< Adiyisɛm 7 >
1 Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase ntwea anan no so a wɔretwe mframanan a ɛwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara.
ཨནནྟརཾ ཙཏྭཱརོ དིཝྱདཱུཏཱ མཡཱ དྲྀཥྚཱཿ, ཏེ པྲྀཐིཝྱཱཤྩཏུརྵུ ཀོཎེཥུ ཏིཥྛནཏཿ པྲྀཐིཝྱཱཾ སམུདྲེ ཝྲྀཀྵེཥུ ཙ ཝཱཡུ ཪྻཐཱ ན ཝཧེཏ྄ ཏཐཱ པྲྀཐིཝྱཱཤྩཏུརོ ཝཱཡཱུན྄ དྷཱརཡནྟི།
2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne po no.
ཨནནྟརཾ སཱུཪྻྱོདཡསྠཱནཱད྄ ཨུདྱན྄ ཨཔར ཨེཀོ དཱུཏོ མཡཱ དྲྀཥྚཿ སོ྅མརེཤྭརསྱ མུདྲཱཾ དྷཱརཡཏི, ཡེཥུ ཙརྟུཥུ དཱུཏེཥུ པྲྀཐིཝཱིསམུདྲཡོ རྷིཾསནསྱ བྷཱརོ དཏྟསྟཱན྄ ས ཨུཙྩཻརིདཾ ཨཝདཏ྄།
3 Ɔbɔfo no kae se, “Monnsɛe asase ne po anaa nnua kosi sɛ yɛde nsɔwano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfo no agyirae.”
ཨཱིཤྭརསྱ དཱསཱ ཡཱཝད྄ ཨསྨཱབྷི རྦྷཱལེཥུ མུདྲཡཱངྐིཏཱ ན བྷཝིཥྱནྟི ཏཱཝཏ྄ པྲྀཐིཝཱི སམུདྲོ ཏརཝཤྩ ཡུཥྨཱབྷི རྣ ཧིཾསྱནྟཱཾ།
4 Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔwano hyɛɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no dodow. Wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ɔha aduanan anan a, wɔn nyinaa fi Israel mmusuakuw no mu.
ཏཏཿ པརཾ མུདྲཱངྐིཏལོཀཱནཱཾ སཾཁྱཱ མཡཱཤྲཱཝི། ཨིསྲཱཡེལཿ སཪྻྭཝཾཤཱཡཱཤྩཏུཤྩཏྭཱརིཾཤཏྶཧསྲཱདྷིཀལཀྵལོཀཱ མུདྲཡཱངྐིཏཱ ཨབྷཝན྄,
5 Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Ruben abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Gad abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.
ཨརྠཏོ ཡིཧཱུདཱཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི རཱུབེཎཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི གཱདཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི,
6 Aser abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Naftali abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Manase abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.
ཨཱཤེརཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི ནཔྟཱལིཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི མིནཤིཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི,
7 Simeon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Lewi abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Isakar abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.
ཤིམིཡོནཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི ལེཝིཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི ཨིཥཱཁརཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི,
8 Sebulon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Yosef abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.
སིབཱུལཱུནཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི ཡཱུཥཕཝཾཤེ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི བིནྱཱམཱིནཝཾཤེ ཙ དྭཱདཤསཧསྲཱཎི ལོཀཱ མུདྲཱངྐིཏཱཿ།
9 Eyi akyi no, mihuu nnipakuw a obiara ntumi nkan wɔn dodow. Wofifi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu a wogyinagyina ahengua no ne Oguamma no anim a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa, kurakura berɛw.
ཏཏཿ པརཾ སཪྻྭཛཱཏཱིཡཱནཱཾ སཪྻྭཝཾཤཱིཡཱནཱཾ སཪྻྭདེཤཱིཡཱནཱཾ སཪྻྭབྷཱཥཱཝཱདིནཱཉྩ མཧཱལོཀཱརཎྱཾ མཡཱ དྲྀཥྚཾ, ཏཱན྄ གཎཡིཏུཾ ཀེནཱཔི ན ཤཀྱཾ, ཏེ ཙ ཤུབྷྲཔརིཙྪདཔརིཧིཏཱཿ སནྟཿ ཀརཻཤྩ ཏཱལཝྲྀནྟཱནི ཝཧནྟཿ སིཾཧཱསནསྱ མེཥཤཱཝཀསྱ ཙཱནྟིཀེ ཏིཥྛནྟི,
