< Romafo 8 >

1 Enti afɔbu nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu,
Ngakho khathesi kakukho ukulahlwa kubo abakuKristu Jesu, abangahambi ngokwenyama, kodwa ngokoMoya.
2 efisɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a efi Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afi mmara a ɛde owu ba.
Ngoba umthetho woMoya wempilo kuKristu Jesu ungikhulule emthethweni wesono lowokufa.
3 Esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ nea Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔre maa yɛn, na obebuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne.
Ngoba lokho umthetho owawungekwenze, ngoba ubuthakathaka ngenyama, uNkulunkulu ethuma eyakhe iNdodana ekufananeni kwenyama elesono, njalo ithunyelwe isono, walahla isono enyameni;
4 Onyankopɔn yɛɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛde ama yɛn, yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnantew honhom mu no.
ukuze ukulunga komthetho kugcwaliswe kithi, esingahambi ngokwenyama kodwa ngokukaMoya.
5 Wɔn a ɔhonam mmerɛwyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom de.
Ngoba bona abangokwenyama banakana izinto zenyama; kodwa abangokoMoya izinto zikaMoya.
6 Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛwyɛ adwene no bewu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no benya nkwa ne asomdwoe.
Ngoba ukuzindla kwenyama kuyikufa; kodwa ukuzindla kukaMoya kuyimpilo lokuthula;
7 Adwene a ɛdwene ɔhonam mu no tan Onyankopɔn, efisɛ ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi.
ngoba ukuzindla kwenyama kuyibutha kuNkulunkulu; ngoba kakuzehliseli ngaphansi komthetho kaNkulunkulu, ngoba kungekwenze;
8 Wɔn a wodwen ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.
lalabo abasenyameni kabalakumthokozisa uNkulunkulu.
9 Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ ɔhonam mmrɛwyɛ na edi mo so. Na sɛ obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea.
Lina-ke alisenyameni, kodwa likuMoya, uba phela uMoya kaNkulunkulu ehlala kini. Uba-ke umuntu engelaye uMoya kaKristu, lowo kayisuye owakhe.
10 Ɛwɔ mu sɛ bɔne bɛma mo nipadua yi awu de, nanso sɛ Kristo te mo mu a, ne trenee nti mo honhom te ase.
Uba-ke uKristu ekini, umzimba ufile ngenxa yesono, kodwa umoya uyimpilo ngenxa yokulunga.
11 Sɛ Onyankopɔn Honhom a onyan Yesu fii awufo mu no te mo mu a, ɛno de, nea onyan Kristo fii awufo mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa.
Njalo uba uMoya walowo owavusa uJesu kwabafileyo ehlala kini, yena owavusa uKristu kwabafileyo uzaphilisa lemizimba yenu efayo, ngoMoya wakhe ohlala kini.
12 Enti anuanom, yɛwɔ asodi bi, nanso yɛnyɛ mma ɔhonam no sɛnea ɔpɛ.
Ngakho, bazalwane, silomlandu, kungeyisikho enyameni, ukuthi siphile ngokwenyama;
13 Sɛ motena ase ma ɔhonam a, mubewu. Nanso sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mubenya nkwa.
ngoba uba liphila ngokwenyama, lizakufa; kodwa uba libulala imisebenzi yomzimba ngoMoya, lizaphila.
14 Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma.
Ngoba bonke abakhokhelwa nguMoya kaNkulunkulu, bona bangabantwana bakaNkulunkulu.
15 Efisɛ moannya honhom a ɛma mo yɛ nkoa bio ma osuro, na mmom moanya mmayɛ Honhom na yɛnam ne so su se, “Abba, Agya!”
Ngoba kalemukelanga umoya wobugqili ukuze libuye lesabe, kodwa lemukele umoya wokuma kwabantwana, esimemeza ngawo sisithi: Abha, Baba!
16 Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.
UMoya uqobo ufakazelana kanye lomoya wethu, ukuthi singabantwana bakaNkulunkulu;
17 Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma nti yɛyɛ adedifo; Onyankopɔn adedifo a yɛne Kristo wɔ kyɛfa wɔ mu, nanso gye sɛ yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanuonyam no.
njalo uba singabantwana, siyizindlalifa futhi; izindlalifa zikaNkulunkulu, lezindlalifa kanye loKristu; uba phela sihlupheka kanye laye, ukuze lathi sidunyiswe kanye laye.
18 Minim sɛ amane a yɛrehu no saa bere yi nyɛ nea wɔde toto anuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho.
Ngoba ngithi inhlupheko zalesisikhathi kazilakulinganiswa lenkazimulo ezakwembulwa kithi.
19 Abɔde nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no kwan.
Ngoba ukulangatha kokudaliweyo kulindele ukwembulwa kwabantwana bakaNkulunkulu.
