< Adiyisɛm 1 >

1 Saa nhoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfo nea ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne bɔfo kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no,
Ma e fweny ma Nyasaye nomiyo Yesu Kristo mondo onyisgo jotichne gik manyaka timre mapiyo. Kristo nomiyo fwenyni ongʼere ka nooro malaikane mondo onyis Johana jatichne.
2 sɛnea ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ohui. Eyi ne nʼadansedi ne asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn ne nokware a Yesu Kristo daa no adi no.
Johana nyiso gigo duto mane oneno e fweny ma en wach Nyasaye kod weche duto mane Yesu Kristo owacho.
3 Nhyira nka obiara a ɔbɛkenkan saa nhoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wotie adiyisɛm no na wodi so sɛnea wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no. Bere no abɛn.
Ngʼatno masomo weche mokorgi en jahawi kendo ogwedh jogo mawinjo wechegi kendo kano weche mondikgi e chunygi, nikech kinde ma gigi biro timoree chiegni.
4 Yohane, Nkyia a okyia asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia no ni: Adom ne asomdwoe a efi nea ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom ason a wɔwɔ nʼahengua anim,
An Johana, Andiko ni kanise abiriyo manie piny Asia: Ngʼwono kod kwe obednu koa kuom Jal mantie, Jal mane nitie kendo Jal mabiro betie, kendo koa kuom Roho abiriyo manie nyim kom duongʼne,
5 ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wu no so agye yɛn afi yɛn bɔne mu.
kendo moa kuom Yesu Kristo, ma janeno mar adier ma ok lokre, jal mane okwongo chier oa kuom joma otho, jaloch mar ruodhi manie piny. Ne Jal moherowa kendo mosegonyowa kuom richowa gi rembe,
6 Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfo sɛ yɛnsom ne Nyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen. (aiōn g165)
mi osemiyo wadoko oganda mag pinyruodhi kod jodolo matiyone Nyasache kendo Wuon mare kendo wuon-gi, mad duongʼ odogne manyaka chiengʼ! Amin. (aiōn g165)
7 Hwɛ, ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no peaw no ne obiara behu no. Asase so nnipa nyinaa besu no; ne nti
“Neuru, obiro gi boche polo,” kendo “wenge duto nonene, nyaka jogo mane ochwowe gi tongʼ”; kendo ogendini duto “manie piny noywagre nikech en.”
8 Awurade Nyankopɔn Tumfo no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ mprempren na ɔwɔ hɔ dedaw na ɔyɛ nea ɔrebɛba no.”
Ruoth Nyasaye wacho niya, “An e Alfa gi Omega, tiende ni Chakruok kendo Giko, Jal mantie, Jal mane nitie, kendo Jal mabiro betie, Jehova Nyasaye Maratego.”
9 Me Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifo. Yehu amane efisɛ Yesu ne yɛn hene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokware a Yesu daa no adi nti, wotwaa me asu de me kɔɔ Supɔw Patmo so.
An Johana ma owadu, ma bende achiel kodu e sand gi pinyruoth kod dhil e kinda marwa kuom Yesu, ne an e chula mar Fatimo nikech wach Nyasaye, kod timo neno kuom Yesu.
10 Awurade da no, Honhom no faa me na metee nne dennen bi a ɛte sɛ torobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi.
E odiechieng Ruoth, ne an kuom Roho, ne awinjo dwol maduongʼ makok ka turumbete yo kangʼeya.
11 Ɛkae se, “Kyerɛw biribiara a wuhu, na fa nhoma no kɔma saa asafo ahorow ason a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”
Kowacho niya, “Ndik gik moko duto mineno e kitabu kendo orgi ne kanise abiriyogi: Efeso, gi Smurna, gi Pergamo, gi Thuatira, gi Sarde gi Filadelfia kod Laodikia.”
12 Medan mʼani, pɛɛ sɛ mihu nea ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mihuu sikakɔkɔɔ akaneadua ason.
Eka nalokora mondo ane ngʼat mane wuoyo koda. Kane alokora ne aneno rachungi teyni abiriyo mag dhahabu,
13 Na akaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ batakari yuu a esi nʼanan ase a sika abɔso kyekyere ne koko no gyina.
to e dier rachungi teynigo ne nitie ngʼato machalo gi wuod dhano morwakore gi kandho mochopo nyaka e tiende piny, kendo kotweyo kore gi okanda mar dhahabu.
14 Na ne tinwi yɛ fitaa te sɛ asaawamfuturu anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛw sɛ ogya.
Yie wiye ne rachar ka yie rombo, bende ne rachar ka pe, to wengene ne chalo gi mach makakni.
15 Ne nan ase hyerɛnee sɛ asanka a wɔanan wɔ fononoo mu na afei wɔatwiw ho na ne nne woro so te sɛ asuworoe a ano yɛ den.
Tiendene ne pakni ka mula mopwodhi gi mach, bende dwonde ne mor ka pi mopongʼ mawuo.
16 Na okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu na afoa anofanu a ɛyɛ nnam fi nʼanom bae. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinae wia.
E lwete ma korachwich notingʼo sulwe abiriyo, bende ligangla mabith ma dhoge ariyo ne wuok e dhoge. Lela wangʼe ne rieny ka chiengʼ marieny mangʼangʼni.
17 Mihuu no no, mekɔhwee nʼanan ase te sɛ owufo. Ɔde ne nsa nifa too me so kae se, “Nsuro! Mene Ɔkannifo ne Okyikafo.
Kane anene, ne apodho e tiende mana ka ngʼat motho. Eka noketo lwete ma korachwich kuoma mowachona niya, “Kik iluor. An e Jal Mokwongo kendo Jal Mogik.
18 Mene ɔteasefo no! Miwui, nanso mprempren mete ase daa daa. Mikura owu ne asaman safe. (aiōn g165, Hadēs g86)
An e Jal Mangima; ne atho, to koro angima nyaka chiengʼ! An-gi rayaw mar tho kod mar piny joma otho. (aiōn g165, Hadēs g86)
19 “Enti afei kyerɛw nneɛma a wuhu; nea wuhu no mprempren ne nea ɛbɛba akyiri no, kyerɛw.
“Kuom mano, ndik gigo miseneno, gigo mantie kod gigo mabiro timore e kindego mabiro.
20 Nsoromma ason a wuhu wɔ me nsa nifa mu ne sika akaneadua no nkyerɛase a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason no nso yɛ asafo ason no.”
Tiend wach mopandi mar sulwe abiriyo mane ineno e lweta ma korachwich, kod rachungi teyni abiriyogo mag dhahabu ema: Sulwe abiriyogo e malaike mag kanise abiriyo, to rachungi teyni abiriyo gin e kanise abiriyogo.

< Adiyisɛm 1 >