< Romafo 15 >
1 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidi mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛw no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani.
We, then, who are strong, ought to bear the infirmities of the weak, and not to please ourselves.
2 Yɛn mu biara nkamfo ade pa biara a ne yɔnko yɛ mfa nhyɛ no den.
Wherefore, let every one of us please his neighbor, as far as it is good for edification.
3 Kristo mpo anyɛ nea ɔpɛ, sɛnea Kyerɛwsɛm ka se, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.”
For even Christ sought not his own pleasure: but, as it is written, "The reproaches of them who reproached you, have fallen on me."
4 Biribiara a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.
Now whatever things were before written, were written for our instruction: that through the patience and admonition of the scriptures, we might have hope.
5 Onyankopɔn a yenya boasetɔ ne nkuranhyɛ fi ne nkyɛn no mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi,
Now, may the God who gives patience and admonition, give to you mutual unity of sentiment, according to Christ Jesus.
6 sɛnea ɛbɛyɛ a mo nyinaa de koma koro ne ano koro bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.
That with one mind, and with one voice, you may glorify God, even the Father of our Lord Jesus Christ.
7 Munnyigye mo ho mo ho nto mu mfa nkamfo Onyankopɔn sɛnea Kristo agye mo no.
Wherefore, cordially receive one another; even as Christ also has received us to the glory of God.
8 Efisɛ meka kyerɛɛ mo se Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafo somfo de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu,
Now, I affirm that Jesus Christ became a minister of the circumcision on account of the truth of God, in order to confirm the promises made to the fathers;
9 na wama amanamanmufo nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Eyi nti mɛkamfo wo wɔ amanamanmufo mu; na mato nnwom akamfo wo din.”
and that the Gentiles might praise God on account of mercy: as it is written, "For this cause I will glorify thee among the Gentiles, and sing to thy name."
10 Na ɛka bio se, “Mo amanamanmufo, monkamfo Awurade, mo ne ne nkurɔfo Yudafo.”
And again he says, "Rejoice, you Gentiles, with his people."
11 Bio, “Amanamanmufo nyinaa nyi Awurade ayɛ; asase so aman nyinaa monkamfo no.”
And again, "Praise the Lord, all you Gentiles; and extol him, all you people."
12 Na Yesaia ka bio se, “Yisai aseni bɛsɔre, nea ɔbɛsɔre abedi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so.”
And again, Isaiah says, to be a leader of the Gentiles; upon him shall the Gentiles place their hope."
13 Anidaso Nyankopɔn no a mugye no di no mfa anigye ne asomdwoe nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidaso mmoroso.
Now, may the God of hope fill you with all joy, and peace, in believing; in order that you may abound in that hope, through the power of the Holy Spirit.
14 Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mubetumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho.
However, my brethren, I myself am persuaded concerning you, that you also are full of goodness, being filled with all knowledge; able, also, to instruct one another.
15 Mede akokoduru akyerɛw abobɔ nneɛma bi so, sɛnea meretwe mo adwene akɔ so bio, esiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no nti.
But, I have written the more boldly to you, brethren; partly, as calling things to your remembrance through the favor which is given me of God.
16 Meyɛ Kristo Yesu somfo a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a amanamanmufo bɛyɛ afɔrebɔde a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no atew ho.
In order to my being a minister of Jesus Christ, among the Gentiles, ministering the gospel of God, that there might be an offering of the Gentiles most acceptable; being sanctified by the Holy Spirit.
17 Ɛno nti mitumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu.
I have, therefore, glorifying, through Christ Jesus, with respect to things pertaining to God.
18 Nea mɛka ho asɛm ara ne sɛnea Kristo nam nea maka ne nea mayɛ so ama amanamanmufo ayɛ osetie ama Onyankopɔn no.
But, I will not dare to speak anything of what Christ has not wrought; but, of what he has wrought, by me, in order to the obedience of the Gentiles in word and deed;
19 Saa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi yɛ tumi a efi Honhom no mu. Enti efi Yerusalem de kosi Iliriko no, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa.
by the power of signs and wonders, and by the power of the Holy Spirit: so that from Jerusalem, and round about, as far as Illyricum, I have fully declared the gospel of Christ;
20 Na me botae ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ misii dan wɔ obi fapem so.
and so, also, that I was strongly desirous to declare the gospel where Christ was not named, that I might not build on another's foundation.
21 Mmom sɛnea wɔakyerɛw no: “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.”
But, as it is written, "They shall see, to whom nothing has been told concerning him; and they who have not heard, shall understand."
22 Eyi nti na bere biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi siw me kwan.
For which reason, also, I have been greatly hindered from coming to you.
23 Nanso mprempren a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfe bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abehu mo no nti,
But now, having no more place in these parts, and having for many years a strong desire to come to you,
24 mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mehu mo na moaboa me ama makɔ hɔ bere a me ne mo atena anigye so kakraa bi no.
whensoever I go toward Spain, I hope, as I pass on, to see you, and to be brought on my way thither by you, when I shall first, in some measure, be satisfied with your company.
25 Mprempren ara, merekɔ Yerusalem akɔsom Onyankopɔn manfo a wɔwɔ hɔ no.
But now I go to Jerusalem, ministering to the saints;
26 Efisɛ asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafo a wɔfra Onyankopɔn manfo a wɔwɔ Yerusalem no mu.
for Macedonia and Achaia have been pleased to make some contribution for the poor of the saints who are in Jerusalem.
27 Wɔn ara na wosii wɔn adwene pi saa, nanso nokware ni, ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa saa ahiafo no. Amanamanmufo no nyaa Yudafo honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ amanamanmufo no de wɔn ahode som Yudafo no.
They have been pleased, indeed; and their debtors they are: for if the Gentiles have partaken of their spiritual things, they ought certainly to minister to them in temporal things.
28 Sɛ miwie saa dwumadi yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mefi hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a mɛba mo hɔ abɛsra mo.
Wherefore, having finished this affair, and having sealed to them this fruit, I will go from thence by you into Spain.
29 Sɛ meba mo nkyɛn a, minim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.
And I know when I come to you, I shall come in the fullness of the blessing of Christ.
30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpae dennen mma me.
Now, I beseech you, brethren, by the Lord Jesus Christ, and by the love of the Spirit, that you strive together with me, by prayers for me to God;
31 Mommɔ mpae, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpae mma wɔn a wonnye asɛm no nni. Afei nso mommɔ mpae mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛnea ɛbɛyɛ a ahotefo a wɔwɔ hɔ no begye ato mu.
that I may be delivered from the disobedient in Judea; and that my service, which I am performing for Jerusalem, may be acceptable to the saints:
32 Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn abɛsra mo.
that in joy I may come to you, through the will of God, and may be refreshed among you.
33 Asomdwoe Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.
Now may the God of peace be with you all. Amen.