< Rut 3 >
1 Da bi Naomi ka kyerɛɛ Rut se, “Me babea, bere adu sɛ mehwehwɛ ofi a wobɛtena mu na wubenya nea ehia wo biara.
One day Ruth’s mother-in-law Naomi said to her, “My daughter, should I not seek a resting place for you, that it may be well with you?
2 Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔe mmoroso sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfo aboaboa atoko ano. Anadwo yi, obehuhuw atoko so wɔ awiporowbea hɔ.
Now is not Boaz, with whose servant girls you have been working, a relative of ours? In fact, tonight he is winnowing barley on the threshing floor.
3 Enti yɛ nea merekyerɛ wo yi. Guare na tutu aduhuam gu wo ho na fa wo ntade pa bi hyɛ. Afei, kɔ awiporowbea hɔ, nanso mma Boas nhu wo kosi sɛ obedidi awie.
Therefore wash yourself, put on perfume, and wear your best clothes. Go down to the threshing floor, but do not let the man know you are there until he has finished eating and drinking.
4 Hwɛ na hu baabi a ɔda hɔ yiye, afei, kɔ na koyi ne nan ho nkataho na da hɔ. Ɔbɛka nea ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.”
When he lies down, note the place where he lies. Then go in and uncover his feet, and lie down, and he will explain to you what you should do.”
5 Rut kae se, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”
“I will do everything you say,” Ruth answered.
6 Enti ɔkɔɔ awiporowbea hɔ anadwo no, na ɔyɛɛ nea nʼase kyerɛɛ no no mu biara.
So she went down to the threshing floor and did everything her mother-in-law had instructed her to do.
7 Boas didi wiee no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atoko mmoano no ho, na ɔfaa mu dae. Rut yɛɛ nwaa koyii ne nan ho nkataho na ɔdaa hɔ.
After Boaz had finished eating and drinking and was in good spirits, he went to lie down at the end of the heap of grain. Then Ruth went in secretly, uncovered his feet, and lay down.
8 Anadwo dasum no, Boas bɔɔ pitiri dan ne ho. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu sɛ ɔbea da ne nan ase.
At midnight, Boaz was startled, turned over, and there lying at his feet was a woman!
9 Obisae se, “Na hena ni?” Obuae se, “Ɛyɛ me wo somfo Rut. Trɛw wo nkataso no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefo.”
“Who are you?” he asked. “I am your servant Ruth,” she replied. “Spread the corner of your garment over me, for you are a kinsman-redeemer.”
10 Na Boas kae se, “Awurade nhyira wo, me babea! Worekyerɛ abusua dɔ a bi mmaa da sɛ woankodi aberantewa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani.
Then Boaz said, “May the LORD bless you, my daughter. You have shown more kindness now than before, because you have not run after the younger men, whether rich or poor.
11 Afei, me babea, mma hwee nhaw wo. Mɛyɛ nea ehia wo nyinaa. Me kurow yi mu nnipa nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea a wudi wo ho ni.
And now do not be afraid, my daughter. I will do for you whatever you request, since all my fellow townspeople know that you are a woman of noble character.
12 Nanso akwanside baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokware turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefo mu baako de, nanso ɔbarima foforo bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani titiriw sen me.
Yes, it is true that I am a kinsman-redeemer, but there is a redeemer nearer than I.
13 Tena ha anadwo yi na sɛ ade kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ obegye wo a, ɛno de ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛno de, ɔkwan biara so, sɛ Awurade te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma ade nkye.”
Stay here tonight, and in the morning, if he wants to redeem you, good. Let him redeem you. But if he does not want to redeem you, as surely as the LORD lives, I will. Now lie here until morning.”
14 Enti Rut daa ne nan ho kosii adekyee nanso ɔsɔree ansa na anim tetew. Na Boas ka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi hu sɛ ɔbea bi bɛdaa awiporowbea ha.”
So she lay down at his feet until morning, but she got up before anyone else could recognize her. Then Boaz said, “Do not let it be known that a woman came to the threshing floor.”
15 Boas toaa so kae se, “Fa wʼatade nguguso no bra na trɛw mu.” Ɔsesaw atoko no susukoraa asia guu mu na ɔboaa no ma ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas san kɔɔ kurow no mu.
And he told her, “Bring the shawl you are wearing and hold it out.” When she did so, he shoveled six measures of barley into her shawl. Then he went into the city.
16 Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, obisaa no se, “Me babea, ekosii dɛn?” Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no no kyerɛɛ Naomi,
When Ruth returned to her mother-in-law, Naomi asked her, “How did it go, my daughter?” Then Ruth told her all that Boaz had done for her.
17 na ɔtoaa so se, “Ɔmaa me atoko susukoraa asia kae se, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’”
And she said, “He gave me these six measures of barley, for he said, ‘Do not go back to your mother-in-law empty-handed.’”
18 Afei, Naomi kae se, “Me ba, twɛn kosi sɛ wubehu nea ebesi. Ɔbarima no renna so kosi sɛ asɛm no besi nnɛ yi ara.”
“Wait, my daughter,” said Naomi, “until you find out how things go, for he will not rest unless he has resolved the matter today.”