< Romafo 9 >

1 Mereka nokware sɛ Okristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanse kyerɛ me sɛ minni atoro.
ⲁ̅ⲟⲩⲙⲉ ⲧⲉϯϫⲱ ⲙⲙⲟⲥ ϩⲙ ⲡⲉⲭⲥ ⲛϯϫⲓϭⲟⲗ ⲁⲛ ⲉⲥⲣⲙⲛⲧⲣⲉ ⲛⲙⲙⲁⲓ ⲛϭⲓ ⲧⲁⲥⲩⲛⲓⲇⲏⲥⲓⲥ ϩⲙ ⲟⲩⲡⲛⲁ ⲉϥⲟⲩⲁⲁⲃ
2 Midi awerɛhow na mete daa yaw wɔ me koma mu ma me nkurɔfo.
ⲃ̅ϫⲉ ⲟⲩⲛ ⲟⲩⲛⲟϭ ⲛⲗⲩⲡⲏ ⲛⲙⲙⲁⲓ ⲙⲛ ⲟⲩⲙⲕⲁϩ ⲛϩⲏⲧ ⲛⲁⲧⲱϫⲛ ϩⲙ ⲡⲁϩⲏⲧ
3 Wɔn nti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔtew me fi Kristo ho.
ⲅ̅ⲛⲉⲓϣⲗⲏⲗ ⲅⲁⲣ ⲁⲛⲟⲕ ⲡⲉ ⲉⲧⲣⲁϣⲱⲡⲉ ⲛⲧⲥⲧⲉⲃⲟⲗ ⲛⲧⲙ ⲡⲉⲭⲥ ⲛⲛⲁϩⲣⲙ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϩⲁ ⲛⲁⲥⲛⲏⲩ ⲛⲁⲥⲩⲅⲅⲉⲛⲏⲥ ⲕⲁⲧⲁ ⲥⲁⲣⲝ
4 Wɔyɛ Onyankopɔn manfo a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asan atena nʼanuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɔkwan pa a wɔfa so som maa wɔn nsa kaa bɔhyɛ no.
ⲇ̅ⲉⲧⲉ ⲛⲁⲓ ⲛⲉ ⲛⲓⲥⲣⲁⲏⲗⲓⲧⲏⲥ ⲛⲁⲓ ⲉⲧⲉⲧⲱⲟⲩ ⲧⲉ ⲧⲙⲛⲧϣⲏⲣⲉ ⲙⲛ ⲡⲉⲟⲟⲩ ⲙⲛ ⲧⲇⲓⲁⲑⲏⲕⲏ ⲙⲛ ⲧⲛⲟⲙⲟⲑⲉⲥⲓⲁ ⲙⲛ ⲡϣⲙϣⲉ ⲁⲩⲱ ⲛⲉⲣⲏⲧ
5 Wɔyɛ tete agyanom asefo, na esiane sɛ Kristo baa onipasu mu nti ɔyɛ wɔn aseni. Ayeyi nka Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfo no daadaa. Amen. (aiōn g165)
ⲉ̅ⲛⲁⲓ ⲉⲧⲉⲛⲟⲩⲟⲩ ⲛⲉ ⲛⲉⲓⲟⲧⲉ ⲁⲩⲱ ⲛⲧⲁⲡⲉⲭⲥ ⲉⲓ ⲉⲃⲟⲗ ⲛϩⲏⲧⲟⲩ ⲕⲁⲧⲁ ⲥⲁⲣⲝ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲉⲧϩⲓϫⲛ ⲟⲩⲟⲛ ⲛⲓⲙ ⲡⲉⲧⲥⲙⲁⲙⲁⲁⲧ ϣⲁ ⲛⲓⲉⲛⲉϩ ϩⲁⲙⲏⲛ (aiōn g165)
6 Menka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, efisɛ ɛnyɛ Israelfo nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfo.
ⲋ̅ⲟⲩⲭ ⲟⲓⲟⲛ ⲇⲉ ϫⲉ ⲛⲧⲁϥϩⲉ ⲛϭⲓ ⲡϣⲁϫⲉ ⲙⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲟⲩⲟⲛ ⲅⲁⲣ ⲛⲓⲙ ⲁⲛ ⲉⲛⲧⲁⲩⲉⲓ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ ⲡⲓⲥⲣⲁⲏⲗ ⲛⲁⲓ ⲛⲉ ⲡⲓⲥⲣⲁⲏⲗ
7 Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛw.”
