< Romafo 5 >

1 Afei a ɛnam gyidi so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoe.
ⲁ̅ⲉⲁⲛⲧⲙⲁⲉⲓⲟ ϭⲉ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ̅ⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ. ⲟⲩⲛ̅ⲧⲁⲛ ⲙ̅ⲙⲁⲩ ⲛ̅ⲟⲩⲉⲓⲣⲏⲛⲏ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϩⲓⲧⲛ̅ⲡⲉⲛϫⲟⲓ̈ⲥ ⲓ̅ⲥ̅ ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅.
2 Ɔnam gyidi so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu mprempren no mu. Yɛn ani gye wɔ anidaso mu sɛ yebenya Onyankopɔn anim anuonyam.
ⲃ̅ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲛⲧⲁⲛϫⲓ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲟⲟⲧϥ ⲙ̅ⲡϩⲱⲛ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲡⲉⲉⲓϩⲙⲟⲧ ⲉⲧⲛ̅ⲁϩⲉⲣⲁⲧⲛ̅ ⲛ̅ϩⲏⲧϥ̅. ⲁⲩⲱ ⲉⲛϣⲟⲩϣⲟⲩ ⲙ̅ⲙⲟⲛ ⲉϫⲛ̅ⲑⲉⲗⲡⲓⲥ ⲙ̅ⲡⲉⲟⲟⲩ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ.
3 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom, yɛwɔ yɛn haw mu anuonyam nso, efisɛ yenim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba,
ⲅ̅ⲟⲩⲙⲟⲛⲟⲛ ⲇⲉ. ⲁⲗⲗⲁ ⲉⲛⲣ̅ⲡⲕⲉϣⲟⲩϣⲟⲩ ⲙ̅ⲙⲟⲛ ϩⲛ̅ⲛⲉⲛⲑⲗⲓⲯⲓⲥ. ⲉⲛⲥⲟⲟⲩⲛ ϫⲉ ⲧⲉⲑⲗⲓⲯⲓⲥ ⲉⲥⲣ̅ϩⲱⲃ ⲉⲩϩⲩⲡⲟⲙⲟⲛⲏ.
4 na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu nso de anidaso ba.
ⲇ̅ⲑⲩⲡⲟⲙⲟⲛⲏ ⲇⲉ ⲉⲩⲇⲟⲕⲓⲙⲏ. ⲧⲇⲟⲕⲓⲙⲏ ⲇⲉ ⲉⲩϩⲉⲗⲡⲓⲥ.
5 Saa anidaso yi renni yɛn nhuammɔ, efisɛ Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛde a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn koma mu.
ⲉ̅ⲑⲉⲗⲡⲓⲥ ⲇⲉ ⲙⲉⲥϫⲓϣⲓⲡⲉ. ϫⲉ ⲧⲁⲅⲁⲡⲏ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲡⲁϩⲧ̅ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ̅ⲛⲉⲛϩⲏⲧ ϩⲓⲧⲙ̅ⲡⲉⲡ̅ⲛ̅ⲁ̅ ⲉⲧⲟⲩⲁⲁⲃ ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲛⲧⲁⲩⲧⲁⲁϥ ⲛⲁⲛ.
6 Bere a ɛsɛ mu, bere a yɛyɛ mmerɛw no, Kristo wu maa amumɔyɛfo.
ⲋ̅ⲉϣϫⲉⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲉⲧⲉⲓ ⲉⲛⲟ ⲛ̅ϭⲱⲃ ⲕⲁⲧⲁⲡⲓⲟⲩⲟⲓ̈ϣ ⲁϥⲙⲟⲩ ϩⲁⲛⲁⲥⲉⲃⲏⲥ.
7 Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee mpo, na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no.
ⲍ̅ⲙⲟⲅⲓⲥ ⲅⲁⲣ ⲛ̅ⲧⲉⲟⲩⲁ ⲙⲟⲩ ϩⲁⲟⲩⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥ. ⲙⲉϣⲁⲕ ⲅⲁⲣ ⲛ̅ⲧⲉⲟⲩⲁ ⲧⲟⲗⲙⲁ ⲉⲙⲟⲩ ϩⲁⲟⲩⲁⲅⲁⲑⲟⲥ.
8 Nanso Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ eyi mu sɛ, bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.
