< Romafo 11 >

1 Afei mibisa se, Onyankopɔn atow ne man akyene ana? Dabi da. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mifi Benyamin abusua mu.
I say then, did God cast away His people? Let it not be! For I am also an Israelite, of the seed of Abraham, of the tribe of Benjamin:
2 Onyankopɔn ampo ne nkurɔfo a oyii wɔn mfiase no. Munim nea Kyerɛwsɛm no ka fa Elia ho sɛnea ɔkasa tiaa Israelfo wɔ Onyankopɔn anim se,
God did not cast away His people whom He knew before; have you not known—in Elijah—what the Writing says? How he pleads with God concerning Israel, saying,
3 “Awurade, wɔakum wʼadiyifo na wɔadwiriw wʼafɔremuka, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wokum me.”
“LORD, they killed Your prophets, and they dug down Your altars, and I was left alone, and they seek my life”;
4 Mmuae bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kae se, “Mewɔ nnipa mpem ason a wɔnsom ɔbosom Baal.”
but what does the divine answer say to him? “I left to Myself seven thousand men who did not bow a knee to Ba‘al.”
5 Saa ara nso na ɛte nnɛ. Nnipa kakraa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn.
So then also in the present time there has been a remnant according to the [divine] selection of grace;
6 Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a oyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛno de na adom no nyɛ adom turodoo.
and if by grace, no longer of works, otherwise grace becomes no longer grace; and if of works, it is no longer grace, otherwise work is no longer work.
7 Ɛno de na ɛne dɛn? Nea Israelfo tiw akyi hwehwɛe no, wɔn nsa anka, na mmom kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no de, wɔn nsa kae. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn koma
What then? What Israel seeks after, this it did not obtain, and the chosen obtained, and the rest were hardened,
8 sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ bɔtee, ani a ɛmma wonhu ade aso a ɛmma wɔnte asɛm, de besi nnɛ.”
according as it has been written: “God gave to them a spirit of deep sleep, eyes not to see, and ears not to hear, to this very day,”
9 Na Dawid ka se, “Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!
and David says, “Let their table become for a snare, and for a trap, and for a stumbling-block, and for a repayment to them;
10 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade; na wɔn akyi nkuntun afebɔɔ.”
let their eyes be darkened—not to behold, and You always bow down their back.”
11 Afei mibisa se, bere a Yudafo yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛe mu ana? Dabi! Amanamanmufo nam Yudafo no bɔne a wɔyɛɛ no so nyaa nkwagye. Eyi maa Yudafo no twee wɔn ho ninkunu.
I say then, did they stumble that they might fall? Let it not be! But by their fall the salvation [is] to the nations, to arouse them to jealousy;
12 Yudafo no bɔne a wɔyɛɛ no de nnepa brɛɛ wiase na wɔn honhom mu hia a wodii no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufo. Na ɛba sɛ Yudafo no mu bebree bɛka wɔn ho a nhyira mmoroso bɛn na ɛremma?
and if their fall [is] the riches of [the] world, and their diminishment the riches of nations, how much more their fullness?
13 Afei merekasa akyerɛ mo amanamanmufo: Esiane sɛ meyɛ amanamanmufo ɔsomafo nti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho.
For to you I speak—to the nations—inasmuch as I am indeed an apostle of nations, I glorify my ministry;
14 Sɛ ebetumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafo no kɔn adɔ nea mo amanamanmufo nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa.
if I will arouse my own flesh to jealousy by any means, and will save some of them,
15 Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne wiasefo aka abɔ mu a, ɛno de sɛ Onyankopɔn twe wɔn bata ne ho a ɛbɛyɛ dɛn? Ɛbɛyɛ nkwa ama awufo.
for if the casting away of them [is] a reconciliation of the world, what the reception—if not life out of the dead?
16 Sɛ wɔde brodo sin ma Onyankopɔn a, ɛno de, na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ dua no ntin yɛ kronkron a, ne mman no nyinaa nso yɛ kronkron.
And if the first-fruit [is] holy, the lump also; and if the root [is] holy, the branches also.
17 Wɔapenpan ngodua a wɔahyɛ da adua no mman no bi agu, na wɔde ngodua a wɔanhyɛ da annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufo no te sɛ ngodua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei de, mo ne Yudafo no nyinaa nya Onyankopɔn dom a wɔde adom wɔn no pɛ.
