< Rut 2 >

1 Ɔbarima ɔdefo a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani.
در بیت‌لحم مرد ثروتمندی به نام بوعز زندگی می‌کرد که از بستگان اِلیمِلِک شوهر نعومی بود.
2 Da koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi se, “Ma menkɔ afuw mu na minkodi obiara a menya nʼanim anuonyam akyi nkɔboaboa atoko ase.” Na Naomi kae se, “Eye, me babea, kɔ.”
روزی روت به نعومی گفت: «اجازه بده به کشتزارها بروم و در زمین کسی که به من اجازهٔ خوشه‌چینی بدهد خوشه‌هایی را که بعد از درو باقی می‌ماند، جمع کنم.» نعومی گفت: «بسیار خوب دخترم، برو.»
3 Enti Rut kɔ kodii atwafo no akyi. Na nea ɛbae ne sɛ, ohuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuw mu.
پس روت به کشتزار رفته، مشغول خوشه‌چینی شد. اتفاقاً کشتزاری که او در آن خوشه می‌چید از آن بوعز، خویشاوند اِلیمِلِک شوهر نعومی بود.
4 Bere a ɔwɔ hɔ no, Boas fi Betlehem bae. Okyiaa atwafo no se, “Awurade ne mo ntena!” Atwafo no gyee so se, “Awurade nhyira wo.”
در این وقت، بوعز از شهر به کشتزار آمد. او به دروگران سلام کرده، گفت: «خداوند با شما باشد.» آنها نیز در جواب گفتند: «خداوند تو را برکت دهد.»
5 Boas bisaa ne sohwɛfo no se, “Ababaa bɛn na ɔwɔ nohɔ hɔ no?”
سپس بوعز از سرکارگرش پرسید: «این زنی که خوشه می‌چیند کیست؟»
6 Sohwɛfo no buae se, “Ɔyɛ ababaa bi a ofi Moab a ɔne Naomi bae.
او جواب داد: «این همان زن موآبی است که همراه نعومی از موآب آمده است.
7 Anɔpa yi ara na obisaa me se, obetumi adi atwafo no akyi aboaboa atoko ano ana? Ɔyɛ nsiyɛfo a bere kakraa bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.”
او امروز صبح به اینجا آمد و از من اجازه گرفت تا به دنبال دروگران خوشه بچیند. از صبح تا حالا مشغول خوشه‌چینی است و فقط کمی زیر سایبان استراحت کرده است.»
8 Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut se, “Me babea tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atoko; nkɔ afuw foforo biara mu. Di mmea a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuw yi mu no akyi pɛɛ.
بوعز پیش روت رفت و به او گفت: «گوش کن دخترم، به کشتزار دیگری نرو، همین‌جا با کنیزان من باش و در کشتراز من به دنبال دروگران خوشه‌چینی کن. به کارگرانم دستور داده‌ام که مزاحم تو نشوند. هر وقت تشنه شدی برو و از کوزه‌های آبِ آنها بنوش.»
9 Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuw no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmerante no kɔkɔ sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, nom nsu a wɔakɔsaw afi abura no mu no bi.”
10 Rut butuwii, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkae se, “Adɛn nti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?”
روت رو بر زمین نهاد و از او تشکر کرد و گفت: «چرا با اینکه می‌دانید من یک بیگانه‌ام، مرا مورد لطف خود قرار می‌دهید؟»
11 Boas buae se, “Nea woayɛ ama wʼase efi wo kunu wu akyi nyinaa no, wɔaka akyerɛ me, sɛ wufii wʼagya ne wo na ne wo man mu na wo ne nnipa a wunnim wɔn wɔ baabiara bɛtenae no.
بوعز جواب داد: «می‌دانم پس از مرگ شوهرت چقدر به مادر شوهرت محبت کرده‌ای و چگونه به خاطر او پدر و مادر و زادگاه خود را ترک کرده و با وی به اینجا آمده‌ای تا در میان قومی زندگی کنی که آنها را نمی‌شناختی.
12 Awurade, Israel Nyankopɔn a woanya guankɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.”
خداوند، پاداش این فداکاری تو را بدهد و از سوی یهوه خدای اسرائیل که زیر بالهایش پناه گرفته‌ای، اجر کامل به تو برسد.»
