< Adiyisɛm 6 >
1 Afei mihuu sɛ Oguamma no atew nsɔwano ason no mu nea edi kan no ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka se, “Bra!”
I saw when the Lamb opened one of the seven seals, and I heard one of the four living creatures saying, as with a voice of thunder, "Come."
2 Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛw. Ɔkɔɔ sɛ nkonimdifo kodii nkonim.
And I looked, and suddenly there was a white horse, and he who sat on it had a bow. A crown was given to him, and he came forth conquering, and to conquer.
3 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, “Bra!”
When he opened the second seal, I heard the second living creature saying, "Come."
4 Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Ɔmaa nea ɔte ne so no tumi se ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no afoa kɛse bi.
Another came forth, a fiery red horse. To him who sat on it was given power to take peace from the earth, and that they should kill one another. There was given to him a great sword.
5 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kura nsania abien.
When he opened the third seal, I heard the third living creature saying, "Come." And I saw, and suddenly there was a black horse and he who sat on it had a balance in his hand.
6 Metee biribi te sɛ nne bi fii ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Awi susukoraa yɛ da koro akatua, na aburow susukoraa abiɛsa nso yɛ da koro akatua. Nanso nsɛe ngo ne bobesa no!”
I heard something like a voice in the midst of the four living creatures saying, "A choenix of wheat for a denarius, and three choenixes of barley for a denarius. Do not damage the oil and the wine."
7 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anan no ano na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, “Bra!”
When he opened the fourth seal, I heard the fourth living creature saying, "Come."
8 Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din “Owu,” na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu anan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn. (Hadēs )
And I looked, and suddenly there was a pale horse, and he who sat on it, his name was Death. Hell followed with him. Authority over one fourth of the earth, to kill with the sword, with famine, with death, and by the wild animals of the earth was given to him. (Hadēs )
9 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anum no ano. Mihuu afɔremuka bi, na ase na wɔn a wokum wɔn wɔ asɛmpa no ne gyidi no ho adansedi akra wɔ.
When he opened the fifth seal, I saw underneath the altar the souls of people who had been killed for the Word of God, and for the testimony which they had.
10 Wɔde nne a ano yɛ den kae se, “Otumfo Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafo! Woretwɛn akosi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wokunkum yɛn?”
They called out with a loud voice, saying, "How long, Master, the holy and true, until you judge and avenge our blood on those who dwell on the earth?"
11 Wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntwɛn kakra nkosi sɛ wobekum wɔn nuanom asomfo abɛka wɔn ho.
A long white robe was given to each of them. They were told that they should rest yet for a little longer, until their fellow servants and their brothers, who would also be killed even as they were, should complete their course.
12 Na mihuu sɛ Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so asia no ano. Na asasewosow a ano yɛ den ba maa owia yɛɛ tumm sɛ birisii, na ɔsram yɛɛ kɔɔ sɛ mogya.
I saw when he opened the sixth seal, and there was a great earthquake. The sun became black as sackcloth made of hair, and the whole moon became as blood.
13 Na nsoromma tetew fii soro bɛhwee asase so te sɛnea mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bun ma ɛtetew gu fam pɛ.
The stars of the sky fell to the earth, like a fig tree dropping its unripe figs when it is shaken by a great wind.
14 Ɔsoro yeraa te sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne asupɔw fii wɔn atenae.
The sky was removed like a scroll when it is rolled up. Every mountain and island were moved out of their places.
15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu.
The kings of the earth, the princes, the commanding officers, the rich, the strong, and every slave and free person, hid themselves in the caves and in the rocks of the mountains.
16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani renhu yɛn, na yemfi Oguamma no abufuw ano.
They told the mountains and the rocks, "Fall on us, and hide us from the face of him who sits on the throne, and from the wrath of the Lamb,
17 Wɔn abufuw no da kɛse adu, na hena na obetumi agyina ano?”
for the great day of their wrath has come; and who is able to stand?"