ⲍ̅ⲟⲩⲇⲉ ϫⲉ ϩⲉⲛⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ ⲡⲉⲥⲡⲉⲣⲙⲁ ⲛⲁⲃⲣⲁϩⲁⲙ ⲛⲉ ϩⲉⲛϣⲏⲣⲉ ⲧⲏⲣⲟⲩ ⲛⲉ ⲁⲗⲗⲁ ϩⲛ ⲓⲥⲁⲁⲕ ⲉⲩⲛⲁⲙⲟⲩⲧⲉ ⲛⲁⲕ ⲉⲩⲥⲡⲉⲣⲙⲁ
8 Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo.
ⲏ̅ⲉⲧⲉ ⲡⲁⲓ ⲡⲉ ϫⲉ ⲛϣⲏⲣⲉ ⲁⲛ ⲛⲧⲥⲁⲣⲝ ⲛⲁⲓ ⲛⲉ ⲛϣⲏⲣⲉ ⲙⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲁⲗⲗⲁ ⲛϣⲏⲣⲉ ⲙⲡⲉⲣⲏⲧ ⲛⲉⲧⲟⲩⲛⲁⲟⲡⲟⲩ ⲉⲡⲉⲥⲡⲉⲣⲙⲁ
9 Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka se, “Ampa ara, mɛsan aba wo nkyɛn bio bere a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.
ⲑ̅ⲡⲉⲓϣⲁϫⲉ ⲅⲁⲣ ⲡⲁ ⲡⲉⲣⲏⲧ ⲡⲉ ϫⲉ ϯⲛⲏⲩ ⲕⲁⲧⲁ ⲡⲓⲟⲩⲟⲉⲓϣ ⲛⲧⲉ ⲟⲩϣⲏⲣⲉ ϣⲱⲡⲉ ⲛⲥⲁⲣⲣⲁ
10 Ɛnyɛ eyi nko. Rebeka mma baanu no nyinaa fii agya koro a ɔne yɛn agya Isak.
ⲓ̅ⲟⲩ ⲙⲟⲛⲟⲛ ⲇⲉ ⲁⲗⲗⲁ ⲧⲕⲉϩⲣⲉⲃⲉⲕⲕⲁ ⲉⲁⲥϫⲓ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ ⲡⲙⲁ ⲛⲛⲕⲟⲧⲕ ⲛⲟⲩⲁ ⲡⲉⲛⲉⲓⲱⲧ ⲓⲥⲁⲁⲕ
11 Na sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no nti,
ⲓ̅ⲁ̅ⲉⲙⲡⲁⲧⲟⲩϫⲡⲟⲟⲩ ⲟⲩⲇⲉ ⲙⲡⲁⲧⲟⲩⲣϩⲱⲃ ⲛⲁⲅⲁⲑⲟⲛ ⲏ ⲙⲡⲉⲑⲟⲟⲩ ϫⲉⲕⲁⲥ ⲉⲣⲉⲡⲧⲱϣ ⲛⲧⲉ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲕⲁⲧⲁ ⲟⲩⲙⲛⲧⲥⲱⲧⲡ ⲙⲟⲩⲛ ⲉⲃⲟⲗ
12 ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanyin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa eyi ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛe so,
ⲓ̅ⲃ̅ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ ⲛⲉϩⲃⲏⲩⲉ ⲁⲛ ⲁⲗⲗⲁ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ ⲡⲉⲧⲧⲱϩⲙ ⲁⲩϫⲟⲟⲥ ⲛⲁⲥ ϫⲉ ⲡⲛⲟϭ ⲛⲁⲣϩⲙϩⲁⲗ ⲙⲡⲕⲟⲩⲓ
13 sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Medɔɔ Yakob na metan Esau” no.
ⲓ̅ⲅ̅ⲕⲁⲧⲁ ⲑⲉ ⲉⲧⲥⲏϩ ϫⲉ ⲓⲁⲕⲱⲃ ⲁⲓⲙⲉⲣⲓⲧϥ ⲏⲥⲁⲩ ⲇⲉ ⲁⲓⲙⲉⲥⲧⲱϥ
14 Afei asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana? Dabi da!
ⲓ̅ⲇ̅ⲟⲩ ϭⲉ ⲡⲉⲧⲛⲛⲁϫⲟⲟϥ ⲙⲏ ⲟⲩⲛϫⲓ ⲛϭⲟⲛⲥ ⲛⲛⲁϩⲣⲙ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲛⲛⲉⲥϣⲱⲡⲉ
