< Adiyisɛm 8 >

1 Bere a Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so ason no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwerew fa.
Коли [Агнець] відкрив сьому печатку, на небі десь на пів години настала тиша.
2 Afei mihuu abɔfo baason a wogyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntorobɛnto ason.
І я побачив сім ангелів, що стоять перед Богом; і їм було дано сім сурм.
3 Ɔbɔfo foforo a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhuam adaka begyinaa afɔremuka no ho. Wɔmaa no aduhuam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpae nka Onyankopɔn nkurɔfo no de ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a esi ahengua no anim no so afɔre.
Інший ангел, який мав золоту кадильницю, прийшов і став біля жертовника. Йому було дано багато пахощів із молитвами святих на золотому жертовнику перед престолом.
4 Aduhuam no hua ne Onyankopɔn nkurɔfo mpae fi abɔfo no nsam kɔɔ ɔsoro.
Дим ладану разом із молитвами святих піднімався до Бога з руки ангела.
5 Afei ɔbɔfo no faa aduhuam adaka no de ogya a efi afɔremuka no so hyɛɛ no ma, tow kyenee asase so. Na aprannaa ne nne ahorow ne anyinam ne asasewosow bae.
Тоді ангел узяв кадильницю, наповнив її вогнем із жертовника й кинув на землю; і пролунали громи та голоси, спалахнули блискавки й стався землетрус.
6 Na abɔfo baason a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.
Тоді сім ангелів, які мали сім сурм, підготувалися сурмити.
7 Ɔbɔfo a odi kan no hyɛn ne torobɛnto. Na mparuwbo ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee. Nnua nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee, na wura amono nyinaa nso hyewee.
[Коли] перший ангел засурмив, то з’явилися град та вогонь, змішані з кров’ю, і все це було кинуто на землю. І вигоріла третина землі, третина дерев і вся зелена трава.
8 Afei ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto. Wɔtow biribi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ɛredɛw kyenee po mu. Po no nkyɛmu abiɛsa mu baako dan mogya.
[Коли] другий ангел засурмив, щось схоже на величезну гору, охоплену вогнем, було кинуто в море. І третина моря перетворилася на кров,
9 Na abɔde a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako wuwui, na ahyɛn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bobɔe.
третина живих істот у морі загинула й третина кораблів була знищена.
10 Afei ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa hyɛn ne torobɛnto. Nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn tew fii ɔsoro bɛhwee nsu nkyɛmu abiɛsa mu baako mu.
[Коли] третій ангел засурмив, то велика зірка, палаючи, як смолоскип, упала з неба на третину річок і джерела води.
11 Nsoromma no din de “Anwɔnwen.” Nsu no nkyɛmu abiɛsa mu baako yɛɛ nwen, na nnipa a wɔnomee no mu bebree wuwui, efisɛ na ayɛ nwen.
Ім’я зірки – Полин. І третина вод стала як полин, і багато людей загинуло, бо вода стала гіркою.
12 Afei ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyɛmu abiɛsa mu baako, ne ɔsram nkyɛmu abiɛsa mu baako ne nsoromma nkyɛmu abiɛsa mu baako sen ma no duruu sum, enti adekyee mu nkyɛmu abiɛsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.
[Коли] четвертий ангел засурмив, третина Сонця, третина Місяця й третина зірок потемніла. Третина дня була без світла, як і третина ночі.
13 Na merehwɛ no, metee sɛ ɔkɔre bi a watu nam wim teɛ mu se, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wonnue, wonnue esiane torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nti.”
І я побачив та почув, як орел, що летів посеред неба, гучно вигукнув: «Горе! Горе! Горе мешканцям землі від звуку сурм інших трьох ангелів, які мають засурмити!»

< Adiyisɛm 8 >