ⲏ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲇⲉ ⲥⲩⲛϩⲓⲥⲧⲁ ⲛ̅ⲧⲉϥⲁⲅⲁⲡⲏ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲟⲛ. ϫⲉ ⲉⲧⲓ ⲉⲛⲟ ⲛ̅ⲣⲉϥⲣ̅ⲛⲟⲃⲉ ⲁⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲙⲟⲩ ϩⲁⲣⲟⲛ.
9 Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no nti, wɔnam ne so begye yɛn afi Onyankopɔn abufuwhyew mu.
ⲑ̅ⲛⲁϣⲱⲥ ϭⲉ ⲛ̅ϩⲟⲩⲟ ⲉⲁⲛⲧⲙⲁⲉⲓⲟ ⲧⲉⲛⲟⲩ ϩⲙ̅ⲡⲉϥⲥⲛⲟϥ ⲧⲛ̅ⲛⲁⲟⲩϫⲁⲓ̈ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲟⲟⲧϥ̅ ⲉⲧⲟⲣⲅⲏ.
10 Na sɛ bere a yɛyɛ atamfo mpo Onyankopɔn de ne Ba no wu yɛɛ mpatade maa yɛn a, saa mmere yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi de, yenim sɛ ɔnam ne Ba no so begye yɛn nkwa.
ⲓ̅ⲉϣϫⲉⲉⲛⲟ ⲛ̅ϫⲁϫⲉ ⲁⲛϩⲱⲧⲡ̅ ⲉⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϩⲓⲧⲙ̅ⲡⲙⲟⲩ ⲙ̅ⲡⲉϥϣⲏⲣⲉ. ⲛⲁϣⲱⲥ ⲛ̅ϩⲟⲩⲟ ⲉⲁⲛϩⲱⲧⲡ̅ ⲧⲛ̅ⲛⲁⲟⲩϫⲁⲓ̈ ϩⲙ̅ⲡⲉϥⲱⲛϩ̅.
11 Ɛnyɛ eyi nko, mmom yɛnam Awurade Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no so hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu.
ⲓ̅ⲁ̅ⲟⲩⲙⲟⲛⲟⲛ ⲇⲉ ⲁⲗⲗⲁ ⲉⲛⲣ̅ⲡⲕⲉϣⲟⲩϣⲟⲩ ⲙ̅ⲙⲟⲛ ϩⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϩⲓⲧⲙ̅ⲡⲉⲛϫⲟⲓ̈ⲥ ⲓ̅ⲥ̅ ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲛⲧⲁⲛϫⲓ ⲧⲉⲛⲟⲩ ⲙ̅ⲡϩⲱⲧⲡ̅ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲟⲟⲧϥ̅·
12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa wiase, na ne bɔne no de owu bae. Ɛno nti owu trɛw baa nnipa nyinaa so, efisɛ wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.
ⲓ̅ⲃ̅ⲉⲧⲃⲉⲡⲁⲓ̈ ⲛ̅ⲑⲉ ⲉⲛⲧⲁⲡⲛⲟⲃⲉ ⲉⲓ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲡⲕⲟⲥⲙⲟⲥ ϩⲓⲧⲛ̅ⲟⲩⲣⲱⲙⲉ ⲛ̅ⲟⲩⲱⲧ. ⲁⲩⲱ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲙ̅ⲡⲛⲟⲃⲉ ⲡⲙⲟⲩ. ⲁⲩⲱ ⲧⲁⲓ̈ ⲧⲉ ⲑⲉ ⲉⲛⲧⲁⲡⲙⲟⲩ ⲉⲓ ⲉⲃⲟⲗ ⲉϫⲛ̅ⲣⲱⲙⲉ ⲛⲓⲙ ⲉⲁⲩⲣ̅ⲛⲟⲃⲉ ϩⲓⲱⲱϥ ⲧⲏⲣⲟⲩ. ⲧⲁⲓ̈ ⲟⲛ ⲧⲉ ⲑⲉ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲛ̅ⲟⲩⲣⲱⲙⲉ ⲛ̅ⲟⲩⲱⲧ ⲛ̅ⲧⲁⲡⲱⲛϩ̅ ⲉⲓ ⲉⲃⲟⲗ.
13 Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde mmara no reba. Nanso mmara nni hɔ a, wommu bɔne ho akontaa.
ⲓ̅ⲅ̅ϣⲁⲡⲛⲟⲙⲟⲥ ⲅⲁⲣ ⲛⲉⲣⲉⲡⲛⲟⲃⲉ ϩⲙ̅ⲡⲕⲟⲥⲙⲟⲥ ⲡⲉ ⲉϥⲙⲟⲟⲩⲧ ⲡⲛⲟⲃⲉ ⲇⲉ ⲛⲉⲩⲱⲡ ⲙ̅ⲙⲟϥ ⲁⲛ ⲡⲉ ⲉⲙⲛ̅ⲛⲟⲙⲟⲥ.
