< Romafo 14 >
1 Sɛ obi gyidi sua wɔ mo mu a munnye no; mo ne no nnnye nea nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnye.
ᎩᎶ ᏩᎾᎦᎳ ᎨᏎᏍᏗ ᎤᏬᎯᏳᏒᎢ ᏕᏣᏓᏂᎸᎨᏍᏗ, ᎥᏝ ᎠᏗᎾ ᏗᏧᎪᏙᏗᏱᏉ ᏄᏍᏛ ᎠᏓᏅᏕᏍᎬᎢ.
2 Obi gyidi ma otumi di biribiara, nanso obi a ne gyidi sua no di afumduan nko ara.
ᎠᏏᏴᏫ ᏂᎦᎥᏉ ᎪᎱᏍᏗ ᎬᏩᎵᏍᏓᏴᏙᏗ ᎨᏒ ᎤᏬᎯᏳᏐᎢ; ᎩᎶᏃ ᎠᏩᎾᎦᎳ ᎠᏛᏒᎥᏍᎩᏉ ᎠᎵᏍᏓᏴᏗᏍᎪᎢ.
3 Ɛnsɛ sɛ nea odi biribiara no bu nea onni biribiara no animtiaa; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a odi afumduan nko ara no bu nea odi biribiara no atɛn; efisɛ Onyankopɔn agye no.
ᏞᏍᏗ ᎾᏍᎩ Ꮎ ᎠᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎩ ᏅᎵᏌᎵᏉ ᏳᏰᎸᏁᏍᏗ Ꮎ ᎾᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎬᎾ; ᎠᎴ ᏞᏍᏗ ᎾᏍᎩ Ꮎ ᎾᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎬᎾ ᏱᏚᏭᎪᏓᏁᎴᏍᏗ Ꮎ ᎠᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎩ; ᎤᏁᎳᏅᎯᏰᏃ ᏚᏓᏂᎸᏨ.
4 Wo ne hena a wubu obi somfo atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka se wadi nkonim anaasɛ wadi nkogu. Na obedi nkonim, efisɛ Awurade betumi ama wadi nkonim.
ᎦᎪ ᏂᎯ ᏥᏕᎯᏳᎪᏓᏁ ᏅᏩᏓᎴ ᎤᏅᏏᏓᏍᏗ? ᎤᏩᏒᏉ ᎤᏅᏏᏙᎯ ᎤᎵᏍᎦᏍᏙᏗ ᎦᏙᎬ ᎠᎴ ᎦᏅᎬᎢ. ᎥᎥ, ᎠᏥᏲᏍᏙᏓᏁᏗ ᎨᏎᏍᏗ ᎤᏅᎢᏍᏗᏱ; ᎤᏁᎳᏅᎯᏰᏃ ᏰᎵᏉ ᎤᎴᏗᏱ ᎢᎬᏩᏁᏗ.
5 Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sen nna a aka no. Saa ara nso na onipa afoforo nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi.
ᎩᎶ ᎤᏟ ᏄᎸᏉᏙ ᎪᎱᏍᏗ ᎤᏍᏗ ᎢᎦ ᎡᏍᎦᏉ ᏅᏩᏓᎴ ᎢᎦ; ᎩᎶᏃ ᏂᎦᎥᏉ ᎢᎦ ᏚᎸᏉᏙᎢ. ᎾᏂᎥ ᎩᎶ ᎠᎧᎵᎢ ᎤᏃᎯᏳᏎᏍᏗ ᎤᏅᏒ ᏙᏧᎾᏓᏅᏛᎢ.
6 Obiara a obebu da bi kɛse no yɛ saa de hyɛ Awurade anuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, efisɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase.
ᎩᎶ ᏧᎸᏉᏙ ᎢᎦ ᎤᎬᏫᏳᎯ ᎦᎸᏉᏓᏁᎰᎢ; ᎩᎶᏃ ᏄᎸᏉᏛᎾ ᏥᎨᏐ ᎢᎦ, ᎤᎬᏫᏳᎯ ᎦᎸᏉᏗᏍᎪ ᏄᎸᏉᏛᎾ ᎨᏒᎢ. ᎩᎶ ᏣᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎪᎢ, ᎤᎬᏫᏳᎯ ᎠᎵᏍᏓᏴᎾᏁᎰᎢ; ᎤᏁᎳᏅᎯᏰᏃ ᎠᎵᎮᎵᏤᎰᎢ; ᎠᎴ ᎩᎶ ᎾᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎬᎾ ᏥᎨᏐᎢ, ᎤᎬᏫᏳᎯ ᎦᎸᏉᏙᏗᏍᎪ ᎾᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎬᎾ ᎨᏒᎢ, ᎠᎴ ᎤᏁᎳᏅᎯ ᎠᎵᎮᎵᏤᎰᎢ.
