< Romafo 3 >

1 Ɛno de, na Yudaniyɛ so mfaso ne dɛn, anaasɛ twetiatwa so wɔ mfaso bi?
Тогава, какво предимство има юдеинът? или каква полза има от обрязването?
2 Yiw mfaso wɔ so. Nea edi kan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa.
Много във всяко отношение, а първо, защото на юдеите се повериха Божествените писания.
3 Na sɛ ebinom nni gyidi ɛ? Gyidi a wonni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana?
Понеже, ако някои бяха без вяра, що от това? тяхното неверие ще унищожи ли Божията вярност?
4 Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofo a, Onyankopɔn de, ɔyɛ ɔnokwafo, sɛnea wɔakyerɛw se, “Wudi bem wɔ wo kasa mu na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.”
Да не бъде! но Бог нека бъде признат за верен, а всеки човек лъжлив, според както е писано:
5 Na obi bɛka se, “Sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn trenee adi kann a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuwhyew ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa)
Но ако нашата неправда изтъква Божията правда, що има да кажем? Несправедлив ли е Бог, когато нанася гняв? (По човешки говоря).
6 Dabi da! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔtreneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu wiase atɛn?
Да не бъде! понеже тогава как Бог ще съди света?
7 Obi begye akyinnye aka se, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokware da adi na nʼanuonyam boro so a, ɛno de, adɛn nti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛni?”
Обаче, казваш ти, ако с моята невярност Божията вярност стане по-явна, за Неговата слава, то защо и аз, въпреки това, да бъда осъждан като грешник?
8 Ebinom nso bɛka se, “Ɛno de, momma yɛnyɛ bɔne sɛnea biribi pa befi mu aba!” Nnipa bi mpo ka se saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.
И защо да не вършим зло, за да дойде добро? (както някои клеветнически твърдят, че ние така говорим). На такива осъждането е справедливо.
9 Afei, dɛn na yɛnka? Yɛn Yudafo yɛ nnipa sen amanamanmufo no ana? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dedaw sɛ Yudafo ne amanamanmufo nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase.
Тогава що следва? Имаме ли ние някакво предимство над езичниците? Никак; защото вече обвинихме юдеи и гърци, че те всички са под грях.
10 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara nyɛ ɔtreneeni;
Както е писано:
11 obiara nyɛ ɔbadwemma; na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.
Няма никой разумен, Няма кой да търси Бога.
12 Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.”
Всички се отклониха, заедно се развратиха; Няма кой да прави добро, няма ни един".
13 “Wɔn anom te sɛ ɔda a abue; na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.” “Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano bɔre.
"Гроб отворен е гърлото им; С езиците си ласкаят". "Аспидова отрова има под устните им"
14 Nnome a ɛyɛ hu na efi wɔn anom ba.”
"Техните уста са пълни с клевета и горест".
15 “Wɔnam awudi so pira afoforo ntɛm.
"Нозете им бързат да проливат кръв;
16 Wɔde ɔsɛe ne awerɛhow ba,
Опустошение и разорение има в пътищата им;
17 na wonnim asomdwoe kwan.”
И те не знаят пътя на мира",
18 “Na wonsuro Onyankopɔn.”
"Пред очите им няма страх от Бога".
19 Yenim sɛ biribiara a ɛwɔ mmara no mu no, wɔkyerɛw maa wɔn a wɔhyɛ mmara no tumi ase. Mmara no ka eyinom sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyi, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase nyinaa di fɔ.
А знам, че каквото казва законът, казва го за ония, които са под закона; за да се затулят устата на всекиго, и цял свят да се доведе под съдбата на Бога.
20 Efisɛ obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ nea mmara no hyɛ sɛ ɔnnyɛ a, Onyankopɔn bebu no bem. Nea mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hu sɛ wayɛ bɔne.
Защото ни една твар няма да се оправдае пред Него чрез дела изисквани от закона, понеже чрез закона става само познаването на греха,
21 Wɔada treneeyɛ a efi Onyankopɔn, na emfi mmara no adi. Ɛno na mmara no ne Adiyifo no di ho adanse.
А сега и независимо от закон се яви правдата от Бога, за която свидетелствуват законът и пророците,
22 Saa treneeyɛ a efi Onyankopɔn yi nam gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifo nyinaa. Nsonoe biara nni mu.
сиреч правдата от Бога, чрез вяра в Исус Христа, за всички [и на всички], които вярват; защото няма разликат
23 Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn,
Понеже всички съгрешиха и не заслужават да се прославят от Бога,
24 nanso ɔnam Kristo adom nkwagye no so abu wɔn nyinaa bem.
а с Неговата благост се оправдават даром чрез изкуплението, което е в Христа Исуса,
25 Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔre mma yɛn. Kristo de ne mogya mae, sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi a yebenya wɔ ne mu nti wobegye yɛn. Saa afɔre yi ma yehu sɛ, mmere a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛe.
Когото Бог постави за умилостивение чрез кръвта Му посредством вяра. Това стори за да покаже правдата Си в прощаване на греховете извършени по-напред, когато Бог дълготърпеше,
26 Efisɛ na Onyankopɔn rehwɛ kwan na ɔde wɔn abɛka nea ɔreyɛ saa bere yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ eyi de kyerɛɛ ne trenee, efisɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na obu atɛntrenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfo gye Yesu di a, obu wɔn sɛ wɔteɛ wɔ nʼani so.
за да покаже, казвам правдата Си в настоящето време, та да се познае, че Той е праведен и че оправдава този, който вярвя в Исуса.
27 Ɛno de, na ahohoahoa wɔ he? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yedi so no nti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ogye yɛn no nnyina mmara a yedi so, na mmom, egyina gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu mu.
И тъй, где остава хвалбата? Изключена е. Чрез какъв закон? чрез закона на делата ли? Не, но чрез закона на вярата.
28 Ne tiaatwa ne sɛ, wɔnam gyidi so na wobu onipa bem, na ɛnyɛ mmara a odi so no nti.
И така, ние заключаваме, че човек се оправдава чрез вяра, без делата на закона.
29 Onyankopɔn yɛ Yudafo nko ara Nyankopɔn ana? Ɔnyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn bi ana? Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn.
Или Бог е Бог само на юдеите, а не и на езичниците? Да, и на езичниците е.
30 Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidi nko ara a Yudafo wɔ so bebu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidi nko ara so bebu amanamanmufo bem.
Понеже същият Бог ще оправдае обрязаните от вяра и необрязаните чрез вяра.
31 Enti eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidi no so gyae Mmara no so di ana? Dabi da, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛfoa Mmara no adanse so.
Тогава, чрез вяра разваляме ли закона? Да не бъде! но утвърждаваме закона.

< Romafo 3 >