And if certain of the branches were broken off, and you, being a wild olive tree, were grafted in among them, and became a fellow-partaker of the root and of the fatness of the olive tree—
18 Nanso monhwɛ yiye na moanhoahoa mo ho sɛ wɔde mo asi mman a wɔapenpan no anan mu. Monkae sɛ moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ ntin.
do not boast against the branches; and if you boast, you do not bear the root, but the root you!
19 Na mobɛka se, “Eye, wobubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn anan mu.”
You will say, then, “The branches were broken off, that I might be grafted in”; right!
20 Yiw, nanso monkae sɛ wɔpenpan saa mman a ɛyɛ Yudafo no, efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na mugye di nti na mowɔ hɔ. Mommma mo ho so, na mmom munsuro nea ebetumi asi.
By unbelief they were broken off, and you have stood by faith; do not be high-minded, but be fearing;
21 Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafo a wɔte sɛ ngodua pa mman no bɔne ankyɛ wɔn a, mususuw sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo ana?
for if God did not spare the natural branches—lest perhaps He also will not spare you.
22 Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamye ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam ye ma mo wɔ bere a mode mo ho ato nʼayamye so. Na sɛ moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpenpan mo.
Behold, then, goodness and severity of God—on those indeed who fell, severity; and on you, goodness, if you may remain in the goodness, otherwise, you also will be cut off.
23 Na sɛ Yudafo no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsan de wɔn ayɛ dua no mman bio. Obetumi ayɛ saa.
And those also, if they may not remain in unbelief, will be grafted in, for God is able to graft them in again;
24 Na sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔde mo a moyɛ wuram ngodua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho de, anka ɛmfa ɔkwan mu a, ɛno de, ɔbɛpɛ no mmoroso sɛ ɔde Yudafo no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa de no ho.
for if you, out of the olive tree, wild by nature, were cut out, and contrary to nature, were grafted into a good olive tree, how much rather will they, who [are] according to nature, be grafted into their own olive tree?
25 Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote ase, sɛnea monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafo no mu bi apirim wɔn koma, nanso sɛ amanamanmufo no nyinaa dan ba Kristo nkyɛn a ɛto betwa.
For I do not wish you to be ignorant, brothers, of this secret—that you may not be wise in your own conceits—that hardness in part to Israel has happened until the fullness of the nations may come in;
26 Enti Israelfo nyinaa benya nkwagye. Mokae nea adiyifo no kaa wɔ eyi ho? “Agyenkwa no befi Sion aba, na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu.
and so all Israel will be saved, according as it has been written: “There will come forth out of Zion He who is delivering, and He will turn away impiety from Jacob,
27 Na medi apam a mene wɔn ayɛ no so na mapepa wɔn bɔne.”
and this to them [is] the covenant from Me when I may take away their sins.”
28 Yudafo no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfo. Na mo, amanamanmufo anya so mfaso, efisɛ Onyankopɔn de nʼakyɛde no ama mo. Nanso Yudafo yɛ ne man a wapaw wɔn ara, esiane bɔ a wahyɛ wɔn nenanom nti,
As regards, indeed, the good tidings, [they are] enemies on your account; and as regards the [divine] selection—beloved on account of the fathers;
29 efisɛ wɔrennan Onyankopɔn akyɛde ne ne frɛ no ani.
for the gifts and the calling of God are irrevocable;
30 Na mo amanamanmufo de, bere a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafo no poo nʼahummɔbɔ no nti Onyankopɔn huu mo mmɔbɔ mmom.
for as you also once did not believe in God, and now found kindness by the unbelief of these,
31 Saa ara nso na esiane adom a moanya no nti, mprempren, Yudafo no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyi no wɔn nso benya Onyankopɔn adom no.
so also these now did not believe, that in your kindness they also may find kindness;
32 Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛnea ɔbɛyɛ adom ama obiara. (eleēsē g1653)
for God shut up together the whole to unbelief, that to the whole He might do kindness. (eleēsē g1653)
33 Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a mu dɔ! Hena na obetumi ahu nʼatemmu mu pɛɛpɛe, na wahu nea nʼakwan nenam.
O depth of riches, and wisdom and knowledge of God! How unsearchable His judgments, and untraceable His ways!
34 “Hena na onim Awurade adwene anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?”
For who knew the mind of the LORD? Or who became His counselor?
35 “Hena na wama Onyankopɔn biribi kan a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?”
Or who first gave to Him, and it will be given back to him again?
36 Efisɛ ade nyinaa fi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsan akɔ ne nkyɛn bio. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen. (aiōn g165)
Because of Him, and through Him, and to Him [are] all things; to Him [is] the glory—for all ages. Amen. (aiōn g165)

< Romafo 11 >