7 Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho;
ᎥᏝᏰᏃ ᎩᎶ ᎢᎦᏁᎳᎩᏯ ᏱᎩ ᎢᏕᎲᎢ, ᎥᏝ ᎠᎴ ᎩᎶ ᎤᏁᎳᎩᏯ ᏱᎩ ᎠᏲᎱᏍᎬᎢ.
8 sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; na sɛ yewu a, yewu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yewu o, yɛyɛ Awurade de.
ᎢᏳᏰᏃ ᏱᏓᎴᏂᏙᎭ, ᎤᎬᏫᏳᎯ ᎡᏓᎴᏂᏕᎭ; ᎠᎴ ᎢᏳ ᏱᏗᏗᏲᎱᏍᎦ, ᎤᎬᏫᏳᎯ ᎡᏗᏲᎱᎯᏎᎭ; ᎾᏍᎩᏃ ᎢᏳᏍᏗ ᎢᏳᏃ ᏱᏓᎴᏂᏙᎭ, ᎠᎴ ᏱᏗᏗᏲᎱᏍᎦ, ᎤᎬᏫᏳᎯ ᎡᏓᏤᎵᎦ.
9 Na eyi nti na Kristo wui, na ɔsɔree, na onyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura.
ᎾᏍᎩᏰᏃ ᎯᎠ ᎤᎬᏩᎴ ᎦᎶᏁᏛ ᏧᏲᎱᏎᎢ, ᎠᎴ ᏥᏚᎴᎯᏌᏁᎢ, ᎠᎴ ᏧᏩᏃᏎᎢ, ᎾᏍᎩ ᎤᎬᏫᏳᎯ ᎢᏳᎵᏍᏙᏗᏱ ᏧᏂᏲᎱᏒᎯ ᎠᎴ ᎾᏍᏉ ᏗᏅᏃᏛ ᎤᎾᏤᎵᎦ.
10 Na wo, afei, adɛn nti na wubu wo nua atɛn? Na wo, adɛn nti na wubu wo nua animtiaa? Yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn.
ᎠᎴ ᏂᎯ, ᎦᏙᏃ ᏙᎯᏳᎪᏓᏁᎭ ᎢᏍᏓᎵᏅᏟ? ᎠᎴ ᏂᎯ ᎾᏍᏉ, ᎦᏙᏃ ᏅᎵᏌᎵᏉ ᎢᎯᏰᎸᏍᎦ ᎢᏍᏓᎵᏅᏟ? ᏂᎦᏗᏳᏰᏃ ᎢᎬᏱᏗᏢ ᏫᎦᎴᏗ ᎨᏎᏍᏗ ᎦᎶᏁᏛ ᏧᏭᎪᏙᏗᏱ ᎤᏪᏍᎩᎸᎢ.
11 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Awurade ka se, mete ase yi, obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.”
ᎯᎠᏰᏃ ᏂᎬᏅ ᎪᏪᎳ, ᎨᎥ ᏄᏙᎯᏳᏒᎢ, ᎠᏗᎭ ᏱᎰᏩ, ᏂᎦᏗᏳ ᏙᏓᎬᏆᎵᏂᏆᏅᏁᎵ ᎠᏴ, ᎠᎴ ᏂᎦᏗᏳ ᎬᏂᎨᏒ ᏅᏓᎬᏩᏁᎵ ᎤᏁᎳᏅᎯ.
12 Yɛn mu biara bebu ne ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn.
ᎾᏍᎩᏃ ᏥᏄᏍᏗ ᏂᏗᎥ ᎢᏗᏏᏴᏫᎭ ᎨᏒ ᎬᏂᎨᏒ ᎢᏰᏛᏁᏗ ᎨᏎᏍᏗ ᎤᏁᎳᏅᎯ ᏂᎦᏛᏁᎵᏙᎸᎢ.
