< Rut 4 >

1 Boas kɔɔ kurow no pon ano kɔtenaa ase wɔ hɔ. Bere a obusuani gyefo titiriw a ɔkaa ne ho asɛm no baa hɔ no, Boas frɛɛ no kae se, “Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ.” Enti wɔtenaa ase.
ascendit ergo Booz ad portam et sedit ibi cumque vidisset propinquum praeterire de quo prius sermo habitus est dixit ad eum declina paulisper et sede hic vocans eum nomine suo qui devertit et sedit
2 Na Boas frɛɛ kurow no mu ntuanofo du sɛ wɔmmɛtena ase sɛ nnansefo.
tollens autem Booz decem viros de senioribus civitatis dixit ad eos sedete hic
3 Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefo titiriw no se, “Wunim Naomi a ofi Moab bae no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no.
quibus residentibus locutus est ad propinquum partem agri fratris nostri Helimelech vendit Noemi quae reversa est de regione moabitide
4 Misusuw sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa nnansefo yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no mprempren ara, efisɛ sɛ woantumi annye a, me ne onipa a midi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ migye.” Na ɔbarima no buae se, “Megye.”
quod audire te volui et tibi dicere coram cunctis sedentibus et maioribus natu de populo meo si vis possidere iure propinquitatis eme et posside sin autem tibi displicet hoc ipsum indica mihi ut sciam quid facere debeam nullus est enim propinquus excepto te qui prior es et me qui secundus sum at ille respondit ego agrum emam
5 Afei, Boas ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wotɔ asase no fi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ woware Moabni okunafo Rut no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu.”
cui dixit Booz quando emeris agrum de manu mulieris Ruth quoque Moabitidem quae uxor defuncti fuit debes accipere ut suscites nomen propinqui tui in hereditate sua
6 Ɛhɔ ara na abusua mu gyefo titiriw no kae se, “Ɛno de, merentumi ntɔ asase no, efisɛ ɛbɛhaw mʼankasa mʼagyapade. Tɔ asase no na merentumi ntɔ.”
qui respondit cedo iure propinquitatis neque enim posteritatem familiae meae delere debeo tu meo utere privilegio quo me libenter carere profiteor
7 Saa bere no, na ɛyɛ Israel amanne sɛ, sɛ obiara redan nʼade bi a watɔ no ɔkwan pa so ama obi foforo a, ɔworɔw ne mpaboa de ma nea ɔtɔ no. Wɔyɛ saa wɔ bagua mu de hyɛ adetɔ no mu den.
hic autem erat mos antiquitus in Israhel inter propinquos et si quando alter alteri suo iure cedebat ut esset firma concessio solvebat homo calciamentum suum et dabat proximo suo hoc erat testimonium cessionis in Israhel
8 Enti abusua gyefo titiriw no worɔw ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas se, “Wo ara tɔ asase no.”
dixit ergo propinquus Booz tolle calciamentum quod statim solvit de pede suo
9 Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofo no ne dɔm a wɔatwa ahyia hɔ no se, “Nnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapade a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho nnansefo.
at ille maioribus natu et universo populo testes inquit vos estis hodie quod possederim omnia quae fuerunt Helimelech et Chellion et Maalon tradente Noemi
10 Menam asase no tɔ so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafo no sɛ me yere. Ne saa nti, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapade a ɛwɔ ne kurom ha nso. Nnɛ, mo nyinaa moyɛ nnansefo.”
et Ruth Moabitidem uxorem Maalon in coniugium sumpserim ut suscitem nomen defuncti in hereditate sua ne vocabulum eius de familia sua ac fratribus et populo deleatur vos inquam huius rei testes estis
11 Afei, ntuanofo no ne ɔmanfo no nyinaa sɔre gyina kae se, “Yɛyɛ nnansefo! Awurade mmoa mma ɔbea a afei na ɔreba wo fi no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn mu na Israel aman nyinaa fi no. Wobɛyɛ ɔkɛse wɔ Efrata na woagye din wɔ Betlehem.
respondit omnis populus qui erat in porta et maiores natu nos testes sumus faciat Dominus hanc mulierem quae ingreditur domum tuam sicut Rachel et Liam quae aedificaverunt domum Israhel ut sit exemplum virtutis in Ephrata et habeat celebre nomen in Bethleem
12 Na Awurade mfa ababaa yi so mma wo asefo a wɔbɛyɛ sɛ yɛn agya Peres a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no.”
fiatque domus tua sicut domus Phares quem Thamar peperit Iudae de semine quod dederit Dominus tibi ex hac puella
13 Enti Boas waree Rut de no kɔɔ ne fi. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.
tulit itaque Booz Ruth et accepit uxorem ingressusque est ad eam et dedit illi Dominus ut conciperet et pareret filium
14 Na kurow no mu mmea ka kyerɛɛ Naomi se, “Anuonyam nka Awurade sɛ nnɛ da yi, wama woanya abusua gyefo! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel.
dixeruntque mulieres ad Noemi benedictus Dominus qui non est passus ut deficeret successor familiae tuae et vocaretur nomen eius in Israhel
15 Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaabere mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Efisɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsen mmabarima ason ma wo no babarima.”
et habeas qui consoletur animam tuam et enutriat senectutem de nuru enim tua natus est quae te diligit et multo tibi est melior quam si septem haberes filios
16 Na Naomi faa akokoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba.
susceptumque Noemi puerum posuit in sinu suo et nutricis ac gerulae officio fungebatur
17 Na mmea a wɔne no bɔ ofipam no kae se, “Afei de Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nena.
vicinae autem mulieres congratulantes ei et dicentes natus est filius Noemi vocaverunt nomen eius Obed hic est pater Isai patris David
18 Tete agya Peres awo ntoatoaso ni: Peres woo Hesron.
hae sunt generationes Phares Phares genuit Esrom
19 Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab.
Esrom genuit Aram Aram genuit Aminadab
20 Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon.
Aminadab genuit Naasson Naasson genuit Salma
21 Salmon woo Boas, na Boas woo Obed.
Salma genuit Booz Booz genuit Obed
22 Obed woo Yisai, na Yisai woo Dawid.
Obed genuit Isai Isai genuit David

< Rut 4 >