< Romafo 7 >

1 Me nuanom, munim sɛ esiane sɛ mo nyinaa nim mmara no nti, mote nea mepɛ sɛ meka no ase sɛ; mmere dodow a onipa te ase no, mmara di ne so ana?
Are you ignorant, brothers—for to those knowing law I speak—that the law has lordship over the man as long as he lives?
2 Te sɛ ɔbea warefo, mmere dodow a okunu no te ase no de, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu de a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio.
For the married woman to the living husband has been bound by law, and if the husband may die, she has been free from the law of the husband;
3 Ɛno nti sɛ ɔkɔ ɔbarima foforo ho wɔ bere a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ ne kunu no wu a na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio; ɛno nti sɛ ɔware ɔbarima foforo a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo.
so then, the husband being alive, she will be called an adulteress if she may become another man’s; and if the husband may die, she is free from the law, so as not to be an adulteress, having become another man’s.
4 Afei me nuanom, mo nso, Kristo wu a owui nti moawu afi mmara no tumi ase. Ne saa nti, mone ɔno a wonyan no fii awufo mu abom sɛnea mobetumi asom Onyankopɔn.
So that, my brothers, you also were made dead to the law through the body of the Christ, for your becoming another’s, who was raised up out of the dead, that we might bear fruit to God;
5 Bere a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyan yɛn wɔ yɛn mu ma yɛyɛɛ adwuma maa owu.
for when we were in the flesh, the passions of sins, that [are] through the Law, were working in our members, to bear fruit to death;
6 Afei de, yɛnhyɛ mmara biara ase efisɛ yewu fii nea ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafo no ase. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara a wɔakyerɛw no dedaw ase bio, na mmom yɛnam honhom foforo kwan so na ɛsom.
and now we have ceased from the Law, that being dead in which we were held, so that we may serve in newness of spirit, and not in oldness of letter.
7 Enti asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne ana? Dabi da! Mmom, ɛnam mmara so na mihuu sɛnea bɔne te. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi ade” a, anka minnim anibere.
What, then, will we say? The Law [is] sin? Let it not be! But I did not know sin except through law, for also the covetousness I had not known if the Law had not said:
8 Bɔne nyaa kwan nam mmara nsɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahorow bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi.
“You will not covet”; and sin having received an opportunity, through the command, worked in me all covetousness—for apart from law sin is dead.
9 Ansa na mehu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no bae no, metee bɔne ase, na miwui.
And I was alive apart from law once, and the command having come, sin revived, and I died;
10 Mihuu sɛ mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no, de owu bae.
and the command that [is] for life, this was found by me for death;
11 Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa kwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so maa bɔne kum me.
for sin, having received an opportunity, through the command, deceived me, and through it, slew [me],
12 Nanso mmara no yɛ kronkron; na Mmaransɛm no nso yɛ kronkron, ɛteɛ na eye nso.
so that the Law, indeed, [is] holy, and the command holy, and righteous, and good.
13 Ade a eye no bɛyɛɛ owu maa me ana? Dabi da! Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa nea eye so de owu brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me huu sɛ bɔne yɛ ade a ɛyɛ hu.
That which is good then, has it become death to me? Let it not be! But sin, that it might appear sin, through the good, working death to me, that sin might become exceedingly sinful through the command.
14 Yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne.
For we have known that the Law is spiritual, and I am fleshly, sold by sin;
15 Mente nea meyɛ ase; efisɛ menyɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ na mmom, meyɛ nea mikyi.
for that which I work, I do not acknowledge; for not what I will, this I practice, but what I hate, this I do.
16 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ mepene so sɛ mmara no ye.
And if what I do not will, this I do, I consent to the Law that [it is] good,
17 Sɛnea ɛte no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ eyi; na mmom bɔne a ɛte me mu no.
and now it is no longer I that work it, but sin dwelling in me,
18 Minim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Efisɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye nanso mintumi nyɛ.
for I have known that there does not dwell in me, that is, in my flesh, good: for to will is present with me, and I do not find to work that which is right,
19 Papa a mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ.
for the good that I will, I do not do; but the evil that I do not will, this I practice.
20 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛe, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.
And if what I do not will, this I do, it is no longer I that work it, but sin that is dwelling in me.
21 Mmara no ama mahu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ nea minim sɛ eye.
I find, then, the law, that when I desire to do what is right, the evil is present with me,
22 Me koma nyinaa mu, migye Onyankopɔn mmara to mu.
for I delight in the Law of God according to the inward man,
23 Nanso mifi mʼakwaa nyinaa mu hu sɛ biribi ne mʼadwene di aperepere, ɛma meyɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma meyɛ biribiara.
and I behold another law in my members, warring against the law of my mind, and bringing me into captivity to the law of sin that [is] in my members.
24 Minni ahotɔ! Hena na obegye me afi saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owu mu yi mu?
A wretched man I [am]! Who will deliver me out of the body of this death?
25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase. Na afei mʼankasa mʼadwene mu no, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.
I thank God—through Jesus Christ our Lord; so then, I myself indeed serve the Law of God with the mind, and with the flesh, the law of sin.

< Romafo 7 >