13 Ɛno nti momma yennyae yɛn ho yɛn ho atemmu. Mmom, nea ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu.
ᎾᏍᎩ ᎢᏳᏍᏗ ᏞᏍᏗ ᎪᎯ ᎢᏳᏓᎴᏅᏛ ᏱᏗᏓᏓᏚᎪᏓᏁᎮᏍᏗ; ᎯᎠᏍᎩᏂ ᎤᎬᏫᏳᏎᏍᏗ ᏕᏧᎪᏗᏍᎨᏍᏗ, ᎾᏍᎩ ᎠᏓᏙᏕᏍᏗᏍᎩ ᎠᎴ ᎤᏍᏢᏂᏍᏗᏍᎩ ᎢᏥᏗᏱ ᏂᎨᏒᎾ ᎢᏣᎵᏅᏟ ᎤᎶᎯᏍᏗᏱ.
14 Ahotoso a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mihu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho ntew. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho ntew a na saa onipa no na ɛho ntew mma no.
ᏥᎦᏔᎭ, ᎠᎴ ᎠᏉᎯᏳᏗ ᎾᏋᏁᎸ ᎤᎬᏫᏳᎯ ᏥᏌ, ᎾᏍᎩ ᎪᎱᏍᏗ ᎤᏩᏒᏉ ᎨᏒ ᎦᏓᎭ ᏂᎨᏒᎾ ᎨᏒᎢ; ᎩᎶᏍᎩᏂ ᎪᎱᏍᏗ ᎦᏓᎭ ᎠᏰᎸᏍᎩ, ᎾᏍᎩ ᎦᏓᎭ ᏄᎵᏍᏓᏁᎰᎢ.
15 Sɛ biribiara a wudi haw wo nua a, ɛno de na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduan a wudi no nsɛe onipa a ne nti Kristo wui no.
ᎢᏳᏍᎩᏂ ᏗᏍᏓᏓᏅᏟ ᎠᎵᏍᏓᏴᏗ ᏱᏅᏗᎦᎵᏍᏙᏗᎭ ᎡᎯᏍᏗ ᏱᏯᏓᏅᏓᏗᏍᏔᏅ, ᎿᎭᏉ ᎥᏝ ᎠᏓᎨᏳᏗ ᎨᏒ ᏴᏗᎭ ᎾᏍᎩ ᎿᎭᏛᏁᎲᎢ. ᏞᏍᏗ ᎭᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎬ ᎯᏛᏙᏔᏅᎩ ᎾᏍᎩ Ꮎ ᎦᎶᏁᏛ ᎤᏲᎱᎯᏎᎸᎯ.
16 Mma ade a wubu sɛ eye no nnye din bɔne.
ᎾᏍᎩᏃ ᏞᏍᏗ ᎣᏏᏳ ᏂᏣᏛᏁᎲ ᎤᏐᏅ ᏳᏂᏃᎮᎴᏍᏗ.
17 Efisɛ Onyankopɔn Ahenni no nyɛ adidi ne ɔnom na mmom ɛyɛ trenee, asomdwoe ne ahosɛpɛw a ɛwɔ Honhom Kronkron mu.
ᎤᏁᎳᏅᎯᏰᏃ ᎤᏤᎵᎪᎯ ᎥᏝ ᎠᎵᏍᏓᏴᏗᏉ ᎠᎴ ᎠᏗᏔᏍᏗᏉ ᎨᏒ ᏱᎩ; ᏚᏳᎪᏛᏍᎩᏂ ᎨᏒᎢ, ᎠᎴ ᏅᏩᏙᎯᏯᏛ ᎨᏒᎢ, ᎠᎴ ᎠᎵᎮᎵᏍᏗ ᎨᏒᎢ ᎦᎸᏉᏗᏳ ᎠᏓᏅᏙ ᎢᏳᏩᏂᏌᏛ.
18 Obiara a ɔsom Kristo wɔ saa ɔkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.
ᎩᎶᏰᏃ ᎾᏍᎩ ᎯᎠ ᎤᏮᏗᏕᎬ ᎦᎶᏁᏛ ᎪᎱᏍᏗ ᎠᏛᏁᎮᏍᏗ, ᎾᏍᎩ ᎤᏁᎳᏅᎯ ᏗᎬᏩᏓᏂᎸᎢᏍᏗ ᎨᏎᏍᏗ, ᎠᎴ ᎣᏏᏳ ᎦᎬᏩᏰᎸᏗ ᎨᏎᏍᏗ ᏴᏫ.