14 Nanso efi Adam bere so kosi Mose bere so no, owu dii nnipa nyinaa so kosii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne so, sɛnea Adam de, ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɔkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, nea na ɔrebɛba no, sɛso.
ⲓ̅ⲇ̅ⲁⲗⲗⲁ ⲁⲡⲙⲟⲩ ⲣ̅ⲣ̅ⲣⲟ ϫⲓⲛⲁⲇⲁⲙ ϣⲁⲙⲱⲩ̈ⲥⲏⲥ ⲉϫⲛ̅ⲛ̅ⲕⲟⲟⲩⲉ ⲉⲧⲉⲙ̅ⲡⲟⲩⲣ̅ⲛⲟⲃⲉ ϩⲙ̅ⲡⲉⲓⲛⲉ ⲛ̅ⲧⲡⲁⲣⲁⲃⲁⲥⲓⲥ ⲛ̅ⲁⲇⲁⲙ ⲉⲧⲉⲡⲁⲓ̈ ⲡⲉ ⲡⲧⲩⲡⲟⲥ ⲙ̅ⲡⲉⲧⲛⲁϣⲱⲡⲉ.
15 Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, efisɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware sɛ esiane saa onipa baako no bɔne nti, nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no.
ⲓ̅ⲉ̅ⲁⲗⲗⲁ ⲛ̅ⲑⲉ ⲁⲛ ⲙ̅ⲡⲡⲁⲣⲁⲡⲧⲱⲙⲁ ⲧⲁⲓ̈ ⲧⲉ ⲑⲉ ⲙ̅ⲡⲉϩⲙⲟⲧ. ⲉϣϫⲉϩⲣⲁⲓ̈ ⲅⲁⲣ ϩⲙ̅ⲡⲡⲁⲣⲁⲡⲧⲱⲙⲁ ⲙ̅ⲡⲓⲟⲩⲁ ⲛ̅ⲟⲩⲱⲧ ⲁϩⲁϩ ⲙⲟⲩ. ⲛϩⲟⲩⲟ ϭⲉ ⲉⲙⲁⲧⲉ ⲧⲉⲭⲁⲣⲓⲥ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲙⲛ̅ⲧⲇⲱⲣⲉⲁ ϩⲛⲧⲉⲭⲁⲣⲓⲥ ⲙ̅ⲡⲓⲣⲱⲙⲉ ⲛ̅ⲟⲩⲱⲧ ⲓ̅ⲥ̅ ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲁⲥⲁϣⲁⲓ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉϩⲁϩ.
16 Bio, Onyankopɔn akyɛde no nte sɛ nsunsuanso a efi onipa baako bɔne mu bae no. Atemmu no nam bɔne baako so de afobu bae, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛde no de bembu bae.
ⲓ̅ⲋ̅ⲁⲩⲱ ⲛ̅ⲑⲉ ⲁⲛ ϩⲓⲧⲙ̅ⲡⲓⲟⲩⲁ ⲛ̅ⲟⲩⲱⲧ ⲉⲛⲧⲁϥⲣ̅ⲛⲟⲃⲉ ⲡⲉ ⲡⲉⲧⲙⲁⲉⲓⲟ. ⲛ̅ⲧⲁⲡϩⲁⲡ ⲅⲁⲣ ϣⲱⲡⲉ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ̅ⲟⲩⲁ ⲉⲩⲧϭⲁⲉⲓⲟ. ⲡⲉⲭⲁⲣⲓⲥⲙⲁ ⲇⲉ ⲛ̅ⲧⲟϥ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ̅ϩⲁϩ ⲛ̅ⲛⲟⲃⲉ ⲡⲉ ⲉⲩⲧⲙⲁⲓ̈ⲟ.
17 Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so na owu dii hene a, ɛno de wɔn a wonya adom mmoroso ne trenee akyɛde no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bedi hene wɔ nkwa mu.
