< Romafo 12 >

1 Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ muso mu.
我的兄弟姐妹们,因为上帝同情你们,所以我鼓励你们把自己的肉体之躯献给上帝,作为圣洁和喜悦的活祭。这是顺理成章的敬拜方式。
2 Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ. (aiōn g165)
不要在这世上随波逐流,要通过思想的灵性新生而蜕变,这样就可以彰显上帝真正的旨意:善良、欢喜和完美。 (aiōn g165)
3 Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka kyerɛ mo nyinaa se, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛnea ɛsɛ sɛ modwene, na mmom monnwene mo ho ahobrɛase mu, na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so.
通过上帝赐予我的恩典,我要向你们所有人解释一点:每个人都有自己应该成为的样子,你不应自视甚高。你应该根据上帝给你的信的程度,理智地看待自己。
4 Sɛnea yɛn mu biara wɔ nipadua a ho akwaa yɛ bebree, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a edi no,
正如人体有很多组成部分,但每个部分的作用不尽相同,
5 saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea.
尽管我们人数众多,但我们的身体与基督相同,我们属于彼此。
6 Yɛwɔ akyɛde ahorow sɛnea wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛde yɛ nkɔmhyɛ a, ma onnyina ne gyidi so mfa nyɛ adwuma.
每个人都拥有不同的恩赐,因上帝赋予我们的恩典而异。如果这是在说上帝,就要根据你信的程度行事。
7 Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom. Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ.
如果应该服侍上帝,就去服侍;如果你应该进行教导,就去教导;
8 Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforo a, ma omfi koma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamye a, ma ɔmfa anigye nyɛ.
如果应该鼓励他人,就去鼓励;如果应该给予,就慷慨给予;如果应该引领,就应承诺予以引领;如果应该慈悲,那应该高兴地这样做。
9 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokware turodoo. Munkyi amumɔyɛ. Mommata nea eye ho.
爱必须真诚。憎恨一切邪恶,紧紧抓住善良。
10 Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho mo ho. Munni afoforo ni nsen mo ho.
像爱你的家人一样对彼此奉献,重视他人胜过自己。
11 Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hyew wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛw nsom Awurade.
不要因付出辛劳而不情愿,要以满腔热忱侍奉主。
12 Munnya anidaso mu anigye, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidi mmɔ mpae.
因你的希望而保持欢乐,接受那即将到来的困难,继续祈祷。
13 Mone Onyankopɔn nkurɔfo a ahia wɔn no nkyɛ nea mowɔ. Mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden.
通过给予满足上帝子民的需求,热情款待陌生人。
14 Munhyira wɔn a wɔtaa mo no. Munhyira wɔn, na monnnome wɔn.
祝福迫害你的人——祝福他们,而不是诅咒。
15 Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.
与快乐之人一起快乐,与哭泣之人一起哭泣。
16 Mo ne afoforo ntena asomdwoe mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfo. Mummmu mo ho anyansafo.
为彼此着想。不要认为自己比别人更重要,要谦逊,不要自负。
17 Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ nea ɛbɛma nnipa de nidi ama mo.
不要以恶报恶。向所有人展示你正在行善,
18 Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne obiara ntena asomdwoe mu.
在你力所能及的范围内,与所有人和平相处。
19 Monntɔ were me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuw ho kwan efisɛ wɔakyerɛw se, “Me na aweretɔ wɔ me, metua ka,” Awurade na ose.
亲爱的朋友们,不要想着报复,上帝自会审判。正如经文所说,“主说:‘我必伸张正义,我必报应。’”
20 Nanso, “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansramma ano gu nʼatifi.”
如果你的仇敌饿了,给他们食物,如果他们渴了,给他们水,这样做就如同把火炭堆在他们头顶。
21 Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.
不可被恶战胜,要以善胜恶。

< Romafo 12 >