19 Ɛno nti ɛsɛ sɛ yetumi tena asomdwoe mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidi a emu yɛ den.
ᎾᏍᎩ ᎢᏳᏍᏗ ᎢᏗᏍᏓᏩᏗᏎᏍᏗ ᎾᏍᎩ ᏙᎯ ᎢᎬᏁᎯ ᎨᏒᎢ, ᎠᎴ ᎾᏍᎩ ᏗᎨᎦᏓᎵᏂᎪᎯᏍᏙᏗ ᎨᏒᎢ.
20 Nnyina aduan so nsɛe nea Onyankopɔn ayɛ. Aduan biara yɛ aduan, nanso sɛ wudi aduan a ɛde ɔfoforo bɛkɔ bɔne mu a ɛyɛ bɔne.
ᏞᏍᏗ ᎤᏁᎳᏅᎯ ᎤᏤᎵ ᏗᎦᎸᏫᏍᏓᏁᏗ ᎨᏒ ᏱᏣᏲᏍᏔᏁᏍᏗ ᎠᎵᏍᏓᏴᏗᏉ ᏱᏅᏧᎵᏍᏙᏔᏁᏍᏗ. ᏄᏓᎴᏒᏰᏃ ᎪᎱᏍᏗ ᎤᏙᎯᏳᎯ ᎦᏓᎭ ᏂᎨᏒᎾ; ᎤᏲᏍᎩᏂ ᎾᏛᏁᎰ ᎾᏍᎩ Ꮎ ᏴᏫ ᎠᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎬ ᎩᎶ ᏱᏗᎪᏕᏍᏗᎭ.
21 Ade trenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wonwe nam, nnom nsa anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua hintidua.
ᎤᏟ ᎤᏏᏳ ᎭᏫᏯ ᎠᎩᏍᏗᏱ ᏂᎨᏒᎾ, ᎠᎴ ᎩᎦᎨ-ᎠᏗᏔᏍᏗ ᎠᏗᏔᏍᏗᏱ ᏂᎨᏒᎾ, ᎠᎴ ᎪᎱᏍᏗ ᎠᏛᏁᏗᏱ ᏂᎨᏒᎾ, ᎾᏍᎩ ᏗᏍᏓᏓᏅᏟ ᏧᏬᏕᏍᏗᏍᎩ, ᎠᎴ ᎤᏍᏢᏂᏍᏗᏍᎩ, ᎠᎴ ᎠᏩᎾᎦᎳ ᎢᏳᏩᏁᎯ.
22 Nea wugye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne nea ɔyɛ nʼapɛde a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn.
ᎪᎯᏳᏗᏍᎪ ᎨᏒ ᏤᎭ? ᏣᏤᎵᏛ ᏦᎯᏳᏎᏍᏗ ᎤᏁᎳᏅᎯ ᎠᎦᏔᎲᎢ. ᏅᏩᏙᎯᏍᏛ ᎤᏓᏅᏖᏍᏗ ᎩᎶ ᏄᏍᏛ ᎣᏏᏳ ᎤᏰᎸᏒ ᎬᏗᏍᎬ ᎤᏩᏒ ᏂᏓᏓᏚᎪᏓᏁᎲᎾ ᎢᎨᏎᏍᏗ.
23 Na sɛ ne tirim nteɛ no wɔ nea odi ho na sɛ odi a, Onyankopɔn bu no atɛn, efisɛ nea ɔyɛ no mfi gyidi mu. Biribiara a emfi gyidi mu no nso yɛ bɔne.
ᎩᎶᏍᎩᏂ ᏧᏢᏫᏎᎯ ᏕᎫᎪᏗᏍᎪ ᎤᏍᎦᏅᏨ ᎢᏳᏃ ᏳᎵᏍᏓᏴᏅ, ᏅᏗᎦᎵᏍᏙᏗᏍᎪ ᏄᏬᎯᏳᏒᎾ ᎨᏒ ᎠᎵᏍᏓᏴᎲᏍᎬᎢ; ᏂᎦᎥᏰᏃ ᎪᎱᏍᏗ ᎪᎯᏳᏗ ᎨᏒ ᏅᏗᏓᎴᎲᏍᎬᎾ ᏱᎩ ᎠᏍᎦᏂ ᎨᏐᎢ.