10 Wɔteɛɛ mu se, “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguamma no.”
ཨུཙྩཻཿསྭརཻརིདཾ ཀཐཡནྟི ཙ, སིཾཧཱསནོཔཝིཥྚསྱ པརམེཤསྱ ནཿ སྟཝཿ། སྟཝཤྩ མེཥཝཏྶསྱ སམྦྷཱུཡཱཏ྄ ཏྲཱཎཀཱརཎཱཏ྄།
11 Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn
ཏཏཿ སཪྻྭེ དཱུཏཱཿ སིཾཧཱསནསྱ པྲཱཙཱིནཝརྒསྱ པྲཱཎིཙཏུཥྚཡསྱ ཙ པརིཏསྟིཥྛནྟཿ སིཾཧཱསནསྱཱནྟིཀེ ནྱཱུབྫཱིབྷཱུཡེཤྭརཾ པྲཎམྱ ཝདནྟི,
12 kae se, “Amen! Nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn de daa daa! Amen!” (aiōn )
ཏཐཱསྟུ དྷནྱཝཱདཤྩ ཏེཛོ ཛྙཱནཾ པྲཤཾསནཾ། ཤཽཪྻྱཾ པརཱཀྲམཤྩཱཔི ཤཀྟིཤྩ སཪྻྭམེཝ ཏཏ྄། ཝརྟྟཏཱམཱིཤྭརེ྅སྨཱཀཾ ནིཏྱཾ ནིཏྱཾ ཏཐཱསྟྭིཏི། (aiōn )
13 Mpanyimfo no mu baako bisaa me se, “Ɛhefo na wɔhyehyɛ ntade fitafitaa yi, na wofi he?”
ཏཏཿ པརཾ ཏེཥཱཾ པྲཱཙཱིནཱནཱམ྄ ཨེཀོ ཛནོ མཱཾ སམྦྷཱཥྱ ཛགཱད ཤུབྷྲཔརིཙྪདཔརིཧིཏཱ ཨིམེ ཀེ? ཀུཏོ ཝཱགཏཱཿ?
14 Mibuae se, “Minnim, owura. Na wo na wunim.” Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne wɔn a wɔafi ɔtaa mu. Wɔde Oguamma no mogya ahoro wɔn ntade ama ayɛ fitaa.
ཏཏོ མཡོཀྟཾ ཧེ མཧེཙྪ བྷཝཱནེཝ ཏཏ྄ ཛཱནཱཏི། ཏེན ཀཐིཏཾ, ཨིམེ མཧཱཀླེཤམདྷྱཱད྄ ཨཱགཏྱ མེཥཤཱཝཀསྱ རུདྷིརེཎ སྭཱིཡཔརིཙྪདཱན྄ པྲཀྵཱལིཏཝནྟཿ ཤུཀླཱིཀྲྀཏཝནྟཤྩ།
15 Na ɛno nti na, “wogyinagyina Onyankopɔn ahengua anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Nea ɔbɛtena ahengua no so no bɛbɔ wɔn ho ban.
ཏཏྐཱརཎཱཏ྄ ཏ ཨཱིཤྭརསྱ སིཾཧཱསནསྱཱནྟིཀེ ཏིཥྛནྟོ དིཝཱརཱཏྲཾ ཏསྱ མནྡིརེ ཏཾ སེཝནྟེ སིཾཧཱསནོཔཝིཥྚོ ཛནཤྩ ཏཱན྄ ཨདྷིསྠཱསྱཏི།
16 Osukɔm renne wɔn bio; ɔkɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renka wɔn bio.
ཏེཥཱཾ ཀྵུདྷཱ པིཔཱསཱ ཝཱ པུན རྣ བྷཝིཥྱཏི རཽདྲཾ ཀོཔྱུཏྟཱཔོ ཝཱ ཏེཥུ ན ནིཔཏིཥྱཏི,
17 Efisɛ Oguamma no a ɔwɔ ahengua no mfimfini no bɛyɛ wɔn guanhwɛfo de wɔn akɔ nkwa asuti ho. Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisu nyinaa.”
ཡཏཿ སིཾཧཱསནཱདྷིཥྛཱནཀཱརཱི མེཥཤཱཝཀསྟཱན྄ ཙཱརཡིཥྱཏི, ཨམྲྀཏཏོཡཱནཱཾ པྲསྲཝཎཱནཱཾ སནྣིདྷིཾ ཏཱན྄ གམཡིཥྱཏི ཙ, ཨཱིཤྭརོ྅པི ཏེཥཱཾ ནཡནབྷྱཿ སཪྻྭམཤྲུ པྲམཱརྐྵྱཏི།