< Romafo 16 >

1 Mede yɛn nuabea Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa.
Doporučuji vám sestru Fébu, obětavou služebnici Kenchrejského křesťanského sboru. Ochotně pomáhala mně i jiným.
2 Munnye no wɔ Awurade din mu sɛnea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfo yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Efisɛ waboa nnipa bebree ne me nso.
Jestli se na vás obrátí, udělejte pro ni všechno, co budete moci, jak se na křesťany sluší.
3 Mikyia Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu
Pozdravujte Prisku a Akvilu, kteří pro mne v Kristových službách riskovali život; nejen já, ale všichni křesťané jsou jim za to dlužníky.
4 a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree; ɛnyɛ me nko, na mmom amanamanmufo asafo no nyinaa.
5 Asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso mikyia wɔn. Munkyia mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a odii kan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.
Také všem věřícím, kteří se u nich scházejí, posílám srdečný pozdrav. Obzvlášť zdravím Epaineta, prvního asijského křesťana,
6 Mikyia Maria a ɔyɛɛ adwuma dennen maa me no nso.
a Marii, která tolik pro vás udělala.
7 Mikyia Androniko ne Yunia. Mikyia me nuanom Yudafo a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yiye wɔ asomafo no mu, na wodii me kan wɔ Kristo mu no.
Pozdravujte mé krajany a bývalé spoluvězně Andronika a Junia, vynikající muže mezi apoštoly, kteří se stali křesťany dříve než já.
8 Mikyia mʼAwurade mu dɔfo Amplia.
Dále pozdravujte Ampliáta, Urbana, Stachyna a Apella. Také všechny od Aristobulů a Narcisů, Herodiona, Tryfainu, Tryfosu a Persidu. A ovšem Rufa a jeho matku – měla mě jako vlastního. A ještě Asynkrita, Flegonta, Herma, Patrobu, Hermeu a ostatní tamější bratry, Filologa, Julii, Nerea a jeho sestru, Olympa a všechny křesťany u nich. Pozdravte je ode mne bratrským polibkem. Taky ode všech křesťanských sborů a skupin vyřizuji pozdravy.
9 Mikyia Ubano a yɛne no somee wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo pa Staki.
10 Mikyia Apele a ne Kristosom mu nokware ada adi no. Mikyia Aristobulo abusuafo nyinaa.
11 Mikyia me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Kristofo a wofi Narkiso fi.
12 Mikyia Trifaina ne Trifosa mmea a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbea a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.
13 Mikyia Rufo a wadi dwuma kɛse wɔ Awurade som mu no. Mikyia Rufo a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.
14 Mikyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Kristofo a wɔka wɔn ho nyinaa.
15 Mikyia Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne Onyankopɔn manfo a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.
16 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho mo ho. Kristo asafo no nyinaa kyia mo.
17 Anuanom, mitu mo fo se monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforo gyidi na wotia nkyerɛkyerɛ a moanya no yiye no; montwe mo ho mfi wɔn ho.
Jedno bych vám ještě rád položil na srdce: dejte si pozor na ty, kdo vyvolávají spory a svádějí vás z cesty, kterou jste nastoupili.
18 Efisɛ wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom wɔsom biribiara a wɔpɛ na eye ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wonnim hwee.
Takoví kážou ne proto, aby sloužili Kristu, ale pro svůj vlastní prospěch. Vyhýbejte se jim. Bezelstného člověka snadno zmatou líbivými řečmi.
19 Obiara ate gyidi a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu no. Ɛno nti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani tew wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.
O vaší víře všude slyším jen to nejlepší a mám z toho radost. Přeji vám moudrost v konání dobra a zlo ať se vás ani nedotkne.
20 Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan wɔ mo anan ase. Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo.
Bůh, dárce pokoje, už brzo rozdrtí satana u vašich nohou. Náš Pán Ježíš Kristus ať vás obdaří svou milostí.
21 Me yɔnko Timoteo se okyia mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafo no nso kyia mo.
Pozdravuje vás můj spolupracovník Timoteus a přátelé Lucius, Jáson a Sozipater.
22 Me Tertio, a meyɛ ɔkyerɛwfo ma Paulo yi nso, mede Awurade din kyia mo.
I já, písař tohoto listu, Tercius, připojuji svůj pozdrav.
23 Gaio a asafo no hyia wɔ ne fi no nso kyia mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne yɛn nua Kwarto se wokyia mo.
Také Gaius, náš hostitel, vás pozdravuje a rovněž vás zdraví správce městské pokladny Erastus a bratr Kvartus.
24 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
25 Momma yenyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na otumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidi mu sɛnea mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛnea medaa nokware ahintasɛm a efi teteete no adi kyerɛɛ mo no, (aiōnios g166)
Bůh vám může dát schopnost žít podle slov, která jsem vám zvěstoval. Byly vám zjeveny jeho dávné plány, dlouho skryté, (aiōnios g166)
26 wɔnam adiyifo kyerɛwsɛm a efi Onyankopɔn Teasefo no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahu sɛnea aman nyinaa begye adi na wɔayɛ osetie ama no. (aiōnios g166)
ale nyní objasněné proroctvími, abyste je vírou poslušně přijali a podle nich žili. (aiōnios g166)
27 Ɔno, Onyankopɔn nyansafo no na anuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen. (aiōn g165)
Nade vše moudrému Bohu věčná sláva za Ježíše Krista. Váš Pavel (aiōn g165)

< Romafo 16 >