15 Efisɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ sɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe.”
ⲓ̅ⲉ̅ϣⲁϥϫⲟⲟⲥ ⲅⲁⲣ ⲙⲙⲱⲩⲥⲏⲥ ϫⲉ ϯⲛⲁⲛⲁ ⲙⲡⲉ ϯⲛⲁⲛⲁ ⲛⲁϥ ⲧⲁϣⲛϩⲧⲏⲓ ϩⲁ ⲡⲉϯⲛⲁϣⲛϩⲧⲏⲓ ϩⲁⲣⲟϥ
16 Eyi kyerɛ sɛ, ennyina nea obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom egyina Onyankopɔn ahummɔbɔ so.
ⲓ̅ⲋ̅ⲁⲣⲁ ϭⲉ ⲙⲡⲁ ⲡⲉⲧⲟⲩⲱϣ ⲁⲛ ⲡⲉ ⲟⲩⲇⲉ ⲙⲡⲁ ⲡⲉⲧⲡⲏⲧ ⲁⲛ ⲡⲉ ⲁⲗⲗⲁ ⲡⲁ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲉⲧⲛⲁ ⲡⲉ
17 Kyerɛwsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao se, “Eyi ara nti na misii wo hene nam so daa me tumi adi, sɛnea ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ mmaa nyinaa.”
ⲓ̅ⲍ̅ϣⲁⲣⲉ ⲧⲉⲅⲣⲁⲫⲏ ⲅⲁⲣ ϫⲟⲟⲥ ⲙⲫⲁⲣⲁⲱ ϫⲉ ⲉⲧⲃⲉ ⲡⲁⲓ ⲁⲓⲧⲟⲩⲛⲟⲥⲕ ϫⲉ ⲉⲓⲉⲟⲩⲉⲛϩ ⲧⲁϭⲟⲙ ⲉⲃⲟⲗ ⲛϩⲏⲧⲕ ⲁⲩⲱ ϫⲉ ⲉⲩⲉϫⲱ ⲙⲡⲁⲣⲁⲛ ϩⲙ ⲡⲕⲁϩ ⲧⲏⲣϥ
18 Ɛno de, Onyankopɔn hu nea ɔpɛ sɛ ohu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa.
ⲓ̅ⲏ̅ⲁⲣⲁ ϭⲉ ⲡⲉⲧϥⲟⲩⲁϣϥ ⲡⲉϣⲁϥⲛⲁ ⲛⲁϥ ⲁⲩⲱ ⲡⲉⲧϥⲟⲩⲁϣϥ ϣⲁϥϯⲛϣⲟⲧ ⲛⲁϥ
19 Afei obi bebisa se, “Sɛ yentumi nsiw Onyankopɔn pɛ ho kwan a, adɛn nti na ɔbɔ yɛn sobo?”
ⲓ̅ⲑ̅ⲕⲛⲁϫⲟⲟⲥ ϭⲉ ⲛⲁⲓ ϫⲉ ⲁϩⲣⲟϥ ϥϭⲛⲁⲣⲓⲕⲉ ⲛⲓⲙ ⲅⲁⲣ ⲡⲉⲛⲧⲁϥⲁϩⲉⲣⲁⲧϥ ⲟⲩⲃⲉ ⲡⲉϥⲟⲩⲱϣ
20 Onua, wone hena a wubetumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kuku mmisa ne nwemfo se, “Adɛn nti na wonwen me sɛɛ?”
ⲕ̅ⲱ ⲡⲣⲱⲙⲉ ⲛⲧⲕ ⲛⲓⲙ ϩⲱⲱϥ ⲉⲟⲩⲱϣⲃ ⲟⲩⲃⲉ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲙⲏ ⲡⲉⲡⲗⲁⲥⲙⲁ ⲛⲁϫⲟⲟⲥ ⲙⲡⲉⲛⲧⲁϥⲡⲗⲁⲥⲥⲉ ⲙⲙⲟϥ ϫⲉ ⲁϩⲣⲟⲕ ⲁⲕⲧⲁⲙⲓⲟⲓ ⲛⲧⲉⲓϩⲉ
21 Ɔnwemfo no wɔ ho kwan sɛ ɔde dɔte no nwen nea ɔpɛ biara. Otumi nwen nkuku abien fi dɔte mu, na ɔde mu baako adi dwuma titiriw bi, na ɔde baako no nso ayɛ nea ɔpɛ biara.
ⲕ̅ⲁ̅ⲏ ⲙⲛⲧⲉ ⲡⲕⲉⲣⲁⲙⲉⲩⲥ ⲧⲉⲝⲟⲩⲥⲓⲁ ⲉⲧⲁⲙⲓⲟ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ ⲡⲓⲟⲙⲉ ⲛⲟⲩⲱⲧ ⲛⲟⲩϩⲛⲁⲁⲩ ⲉⲩⲧⲁⲉⲓⲟ ⲕⲉⲟⲩⲁ ⲇⲉ ⲉⲩⲥⲱϣ
22 Saa ara na ade biara a Onyankopɔn ayɛ no te. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuw adi na ɔma wohu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ofi nʼabufuwhyew mu rebɛsɛe wɔn no.