20 Efisɛ bere a emfi abɔde pɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔde fɔ sɛ ɛnnan ade hunu. Nanso na saa anidaso yi wɔ hɔ
Ngoba okudaliweyo kwehliselwa ngaphansi kobuze, kungeyisikho ngokuthanda, kodwa ngenxa yalowo owakwehliselayo; ethembeni
21 sɛ, da bi, abɔde no bɛde ne ho afi nkoayɛ ne ɔporɔw mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadi mu anuonyam.
lokuthi lalokho okudaliweyo kuzakhululwa ebugqilini bokubhubha kuze kube senkululekweni yenkazimulo yabantwana bakaNkulunkulu.
22 Yenim sɛ ebesi saa bere yi abɔde nyinaa pene sɛ ɔpemfo a awo aka no.
Ngoba siyazi ukuthi konke okudaliweyo kuyabubula kanyekanye kuyahelelwa kuze kube khathesi.
23 Nanso ɛnyɛ abɔde nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛde no nso si apini bere a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho wɔ ɔhonam fam nso.
Kakusikho lokhu kuphela, kodwa lathi uqobo lwethu esilengqabutho yesithelo sikaMoya, lathi uqobo siyabubula ngaphakathi kwethu, silindele ukuma kwabantwana, uhlengo lomzimba wethu.
24 Na wɔnam saa anidaso yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yehu nea yɛn ani da so no de a, na ɛnyɛ anidaso bio. Na hena na nʼani tumi da ade a ɔwɔ dedaw so?
Ngoba sisindiswa ngethemba; kodwa ithemba elibonwayo kayisilo ithemba; ngoba lokho umuntu akubonayo, ukuthembelani futhi?
25 Na sɛ yɛn ani da ade a yɛn nsa nkae so a, yɛde boasetɔ twɛn.
Kodwa uba sithemba lokho esingakuboniyo, sikulindela ngokubekezela.
26 Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ, yennim ɔkwan a wɔfa so bɔ mpae sɛnea ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisi de nsɛm a enni kabea di ma yɛn.
Ngokunjalo loMoya uyasiza ubuthakathaka bethu; ngoba kasikwazi esikukhulekelayo njengokufaneleyo, kodwa uMoya uqobo usincengela ngokububula okungelakuphumisela;
27 Onyankopɔn a ohu nnipa koma mu no nim Honhom no nsusuwii, efisɛ Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim.
yena-ke ohlola izinhliziyo uyakwazi lokho okuyingqondo kaMoya, ngoba uncengela abangcwele ngokwentando kaNkulunkulu.
28 Yenim sɛ ade nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ewie wɔn yiye. Edi boa wɔn a ɔnam nʼatirimpɔw so afrɛ wɔn.
Njalo siyazi ukuthi izinto zonke zisebenzelana okuhle kulabo abamthandayo uNkulunkulu, ababiziweyo ngokwecebo lakhe.
29 Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dedaw no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan.
Ngoba labo abazi ngaphambili, wabamisa labo ngaphambili ukuthi bafanane lesimo seNdodana yakhe, ukuze yona ibe lizibulo phakathi kwezelamani ezinengi;
30 Onyankopɔn frɛɛ wɔn a oyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a oyii wɔn no, obuu wɔn bem. Na wɔn a obuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn anuonyam nso.
lalabo abamisayo ngaphambili, bona labo wababiza; lalabo ababizayo, bona labo wabalungisisa; lalabo abalungisisayo, bona labo wabapha inkazimulo.
31 Afei, asɛm bɛn; dɛn na yɛbɛka afa eyinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?
Pho-ke sizakuthini kulezizinto? Uba uNkulunkulu engowethu, ngubani omelana lathi?
32 Nea wankame nʼankasa ne Ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?
Yena ongazange ayigodle eyakhe iNdodana, kodwa wayinikelela thina sonke, uzayekela njani ukusinika ngesihle konke kanye layo?
33 Hena na obebu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na obu bem.
Ngubani ozababeka icala abakhethiweyo bakaNkulunkulu? NguNkulunkulu olungisisayo;
34 Hena na obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na wonyan no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn wɔ Onyankopɔn anim no.
ngubani olahlayo? NguKristu owafayo, njalo ikakhulu owavuswayo, ongakwesokunene sikaNkulunkulu, losikhulekelayo.
35 Hena na obetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa owu na ebetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no ana?
Ngubani ozasehlukanisa lothando lukaKristu? Ukuhlupheka, kumbe usizi, kumbe ukuzingelwa, kumbe indlala, kumbe ubuze, kumbe ingozi, kumbe inkemba yini?
36 Dabi da! Wɔakyerɛw se, “Wo nti wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.”
Njengokulotshiweyo ukuthi: Ngenxa yakho siyabulawa usuku lonke; kuthiwa sinjengezimvu zokuhlatshwa.
37 Nanso eyinom nyinaa mu no, yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.
Kanti kulezizinto zonke sedlula abanqobi ngaye owasithandayo.
38 Migye di ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi
Ngoba ngileqiniso ukuthi kayisikho ukufa lempilo lezingilosi lababusi lamandla lezinto ezikhona lezinto ezizayo
39 anaa ɔsoro anaa fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛn ne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.
lobude lokutshona laloba yisiphi isidalwa okuzakuba lamandla okusehlukanisa lothando lukaNkulunkulu olukuKristu Jesu iNkosi yethu.

< Romafo 8 >