< Romafo 10 >

1 Anuanom, nea me koma pere hwehwɛ yɛ me mpae a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfo sɛ wobenya nkwagye.
Brothers, my heart’s desire and my prayer to God is for Israel, that they may be saved.
2 Metumi adi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ. Nanso wɔn som no mfi nimdeɛ mu.
For I testify about them that they have a zeal for God, but not according to knowledge.
3 Wɔammu trenee a efi Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Eyi amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase.
For being ignorant of God’s righteousness, and seeking to establish their own righteousness, they did not subject themselves to the righteousness of God.
4 Kristo ne mmara no awiei, enti obiara a ogye di no bɛyɛ ɔtreneeni.
For Christ is the fulfillment of the law for righteousness to everyone who believes.
5 Mose kyerɛe sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, obetumi asɔ Onyankopɔn ani, bere a ɔkyerɛw se, “Sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a, ɔnyɛ nea mmara no ka no nyinaa.”
For Moses writes about the righteousness of the law, “The one who does them will live by them.”
6 Nanso wɔn a wɔn gyidi nti Onyankopɔn agye wɔn no, mmisa wɔ wɔn koma mu se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?”
But the righteousness which is of faith says this, “Do not say in your heart, ‘Who will ascend into heaven?’ (that is, to bring Christ down);
7 Na wɔremmisa nso se, “Hena na ɔbɛkɔ awufo asase so akonyan no aba nkwa mu?” (Abyssos g12)
or, 'Who will descend into the Abyss (Abyssos g12)?' (that is, to bring Christ up from the dead.)"
8 Nea Kyerɛwsɛm no ka ni: “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu.” Eyi ne asɛm a ɛfa gyidi ho a yɛka no.
But what does it say? “The word is near you, in your mouth and in your heart;” that is, the word of faith which we preach:
9 Sɛ wopae mu ka se, “Yesu ne Awurade,” na wugye di sɛ Onyankopɔn na onyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa.
that if you will confess with your mouth that Jesus is Lord and believe in your heart that God raised him from the dead, you will be saved.
10 Na yefi koma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye.
For with the heart one believes resulting in righteousness; and with the mouth confession is made resulting in salvation.
11 Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔde ne ho to ne so no, nʼanim rengu ase.”
For the Scripture says, “Whoever believes in him will not be disappointed.”
12 Nsonoe biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na ohyira wɔn a wosu frɛ no.
For there is no distinction between Jew and Greek; for the same Lord is Lord of all, and is rich to all who call on him.
13 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.”
For, “Whoever will call on the name of the Lord will be saved.”
14 Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa benya gyidi wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagye? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn.
How then will they call on him in whom they have not believed? How will they believe in him whom they have not heard? How will they hear without a preacher?
15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no anan yɛ fɛ.”
And how will they preach unless they are sent? As it is written: “How beautiful are the feet of those who preach the Good News of peace, who bring glad tidings of good things!”
16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?”
But they did not all listen to the glad news. For Isaiah says, “Lord, who has believed our report?”
17 Ɛno de, na gyidi no fi asɛm no tie mu, nea yɛte fi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.
So faith comes by hearing, and hearing by the word of God.
18 Nanso mibisa se: Wɔante ana? Mmom wɔtee: “Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.”
But I say, did not they hear? Yes, most certainly, “Their sound went out into all the earth, their words to the ends of the world.”
19 Mibisa bio se, Israelfo ante ase ana? Nea edi kan, Mose ka se, “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me man mpo ho ninkunu. Mede ɔman a wonni ntease bɛhyɛ mo abufuw.”
But I ask, did not Israel know? First Moses says, “I will provoke you to jealousy with that which is no nation. I will make you angry with a nation void of understanding.”
20 Na Yesaia de akokoduru ka se, “Wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me; medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wommisaa mʼase no.”
Isaiah is very bold and says, “I was found by those who did not seek me. I was revealed to those who did not ask for me.”
21 Na nea ɔka faa Israelfo ho ne sɛ, “Da mu nyinaa matrɛw me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”
But about Israel he says, “All day long I stretched out my hands to a disobedient and contrary people.”

< Romafo 10 >