< Romafo 4 >
1 Asɛm bɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? Osuahu bɛn na onyae?
Шо ж, скажемо, Авраам, отець наш, знайшов по тілу?
2 Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛe so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso ɔrentumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim.
Коли бо Авраам з учинків оправдив ся, мав похвалу, та не перед Богом.
3 Kyerɛwsɛm no kyerɛ yɛn se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni no.”
Що бо писаннє глаголе? Увірував же Авраам Богові, і полічено се йому за праведність.
4 Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wobu nʼakatua no sɛ akyɛde, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya.
Оце ж хто робить, нагорода не полїчуєть ся по благодаті, а по довгу.
5 Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfo to mu, efisɛ wɔwɔ gyidi wɔ ne mu.
Хто ж не робить, а вірує в оправдуючого нечестивого, віра його полїчуєть ся за праведність.
6 Dawid ka asɛm koro no ara se nhyira a efi Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfi nnipa nnwuma mu. Ɛno nti Dawid kae se:
Яко ж і Давид глаголе про блаженство чоловіка, котрому полїчує Бог праведність без учинків:
7 “Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.
Блаженні, кому відпущено беззаконня, і кому прикрито гріхи.
8 Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne so da.”
Блажен чоловік, котрому не полїчить Господь гріха.
9 Saa anigye a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafo nko ana? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wontwaa twetia no; efisɛ yɛakenkan afi Kyerɛwsɛm no mu se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii, na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni.”
Чи блаженство ж се на обрізаннє, чи й на необрізаннє? глаголемо бо, що полічено Авраамові віру за праведність.
10 Bere bɛn na saa asɛm yi sii? Esii ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na esii? Esii ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na esii.
Як же полічено йому? чи як він в обрізанню був, чи в необрізан-ню? Не в обрізанню, а в необрізанню.
11 Akyiri yi na wotwaa no twetia na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, na Onyankopɔn agye no sɛ ɔtreneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wogye Onyankopɔn di nyinaa na wagye wɔn sɛ atreneefo a wontwaa wɔn twetia nso.
І знак обрізання прийняв, яко печать праведности (тієї) віри, що в необрізанню, щоб бути йому отцем усіх віруючих через необрізаннє, щоб полічено й тим за праведність,
12 Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidi sɛnea na Abraham wɔ gyidi ansa na wɔretwa no twetia no.
і отцем обрізання не тільки тим, що з обрізання, а й тим, хто ходить по слїдам віри, яку (мав) у необрізанню отець наш Авраам.
13 Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefo bɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo, mmom ɛnam trenee a efi gyidi mu so.
Не по закону бо (було) обітуваннє Авраамові або насїнню його, що буде він наслїдником сьвіту, а по праведностї віри.
14 Sɛ wɔn a wodi Mmara so yɛ adedifo a, ɛno de na gyidi nka hwee, na bɔhyɛ no nso so nni mfaso,
Коли бо ті, що з закону, наслїдники, то зникне віра, й обітуваннє обернеть ся в нїщо.
15 efisɛ mmara de abufuwhyew ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ.
Закон бо робить гнів; де бо нема закону, нема й переступу.
16 Enti bɔhyɛ no fi gyidi mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebefi adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefo nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidi sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya.
Тим з віри, що по благодаті, щоб було певне обітуваннє всьому насінню, не тільки тому, що з закону, та й тому, що з віри Авраама, котрий отець усїм нам,
17 Sɛnea wɔakyerɛw no, “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, efi sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufo nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforo fi nea enni hɔ mu dii.
(яко ж писано: що отцем многим народам настановив я тебе, ) перед Богом, котрий, оживляє мертвих і зове те чого нема, так як те, що є, котрому увірував.
18 Bere a anidaso asa no, Abraham nyaa anidaso gye dii, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛnea na wɔaka akyerɛ no se, “Saa na wʼasefo bɛyɛ” no.
Котрий, окрім надії, в надії увірував, що бути йому отцем многим народам, по реченному: Так буде насїннє твоє.
19 Abraham gyidi anhinhim bere a na ɔreyɛ adi mfe ɔha no mpo. Na onim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma.
І не знемігши вірою, не вважав тіла свого вже омертвілим, бувши мало не столїтнїм, і Сариної утроби замершою.
20 Nanso ne gyidi anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnye. Ɔhyɛɛ ne gyidi mu den de anuonyam maa Onyankopɔn.
В обітуваннї ж Божім не сумнив ся невіруваннєм, а покріпшав вірою, давши славу Богові,
21 Na ogye dii yiye sɛ Onyankopɔn betumi ayɛ nea wahyɛ ho bɔ no.
і впевнившись, що Обіцявший вдолїє й зробити.
22 Eyi nti wobuu no sɛ trenee maa no.
Тим же й полічено йому за праведність.
23 Wɔkyerɛw se, “Wobuu no sɛ trenee maa no” no, wɔankyerɛw amma ɔno nko ara.
Не про того ж одного тільки писано було, що полічено йому,
24 Na mmom wɔkyerɛw maa yɛn nso a Onyankopɔn bebu yɛn sɛ atreneefo, yɛn a yegye nea onyan Yesu, yɛn Awurade fii awufo mu di no.
а й про нас, котрим має полічитись, віруючим в Того, хто воскресив Ісуса, Господа нашого, з мертвих,
25 Yɛn bɔne nti, woyii no maa owu, na wonyan no maa yɛn bembu.
котрий був переданий за погрішення наші, і воскрес на оправданнє наше.