< Nnwom Mu Dwom 3 >

1 Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa so mehwehwɛɛ nea me koma da no so; mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
[[M.]] Upon my bed, in the night, I sought him whom my soul loveth; I sought him, but found him not.
2 Mɛsɔre afei na makokyinkyin kuropɔn no mu, ne mmɔnten so ne gua so; na mahwehwɛ nea me koma da no so. Enti mehwehwɛɛ no nanso manhu no.
I will arise now [[said I]], and go about the city; In the streets and the broad ways will I seek him whom my soul loveth; I sought him, but found him not.
3 Awɛmfo no huu me bere a wɔrebɔ aprɔw wɔ kuropɔn no mu. “Moahu nea me koma da no so no ana?”
The watchmen who go about the city found me; “Have you seen [[said I]] him whom my soul loveth?”
4 Mereyɛ atwa wɔn ho pɛ na mihuu nea me koma da no so no. Misoo ne nsa sɛ meremma no nkɔ kosii sɛ mede no baa me na fi, de no kɔɔ nea onyinsɛnee me no dan mu.
I had but just passed them, When I found him whom my soul loveth; I held him, and would not let him go, Till I had brought him into my mother's house, Into the apartment of her that bore me.
5 Yerusalem mmabea, mede atwewa ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ Monnkanyan na munnyan ɔdɔ kosi bere a ɛsɛ mu.
[[Lov.]] I charge you, O ye daughters of Jerusalem! By the gazelles, and by the hinds of the field, That ye stir not up, nor awake my love, till she please.
6 Hena na ofi sare so reba te sɛ wusiw kumɔnn a efi kurobow, aduhuam ne aguadifo pɛprɛ ahorow mu, atutu ne ho yi?
Who is this that cometh up from the wilderness, Like pillars of smoke, Perfumed with myrrh and frankincense, With all the powders of the merchant?
7 Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a akofo aduosia bɔ no kyidɔm; ade a ɛwɔ anuonyam pa ara wɔ Israel,
Behold, the carriage of Solomon! Threescore valiant men are around it, Of the valiant men of Israel.
8 Wɔn nyinaa bobɔ afoa, wɔn nyinaa wɔ akodi ho nyansa. Wɔn afoa bobɔ wɔn nkyɛn mu, na obiara asiesie ne ho ama nea ebesi anadwo a ɛyɛ hu biara.
They all wear swords, Being skilled in war. Every one hath his sword girt upon his thigh, On account of danger in the night.
9 Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho; ɔde Lebanon nnua na ɛyɛe.
King Solomon made for himself a carriage Of the wood of Lebanon.
10 Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum, ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinaso. Wɔde biridum ntama na eduraa mu nkongua ho; mu asiesie yɛ ahomeka na Yerusalem mmabea na wɔyɛe.
The pillars thereof he made of silver, The railing of gold, The seat of purple, Its interior curiously wrought by a lovely one of the daughters of Jerusalem.
11 Mumfi adi, mo Sion mmabea, mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛw nea ne na de hyɛɛ no nʼayeforohyia da no, da a odii ahurusi wɔ ne koma mu no.
Go forth, O ye daughters of Zion! And behold King Solomon In the crown with which his mother crowned him, In the day of his espousals, In the day of the gladness of his heart.

< Nnwom Mu Dwom 3 >