13 Na ɔno nso kae se, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekye na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamye so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfo no mu baako mpo no.”
روت در پاسخ وی گفت: «سرور من، شما نسبت به من خیلی لطف دارید. من حتی یکی از کنیزان شما نیز به حساب نمی‌آیم ولی با وجود این با سخنانتان مرا دلداری می‌دهید!»
14 Eduu adidibere no, Boas frɛɛ no se, “Bra ma yennidi. Wutumi de wo brodo no bɔ nsa biara a wopɛ mu.” Enti ɔne nʼawitwafo no tenaa ase na Boas maa no aduan sen sɛnea obetumi adi mpo.
وقت نهار، بوعز او را صدا زده، گفت: «بیا غذا بخور.» روت رفت و پیش دروگرها نشست و بوعز خوراکی پیش او گذاشت و روت خورد و سیر شد و از آن خوراکی مقداری نیز باقی ماند.
15 Bere a Rut san kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmerante no se, “Momma no mmoaboa atoko no ano mfi nʼafiafi no mu na munnsiw no kwan.
وقتی روت به سرکارش رفت، بوعز به دروگرانش گفت: «بگذارید او هر جا می‌خواهد خوشه جمع کند حتی در میان بافه‌ها، و مزاحم او نشوید. در ضمن عمداً خوشه‌هایی از بافه‌ها بیرون کشیده، بر زمین بریزید تا او آنها را جمع کند.»
16 Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesaw, na monnhaw no.”
17 Enti Rut sesaw atoko no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporow atoko no saa anwummere no, onyaa bɛyɛ lita aduonu abien.
روت تمام روز در آن کشتزار خوشه‌چینی کرد. غروب، آنچه را که جمع کرده بود کوبید و حدود ده کیلو جو به دست آمد.
18 Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduan a ogyaw no maa no.
او آن را با باقیماندهٔ خوراک ظهر برداشته به شهر پیش مادرشوهرش برد.
19 Naomi hui no, ɔteɛɛ mu se, “Ɛdɔɔso yiye! Na ɛhe na nnɛ woboaboaa saa atoko yi nyinaa ano fi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira nea ɔboaa wo no!” Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kae se, “Nea meyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no, wɔfrɛ no Boas.”
نعومی گفت: «دخترم، امروز در کجا خوشه‌چینی کردی؟ خدا به آن کسی که به تو توجه نموده است برکت دهد.» روت همهٔ ماجرا را برای مادرشوهرش تعریف کرد و گفت که نام صاحب کشتزار بوعز است.
20 Naomi ka kyerɛɛ nʼase no se, “Awurade nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawu no nʼayamye. Saa ɔbarima no yɛ abusuafo a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ogyefo baako.”
نعومی به عروس خود گفت: «خداوند او را برکت دهد! خداوند به شوهر مرحوم تو احسان نموده و لطف خود را از ما دریغ نداشته است. آن شخص از بستگان نزدیک ماست که می‌تواند ولی ما باشد.»
21 Rut kae se, “Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me se, mensan mmra na me ne nʼawitwafo no mmɛtena nkosi bere a wobewie otwa no.”
روت به مادرشوهرش گفت: «او به من گفت که تا پایان فصل درو می‌توانم در کشتزارش به دنبال دروگرانش خوشه‌چینی کنم.»
22 Naomi teɛɛ mu se, “Anwonwasɛm ni! Yɛ nea ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfo no ntena nkosi sɛ wobewie otwa no. Wʼasom bedwo wo wɔ hɔ sen afuw biara mu.”
نعومی گفت: «بله دخترم، بهتر است با کنیزان بوعز خوشه‌چینی کنی. برای تو کشتزار بوعز از هر جای دیگری امن‌تر است.»
23 Enti Rut ne mmea a wɔwɔ Boas afum hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atoko no ano kosii atokotwa no awiei. Afei, ɔne wɔn twaa awi nso. Nanso saa bere no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.
پس روت تا پایان فصل درو جو و گندم نزد کنیزان بوعز به خوشه‌چینی مشغول شد. او همچنان با مادرشوهرش زندگی می‌کرد.

< Rut 2 >