< Adiyisɛm 9 >

1 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto. Mihuu nsoromma a atew fi ɔsoro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebun a ase nni awiei safe. (Abyssos g12)
जब पाँचवें फ़रिश्ते ने नरसिंगा फूँका, तो मैंने आसमान से ज़मीन पर एक सितारा गिरा हुआ देखा, और उसे अथाह गड्ढे की कूंजी दी गई। (Abyssos g12)
2 Nsoromma no buee bun no, na wusiw kumɔnn fii mu sɛ fononoo kɛse bi, na wusiw no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. (Abyssos g12)
और जब उसने अथाह गड्ढे को खोला तो गड्ढे में से एक बड़ी भट्टी का सा धुवाँ उठा, और गड्ढे के धुवें के ज़रिए से सूरज और हवा तारीक हो गई। (Abyssos g12)
3 Mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ nkekantwɛre.
और उस धुवें में से ज़मीन पर टिड्डियाँ निकल पड़ीं, और उन्हें ज़मीन के बिच्छुओं की सी ताक़त दी गई।
4 Wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnnsɛe sare anaa nnua anaa afifide biara. Na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔwano no bi nni wɔn moma so no de, wotumi haw wɔn.
और उससे कहा गया कि उन आदमियों के सिवा जिनके माथे पर ख़ुदा की मुहर नहीं, ज़मीन की घास या किसी हरियाली या किसी दरख़्त को तकलीफ़ न पहुँचे।
5 Wɔamma saa mmoadabi no kwan se wonkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn kwan se wɔnhaw wɔn asram anum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yaw no te sɛ akekantwɛre de.
और उन्हें जान से मारने का नहीं, बल्कि पाँच महीने तक लोगों को तकलीफ़ देने का इख़्तियार दिया गया; और उनकी तकलीफ़ ऐसी थी जैसे बिच्छू के डंक मारने से आदमी को होती है।
6 Saa asram anum no mu no, saa nnipa no bɛhwehwɛ owu, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan afi wɔn nkyɛn.
उन दिनों में आदमी मौत ढूँडेंगे मगर हरगिज़ न पाएँगे, और मरने की आरज़ू करेंगे और मौत उनसे भागेगी।
7 Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim.
उन टिड्डियों की सूरतें उन घोड़ों की सी थीं जो लड़ाई के लिए तैयार किए गए हों, और उनके सिरों पर गोया सोने के ताज थे, और उनके चहरे आदमियों के से थे,
8 Wɔn ti nwi te sɛ mmea ti nwi, na wɔn se nso te sɛ gyata se.
और बाल 'औरतों के से थे, और दाँत बबर के से।
9 Wɔde biribi te sɛ dade nkatabo akatakata wɔn bo. Na nnyigyei a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko.
उनके पास लोहे के से बख़्तर थे, और उनके परों की आवाज़ ऐसी थी रथों और बहुत से घोड़ों की जो लड़ाई में दौड़ते हों।
10 Bɔre wɔwɔ wɔn dua ano te sɛ akekantwɛre de. Na wɔn dua no nti na na wɔwɔ tumi a wɔde haw nnipa asram anum no.
और उनकी दुमें बिच्छुओं की सी थीं और उनमें डंक भी थे, और उनकी दुमों में पाँच महीने तक आदमियों को तकलीफ़ पहुँचाने की ताक़त थी।
11 Wɔwɔ ɔhene a odi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfo a ɔhwɛ bun no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” na Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion” (a ɛkyerɛ Ɔsɛefo). (Abyssos g12)
अथाह गड्ढे का फ़रिश्ता उन पर बादशाह था; उसका नाम 'इब्रानी अबदून और यूनानी में अपुल्ल्योन है। (Abyssos g12)
12 Ɔhaw baako atwa mu. Eyi akyi, ɔhaw abien bi bɛba.
पहला अफ़सोस तो हो चुका, देखो, उसके बाद दो अफ़सोस और होने हैं।
13 Afei ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto. Metee nne bi fii sikakɔkɔɔ afɔremuka a esi Onyankopɔn anim no ntwea so nyinaa.
जब छठे फ़रिश्ते ने नरसिंगा फूँका, तो मैंने उस सुनहरी क़ुर्बानगाह के चारों कोनों के सींगों में से जो ख़ुदा के सामने है, ऐसी आवाज़ सुनी
14 Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a okura torobɛnto no se, “Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn wɔ, Asubɔnten Eufrate ho no.”
कि उस छठे फ़रिश्ते से जिसके पास नरसिंगा था, कोई कह रहा है, बड़े दरिया, “या'नी फ़ुरात के पास जो चार फ़रिश्ते बँधे हैं उन्हें खोल दे।”
15 Wɔsansan abɔfo baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwerew yi, saa da yi, saa ɔsram yi ne saa afe yi sɛ wonkunkum adesamma mu nkyɛmu abiɛsa mu baako.
पस वो चारों फ़रिश्ते खोल दिए गए, जो ख़ास घड़ी और दिन और महीने और बरस के लिए तिहाई आदमियों के मार डालने को तैयार किए गए थे;
16 Wodii asraafo ɔpepem ahannu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodow no ho amanneɛ ma metee.
और फ़ौजों के सवार में बीस करोड़ थे; मैंने उनका शुमार सुना।
17 Na mʼanisoadehu no mu no, mihuu apɔnkɔ no ne wɔn akafo. Na wɔn nkatabo no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm, ne akokɔsrade sɛ sufre. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti na na ogya wusiw ne sufre fi wɔn anom.
और मुझे उस रोया में घोड़े और उनके ऐसे सवार दिखाई दिए जिनके बख़्तर से आग और धुवाँ और गंधक निकलती थी।
18 Saa ɔhaw ahorow abiɛsa no a ɛyɛ ogya, wusiw ne sufre no a efi apɔnkɔ no anom bae no kum adesamma nkyɛmu abiɛsa mu baako.
इन तीनों आफ़तों यानी आग, धुआं, और गंधक, सी जो उनके मुँह से निकलती थी, तिहाई लोग मारे गए।
19 Efisɛ na apɔnkɔ no tumi nyinaa fi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.
क्यूँकि उन घोड़ों की ताक़त उनके मुँह और उनकी दुमों में थी, इसलिए कि उनकी दुमें साँपों की तरह थीं और दुमों में सिर भी थे, उन्हीं से वो तकलीफ़ पहुँचाते थे।
20 Adesamma a wɔkae no a ɔhaw no ankum wɔn no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne asanka ne abo ne nnua a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnantew no som.
और बाक़ी आदमियों ने जो इन आफ़तों से न मरे थे, अपने हाथों के कामों से तौबा न की, कि शयातीन की और सोने और चाँदी और पीतल और पत्थर लकड़ी के बुतों की इबादत करने से बा'ज़ आते, जो न देख सकती हैं न सुन सकती हैं न चल सकती हैं;
21 Saa ara nso na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn akorɔmmɔ ho.
और जो ख़ून और जादूगरी और हरामकारी और चोरी उन्होंने की थी, उनसे तौबा न की।

< Adiyisɛm 9 >