< Romafo 1 >
1 Saa nhoma yi fi me, Paulo, Yesu Kristo somfo a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafo a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn.
Paul, a servant of Jesus Christ, called to be an apostle and set apart for the gospel of God,
2 Wɔnam Onyankopɔn adiyifo so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dedaw no mu.
which he promised beforehand by his prophets in the holy scriptures,
3 Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akokoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho.
concerning his Son who was a descendant of David according to the flesh.
4 Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, efisɛ wonyan no fii awufo mu.
Through the Spirit of holiness he was declared with power to be the Son of God by the resurrection from the dead, Jesus Christ our Lord.
5 Ɛnam Kristo so nti na Onyankopɔn ma meyɛɛ ɔsomafo maa Kristo, sɛnea nnipa nyinaa nam gyidi so bɛyɛ osetie ama Onyankopɔn.
Through him we have received grace and apostleship for obedience of faith among all the nations, for the sake of his name.
6 Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifo no nso moka ho bi.
Among these nations, you also have been called to belong to Jesus Christ.
7 Ɛno nti, merekyerɛw mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifo no: Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
This letter is to all who are in Rome, the beloved of God, who are called to be holy people. May grace be to you, and peace from God our Father and the Lord Jesus Christ.
8 Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, efisɛ mo gyidi a mowɔ no adu wiase mmaa nyinaa.
First, I thank my God through Jesus Christ for all of you, because your faith is proclaimed throughout the whole world.
9 Onyankopɔn a mede me koma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ nea meka no yɛ nokware. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa.
For God is my witness, whom I serve in my spirit in the gospel of his Son, of how continually I make mention of you.
10 Bere biara a mebɔ mpae no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mintumi mmɛsra mo mprempren ara.
I always request in my prayers that by any means I may at last be successful now by the will of God in coming to you.
11 Efisɛ mepere hwehwɛ sɛ mehu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den.
For I desire to see you, that I may give you some spiritual gift, in order to strengthen you.
12 Nea mekyerɛ ne sɛ me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi mu den.
That is, I long to be mutually encouraged among you, through each other's faith, yours and mine.
13 Me nuanom, monkae sɛ bere biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛnea mayɛ wɔ amanamanmufo mu no.
Now I do not want you to be uninformed, brothers, that I often intended to come to you, (but I was hindered until now), in order to have a harvest among you, just as I have had among the rest of the Gentiles.
14 Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani atew ne wɔn a wɔn ani ntewee, wɔn a wɔasua ade ne wɔn a wonsuaa ade nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodi.
I am a debtor both to Greeks and to foreigners, both to the wise and to the foolish.
15 Ɛno nti mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛ mo.
So, as for me, I am ready to proclaim the gospel also to you who are in Rome.
16 Mʼani nwu Asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa nkwa; Yudafo kan na amanamanmufo no nso.
For I am not ashamed of the gospel, for it is the power of God for salvation for everyone who believes, for the Jew first and for the Greek.
17 Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn ma yɛyɛ atreneefo, na ɛnam gyidi so na wama yɛayɛ saa. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa.
For in it God's righteousness is revealed from faith to faith, as it has been written, “The righteous will live by faith.”
18 Onyankopɔn da nʼabufuw adi fi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfo nyinaa ne nnipa a wɔde nokware no hintaw afoforo no.
For the wrath of God is revealed from heaven against all ungodliness and unrighteousness of people, who through unrighteousness hold back the truth.
19 Efisɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn koma mu.
This is because that which is known about God is visible to them. For God has enlightened them.
20 Efi bere a Onyankopɔn bɔɔ wiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔde so tumi hu saa nneɛma yi, enti wonni anoyi biara. (aïdios )
For his invisible qualities, namely his eternal power and divine nature, have been clearly seen, ever since the creation of the world, in the things that have been made. So they are without excuse. (aïdios )
21 Wonim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne nidi a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu.
This is because, although they knew about God, they did not glorify him as God, nor did they give him thanks. Instead, they became foolish in their thoughts, and their senseless hearts were darkened.
22 Wɔka se wɔyɛ anyansafo nanso wɔyɛ nkwaseafo.
They claimed to be wise, but they became foolish.
23 Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onuonyamfo a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne abo yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa som wɔn.
They exchanged the glory of the imperishable God for the likenesses of an image of perishable man, of birds, of four-footed beasts, and of creeping things.
24 Ɛno nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afide a efi wɔn koma mu maa wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwude nso.
Therefore God gave them over to the lusts of their hearts for uncleanness, for their bodies to be dishonored among themselves.
25 Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atosɛm na wɔsom abɔde sen Ɔbɔade a daa wɔkamfo no no. Amen. (aiōn )
It is they who exchanged the truth of God for a lie, and who worshiped and served the creation instead of the Creator, who is praised forever. Amen. (aiōn )
26 Esiane saa nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwude. Na mpo wɔn mmea fa wɔn yɔnkonom mmea.
Because of this, God gave them over to dishonorable passions, for their women exchanged natural relations for those that were unnatural.
27 Saa ara nso na na mmarima ne mmea nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn ma wɔne wɔn ho wɔn ho dae, nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.
Likewise, the men also left their natural relations with women and burned in their lust for one another. These were men who committed shameless acts with men and received in themselves the penalty they deserved for their error.
28 Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokware no nti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom.
Because they did not approve of having God in their awareness, he gave them up to a depraved mind, for them to do those things that are not proper.
29 Amumɔyɛ ahorow nyinaa, bɔne, anibere ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, asisi ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wodii nseku,
They have been filled with all unrighteousness, wickedness, covetousness, and malice. They are full of envy, murder, strife, deceit, and evil intentions. They are gossips,
30 kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforo ho; wokyi Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutuwpɛ, ahantan ne ahomaso. Na daa wodwen sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofo asɛm.
slanderers, haters of God, insolent, arrogant, boastful, inventing ways of doing evil; they are disobedient to parents.
31 Na wonni suban; na wonni wɔn bɔhyɛ so; na wonni ayamye ne ahummɔbɔ ma afoforo.
They are senseless, faithless, heartless, and unmerciful.
32 Na wonim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase wɔ saa ɔkwan no so no sɛ owu. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afide no, na mmom wɔpenee afoforo a wɔyɛɛ saa bɔne koro no ara bi no so.
They understand the regulations of God, that those who practice such things are deserving of death. But not only do they do these things, they also approve of others who do them.