< Romafo 6 >
1 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso ana?
Що ж скажемо? чи зостанемось у грісі, щоб благодать помножилась? Нехай не буде (так).
2 Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu?
Ми, що померли гріхом, як ще жити мем в йому?
3 Anaa munnim sɛ bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu?
Хиба не знаєте, що скільки нас у Христа Ісуса охрестилось, у смерть Його охрестились?
4 Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase wɔ nkwa foforo mu.
Бо погреблись ми з Ним через хрещеннє у смерть, щоб, як Христос устав із мертвих славою Отця, так і ми в обновленню життя ходили.
5 Na sɛ yɛne no ayɛ koro wɔ ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako.
Коли бо ми з'єднані (з Ним) подобиєм смерти Його, то й (подобиєм) воскресення будемо,
6 Yenim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio,
знаючи, що давнього нашого чоловіка з Ним розпято, щоб зникло тїло гріховне, щоб не служити нам більш гріху.
7 efisɛ sɛ onipa wu a, na wɔayi no afi bɔne tumi ase.
Хто бо вмер, той визволивсь од гріха.
8 Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidi sɛ yɛne no bɛtena.
Коли ж ми вмерли з Христом, віруємо, що й жити мем з Ним,
9 Efisɛ yenim sɛ wɔanyan Kristo afi owu mu, na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio.
знаючи, що Христос, уставши з мертвих, уже більш не вмре: смерть над Ним більш не панує.
10 Ne wu a owui no yɛɛ owuprɛko maa bɔne, na nʼase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn.
Бо що вмер, за гріх вмер Він раз, а що живе, Богові живе.
11 Ɛno nti saa ɔkwan koro ara so na ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na motena ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
Так само й ви думайте, що ви мертві вже гріху, живі ж Богові, у Христі Ісусі, Господі нашім.
12 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne.
Нехай же не царює гріх у смертному вашому тїлї, так щоб коритись йому в похотях його;
13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mugyaw mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumɔyɛsɛm. Na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ trenee nnwuma.
анї оддавайте членів ваших гріху, (яко) знаряддє неправді, а оддавайте себе Богові, яко з мертвих оживших, і члени ваші, (яко) знаряддє правди, Богові.
14 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, efisɛ monhyɛ mmara ase, na mmom mohyɛ adom ase.
Гріх бо над вами нехай не панує; не під законом бо ви, а під благодаттю.
15 Dɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne ana? Dabi da.
Що ж? чи будемо грішити, що ми не під законом, а під благодаттю? Нехай не буде.
16 Munnim sɛ, nea mutie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu, anaasɛ osetie a ɛde kɔ trenee.
Хиба не знаєте, що кому оддаєте себе в слуги на послух, того ви й слуги, кого слухаєте: чи то гріха на смерть, чи слухання на праведність?
17 Nanso yɛda Onyankopɔn ase. Efisɛ bere bi a atwa mu a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo koma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no.
Дяка ж Богові, що ви були слугами гріха, та послухали від серця тої науки, якій і піддались.
18 Wɔagye mo afi bɔne mu ama moabɛyɛ nkoa ama trenee.
Визволивши ся ж од гріха, зробились ви слугами правди.
19 Esiane mo nipasu nti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate eyinom nyinaa ase. Sɛnea mmere bi mode mo ho nyinaa maa sɛ afide ne amumɔyɛsɛm nkoa no, afei de momfa nyɛ nkoa mma trenee nkɔ kronkronyɛ mu.
По чоловічи глаголю ради немочи тіла вашого: як ви оддавали члени ваші в слуги нечистоті і беззаконню на беззаконнє, так тепер оддайте члени ваші в слуги правді на сьвятість.
20 Bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na treneeyɛ nni mo so tumi.
Коли бо ви були слугами гріха, вільні (нагі) були від праведності.
21 Moyɛɛ nneyɛe a afei de mo ani wu wɔ ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea ekowiei ne owu.
Який же тоді мали ви овощ з того, чого тепер соромитесь? конець бо того - смерть.
22 Nanso mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a munya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na nea efi mu ba yɛ nkwa a enni awiei. (aiōnios )
Тепер ж визволившись од гріха і ставшись слугами Богу, маєте овощ ваш на осьвяченнє, конець же - життє вічне. (aiōnios )
23 Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu. (aiōnios )
Плата бо за гріх смерть, даруваннє ж Боже - життє вічне в Христї Ісусї, Господі нашім. (aiōnios )