< Romafo 13 >
1 Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ tumi biara nni hɔ a emfi Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no fi Onyankopɔn.
Ikviens lai ir paklausīgs tām valdīšanām, kam tā vara; jo nekādas valdīšanas nav kā vien no Dieva, un kur valdīšanas ir, tur tās no Dieva ir ieceltas.
2 Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asi no tia nea Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmu ba nʼankasa so.
Tad nu, kas valdīšanai turas pretī, tas turas pretī Dieva likumam. Bet kas pretī turas, tie dabūs savu sodu.
3 Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfo, na mmom wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ no na wosuro atumfo. Wopɛ sɛ woyɛ obi a onsuro nea tumi wɔ ne nsam ana? Ɛno de, yɛ nea ɛteɛ na ɔbɛkamfo wo.
Jo valdnieki nav bijājami labiem darbiem, bet ļauniem; ja tu negribi no valdīšanas bīties, tad dari labu, tad tev būs teikšana no viņas.
4 Efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo a wo yiyedi mu nti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no efisɛ ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn somfo, enti ɔnam Onyankopɔn abufuw so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso.
Jo tā ir Dieva kalpone tev par labu; bet ja tu ļaunu dari, tad bīsties, jo tā zobenu nenes velti, jo tā ir Dieva kalpone, atriebēja ļaundarītājam par sodību.
5 Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuw no nti, na mmom, esiane nim a wunim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no nti.
Tāpēc vajag paklausīt ne vien sodības dēļ bet arī zināmas sirds dēļ.
6 Eyi nti na ɛsɛ sɛ wutua tow, efisɛ sɛ atumfo no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn.
Tāpēc dodat arī meslus. Jo tie ir Dieva sulaiņi, šo savu amatu kopdami.
7 Enti tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapade ho ka, na fa obu ne nidi ma wɔn nyinaa.
Tad nu dodiet ikvienam, kas tam nākas: meslus, kam mesli nākas; muitu, kam muita nākas; bijāšanu, kam bijāšana nākas; godu, kam gods nākas.
8 Nne obiara ka. Ka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforo. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so.
Neesiet nevienam neko parādā, kā vien, ka jūs cits citu mīlat; jo kas otru mīl, tas bauslību ir piepildījis.
9 Mmaransɛm a ɛka se, “Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma wʼani mmere ade,” eyinom ne nea ɛkeka ho nyinaa tiaatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
Jo tas bauslis: tev nebūs laulību pārkāpt, tev nebūs nokaut, tev nebūs zagt, tev nebūs nepatiesu liecību dot, tev nebūs iekārot, un ja vēl ir cits bauslis, tas šinī vārdā top saņemts, proti tanī: tev būs savu tuvāko mīlēt kā sevi pašu.
10 Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so.
Mīlestība tuvākam ļauna nedara; tad nu mīlestība ir bauslības piepildīšana.
11 Ɛsɛ sɛ woyɛ eyi, efisɛ wunim dɔn ko a yɛwɔ mu. Bere adu sɛ wosɔre fi wo nna mu. Efisɛ bere a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa no abɛn sen bere a yegye dii kan no.
Un to dariet, zinādami to laiku, ka tagad mums ir tā stunda celties no miega; jo tagad mūsu pestīšana ir tuvāka, nekā kad mēs palikām ticīgi.
12 Adesae retwa mu, na adekyee reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yennyae nneɛma a ɛyɛ sum de no yɛ, na momfa akode a wɔde ko wɔ hann mu no.
Nakts ir pagājusi un diena tuvu nākusi, tad lai noliekam tumsības darbus un lai apvelkam gaismas ieročus.
13 Momma yɛmmɔ yɛn bra yiye te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsabow, aguamammɔ anaa ahohwi, ɔko anaa anibere nni mu.
Lai tā kā dienā godīgi staigājam, ne rīšanā un plītēšanā, ne izvirtībā un nešķīstībā, ne bāršanā un ienaidībā.
14 Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntama a mufura, na morempɛ sɛ mobɛyɛ nea ɔhonam pɛ.
Bet apvelciet To Kungu Jēzu Kristu un nekopiet miesu uz kārībām.