforo; nufusu ne ɛwo wɔ wo tɛkrɛma ase. Wo ntade mu hua te sɛ Lebanon de.
Színméztől csepegnek ajkaid, arám, méz és tej van nyelved alatt; s ruhád illata olyan, mint Libánon illata.
12 Wote sɛ turo a wɔato ano pon mu, me nuabea, mʼayeforo; woyɛ asuti a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔw ano.
Elzárt kert az én nővérem arám, elzárt kútfő, lepecsételt forrás.
13 Wo nnua yɛ nnuabafuw so ntunkum a ɛsow aba pa, ahuahaa ne nnuannua,
Hajtásaid díszkert: gránátfák drága gyümölcsökkel, cziprusok nárdusokkal;
14 nnuannua ne mmetire, osiko ne sinamon, a ohuamfufu nnua ahorow, kurobow ne dupapo ne pɛprɛ papa ahorow nyinaa ka ho.
nárdus és sáfrány, illatos nád meg fahéj, mindenféle tömjénfákkal, myrrha és alóék, mindenféle kiváló fűszerekkel.
15 Woyɛ asubura turo, abura a nsu sen fi mu a ɛsen fi Lebanon.
Kertek forrása, élő vizek kútja és a melyek lefolynak a Libánonról.
16 Sɔre, atifi fam mframa! Bra, anafo fam mframa! Bɔ fa me turo mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ne hua no begyigye afa baabiara. Ma me dɔfo mmra ne turo mu na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.
Serkenj, észak, s jőjj el, dél, leheld át a kertemet, folyjanak fűszerei. Jöjjön barátom az ő kertjébe s egye drága gyümölcseit.

< Nnwom Mu Dwom 4 >