ⲕ̅ⲃ̅ⲉϣϫⲉ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲇⲉ ⲉϥⲟⲩⲱϣ ⲉⲟⲩⲱⲛϩ ⲉⲃⲟⲗ ⲛⲧⲉϥⲟⲣⲅⲏ ⲁⲩⲱ ⲉⲧⲁⲙⲟⲛ ⲉⲧⲉϥϭⲟⲙ ⲁϥⲉⲓⲛⲉ ϩⲛ ⲟⲩⲛⲟϭ ⲙⲙⲛⲧϩⲁⲣϣϩⲏⲧ ⲛϩⲉⲛⲥⲕⲉⲩⲏ ⲛⲟⲣⲅⲏ ⲉⲩⲥⲃⲧⲱⲧ ⲉⲡⲧⲁⲕⲟ
23 Ɔyɛɛ eyi de kyerɛɛ sɛnea nʼanuonyam no te, bere a onyaa ayamhyehye maa wɔn a wayi wɔn dedaw sɛ wɔmmɛyɛ nʼanuonyam no fafafo.
ⲕ̅ⲅ̅ϫⲉ ⲉϥⲉⲟⲩⲱⲛϩ ⲉⲃⲟⲗ ⲛⲧⲙⲛⲧⲣⲙⲙⲁⲟ ⲙⲡⲉϥⲉⲟⲟⲩ ⲉϫⲛ ϩⲉⲛⲥⲕⲉⲩⲏ ⲛⲛⲁ ⲛⲁⲓ ⲉⲛⲧⲁϥⲥⲃⲧⲱⲧⲟⲩ ϫⲓⲛ ⲛϣⲟⲣⲡ ⲉⲡⲉⲟⲟⲩ
24 Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn fii Yudafo mu nko ara, na mmom amanamanmufo nso.
ⲕ̅ⲇ̅ⲛⲁⲓ ⲟⲛ ⲉⲛⲧⲁϥⲧⲁϩⲙⲟⲩ ⲁⲛⲟⲛ ⲟⲩ ⲙⲟⲛⲟⲛ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ ⲛⲓⲟⲩⲇⲁⲓ ⲁⲗⲗⲁ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ ⲛⲕⲉϩⲉⲑⲛⲟⲥ
25 Wɔka wɔ Hosea nhoma mu se, “Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfo no ‘me nkurɔfo,’ na nea ɔnyɛ me dɔfo no mɛfrɛ no ‘me dɔfo,’”
ⲕ̅ⲉ̅ⲛⲑⲉ ⲟⲛ ⲉϣⲁϥϫⲟⲟⲥ ⲛⲱⲥⲏⲉ ϫⲉ ϯⲛⲁⲙⲟⲩⲧⲉ ⲉⲡⲉⲧⲉⲙⲡⲁⲗⲁⲟⲥ ⲁⲛ ⲡⲉ ϫⲉ ⲡⲁⲗⲁⲟⲥ ⲁⲩⲱ ⲧⲁⲙⲉⲣⲓⲧ ⲁⲛ ϫⲉ ⲧⲁⲙⲉⲣⲓⲧ
26 na “Beae koro no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn se ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’”
ⲕ̅ⲋ̅ⲛⲥϣⲱⲡⲉ ϩⲙ ⲡⲙⲁ ⲉⲛⲧⲁⲩϫⲟⲟⲥ ⲛⲁⲩ ϫⲉ ⲛⲧⲉⲧⲛ ⲡⲁⲗⲁⲟⲥ ⲁⲛ ⲥⲉⲛⲁⲙⲟⲩⲧⲉ ⲉⲣⲟⲟⲩ ⲙⲙⲁⲩ ϫⲉ ⲛϣⲏⲣⲉ ⲙⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲉⲧⲟⲛϩ
27 Na Yesaia dii Israelfo ho yaw sɛ, “Sɛ Israelfo dɔɔso sɛ mpoano nwea mpo a, wɔn mu kakraa bi na wobegye wɔn nkwa.
ⲕ̅ⲍ̅ⲏⲥⲁⲓⲁⲥ ⲇⲉ ϫⲓϣⲕⲁⲕ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲁ ⲡⲓⲥⲣⲁⲏⲗ ϫⲉ ⲉⲣϣⲁⲛⲧⲏⲡⲉ ⲛⲛϣⲏⲣⲉ ⲙⲡⲓⲥⲣⲁⲏⲗ ⲣⲑⲉ ⲙⲡϣⲱ ⲛⲑⲁⲗⲁⲥⲥⲁ ⲟⲩϣⲱϫⲡ ⲡⲉⲧⲛⲁⲟⲩϫⲁⲓ
28 Efisɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛnea ɛte biara no, ɔbɛyɛ nea wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.”