ⲓ̅ⲍ̅ⲉϣϫⲉϩⲣⲁⲓ̈ ⲅⲁⲣ ϩⲙ̅ⲡⲛⲟⲃⲉ ⲙ̅ⲡⲓⲟⲩⲁ ⲛ̅ⲟⲩⲱⲧ ⲁⲡⲙⲟⲩ ⲣ̅ⲣ̅ⲣⲟ ϩⲓⲧⲙ̅ⲡⲓⲟⲩⲁ. ⲛ̅ϩⲟⲩⲟ ϭⲉ ⲉⲙⲁⲧⲉ ⲛⲉⲧϫⲓ ⲙ̅ⲡⲉϩⲟⲩⲟ ⲛ̅ⲧⲉⲭⲁⲣⲓⲥ ⲙⲛ̅ⲧⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩ(ⲛⲏ) ⲥⲉⲛⲁⲣ̅ⲣ̅ⲣⲟ ϩⲙ̅ⲡⲱⲛϩ̅ ϩⲓⲧⲙ̅ⲡⲓⲟⲩⲁ ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲓ̅ⲥ̅·
18 Enti sɛnea onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛe no ma wobuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na trenee nneyɛe baako ma wobuu nnipa nyinaa bem, ma yenyaa nkwa.
ⲓ̅ⲏ̅ⲁⲣⲁ ϭⲉ ⲡ̅ⲡⲁⲣⲁⲡⲧⲱⲙⲁ ϩⲱⲥ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲛ̅ⲟⲩⲁ ⲡⲉ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲱⲙⲉ ⲛⲓⲙ ⲉⲩⲧϭⲁⲉⲓⲟ. ⲧⲁⲓ̈ ⲟⲛ ⲧⲉ ⲑⲉ ⲙ̅ⲡⲉⲧⲙⲁⲓ̈ⲟ ⲉⲩⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲛ̅ⲟⲩⲁ ⲡⲉ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲱⲙⲉ ⲛⲓⲙ ⲉⲩⲧⲙⲁⲉⲓⲟ ⲛ̅ⲱⲛϩ̅.
19 Na sɛnea ɛnam ɔbaakofo asoɔden so nti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfo no, saa ara nso na onipa baako setie nti wɔbɛyɛ bebree atreneefo.
ⲓ̅ⲑ̅ⲛ̅ⲑⲉ ⲅⲁⲣ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲛ̅ⲧⲙⲛ̅ⲧⲁⲧⲥⲱⲧⲙ̅ ⲙ̅ⲡⲓⲣⲱⲙⲉ ⲛ̅ⲟⲩⲱⲧ ⲛ̅ⲧⲁϩⲁϩ ⲛ̅ⲣⲉϥⲣ̅ⲛⲟⲃⲉ ϣⲱⲡⲉ. ⲧⲁⲓ̈ ⲟⲛ ⲧⲉ ⲑⲉ ϩⲓⲧⲛ̅ⲧⲙⲛ̅ⲧⲥⲧⲙⲏⲧ ⲙ̅ⲡⲓⲟⲩⲁ ⲡⲉϩⲟⲩⲟ ⲛⲁϣⲱⲡⲉ ⲛ̅ⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥ.
20 Wɔyɛɛ mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodow a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso,
ⲕ̅ⲛ̅ⲧⲁⲡⲛⲟⲙⲟⲥ ⲇⲉ ⲉⲓ ⲉϩⲟⲩⲛ ϫⲉ ⲉⲣⲉⲡ̅ⲡⲁⲣⲁⲡⲧⲱⲙⲁ ⲣ̅ϩⲟⲩⲟ ⲡⲉⲛⲧⲁⲡⲉϥⲛⲟⲃⲉ ⲁϣⲁⲓ̈ ⲁⲡⲉϩⲙⲟⲧ ⲣ̅ϩⲟⲩⲉⲁϣⲁⲓ̈ ⲛⲁϥ.
21 enti sɛnea bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owu mu no, saa ara na adom no nam trenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn Awurade mu bɛba no. (aiōnios g166)
ⲕ̅ⲁ̅ϫⲉⲕⲁⲥ ⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ⲉⲛⲧⲁⲡⲛⲟⲃⲉ ⲣ̅ⲣ̅ⲣⲟ ϩⲙ̅ⲡⲙⲟⲩ ⲉⲣⲉⲧⲉⲭⲁⲣⲓⲥ ⲟⲛ ⲣ̅ⲣ̅ⲣⲟ ⲛ̅ⲧⲉⲉⲓϩⲉ ϩⲓⲧⲛⲧⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩⲛⲏ ⲉⲩⲱⲛϩ̅ ϣⲁⲉⲛⲉϩ ϩⲓⲧⲛ̅ⲓ̅ⲥ̅ ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲡⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ· (aiōnios g166)

< Romafo 5 >