ⲕ̅ⲏ̅ⲟⲩϣⲁϫⲉ ⲅⲁⲣ ⲉϥϫⲱⲕ ⲉⲃⲟⲗ ⲁⲩⲱ ⲉϥϣⲱⲱⲧ ⲡⲉⲧⲉⲣⲉ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲛⲁⲁⲁϥ ϩⲓϫⲙ ⲡⲕⲁϩ
29 Yesaia nso kae se, “Sɛ Asafo Awurade annyaw yɛn asefo a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.”
ⲕ̅ⲑ̅ⲕⲁⲧⲁ ⲑⲉ ⲟⲛ ⲉⲛⲧⲁ ⲏⲥⲁⲓⲁⲥ ϫⲟⲟⲥ ϫⲉ ⲛⲥⲁⲃⲏⲗ ϫⲉ ⲁⲡϫⲟⲉⲓⲥ ⲥⲁⲃⲁⲱⲑ ϣⲱϫⲡ ⲛⲁⲛ ⲛⲟⲩⲥⲡⲉⲣⲙⲁ ⲛⲉⲛⲛⲁϣⲱⲡⲉ ⲡⲉ ⲛⲑⲉ ⲛⲥⲟⲇⲟⲙⲁ ⲛⲧⲛⲉⲓⲛⲉ ⲛⲅⲟⲙⲟⲣⲣⲁ
30 Afei asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufo a wɔanhwehwɛ trenee akyi kwan no nam gyidi so yɛɛ atreneefo;
ⲗ̅ⲉⲛⲛⲁϫⲟⲟⲥ ϭⲉ ϫⲉ ⲟⲩ ϫⲉ ⲛϩⲉⲑⲛⲟⲥ ⲉⲧⲉⲛⲥⲉⲡⲏⲧ ⲁⲛ ⲛⲥⲁ ⲧⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩⲛⲏ ⲁⲩⲧⲁϩⲉⲧ ⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩⲛⲏ ⲧⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩⲛⲏ ⲇⲉ ⲧⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ ⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ
31 Nanso Israelfo a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so no bɛsɔ Onyankopɔn ani mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu.
ⲗ̅ⲁ̅ⲡⲓⲥⲣⲁⲏⲗ ⲇⲉ ⲉϥⲡⲏⲧ ⲛⲥⲁ ⲡⲛⲟⲙⲟⲥ ⲛⲧⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩⲛⲏ ⲙⲡϥⲧⲁϩⲉ ⲡⲛⲟⲙⲟⲥ
32 Adɛn nti na ɛbaa saa? Efisɛ wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so sɔ Onyankopɔn ani, nanso anka ɛsɛ sɛ wonya gyidi wɔ Onyankopɔn mu mmom. Wohintiw “hintibo” no.
ⲗ̅ⲃ̅ⲉⲧⲃⲉ ⲟⲩ ϫⲉ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ ⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ ⲁⲛ ⲁⲗⲗⲁ ϩⲱⲥ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ ⲛⲉϩⲃⲏⲟⲩⲉ ⲁⲩⲱ ⲁⲩϫⲱⲣⲡ ⲉⲡⲱⲛⲉ ⲛϫⲣⲟⲡ
33 Sɛnea wɔakyerɛw se, “Hwɛ, Mede ɔbo a ɛma nnipa hintiw ato Sion ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase, na nea ɔde ne ho to no so no anim rengu ase da.”
ⲗ̅ⲅ̅ⲕⲁⲧⲁ ⲑⲉ ⲉⲧⲥⲏϩ ϫⲉ ⲉⲓⲥ ϩⲏⲏⲧⲉ ϯⲛⲁⲕⲱ ϩⲛ ⲥⲓⲱⲛ ⲛⲟⲩⲱⲛⲉ ⲛϫⲣⲟⲡ ⲙⲛ ⲟⲩⲡⲉⲧⲣⲁ ⲛⲥⲕⲁⲛⲇⲁⲗⲟⲛ ⲁⲩⲱ ⲡⲉⲧⲛⲁⲡⲓⲥⲧⲉⲩⲉ ⲉⲣⲟϥ ⲛϥⲛⲁϫⲓϣⲓⲡⲉ ⲁⲛ

< Romafo 9 >