< Adiyisɛm 5 >
1 Mihuu sɛ nea ɔte ahengua so no kura nhoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔakyerɛw akyi ne anim nyinaa a wɔde nsɔwano ason asosɔw ano.
我看見在那坐於寶座者的右手上,有一書卷,內外都寫著字,用七個印密封著。
2 Mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse kae se, “Hena na ɔfata sɛ ɔtew nsɔwano no na obue nhoma no mu?”
我又看見一位強有力的天使大聲宣佈說:「誰當得起展開這書卷,開啟它的印呢?」
3 Nanso wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a otumi buee nhoma no mu hwɛɛ mu.
但是,不論在天上、地上、或地下,沒有一個能展開那書卷的,沒有能閱讀它的。
4 Misui yiye, efisɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔhwɛ mu.
我就大哭起來,因為沒有找著一位當得起展開那書卷,和閱讀它的。
5 Afei ɔpanyin baako ka kyerɛɛ me se, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ofi Yuda abusuakuw mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na obetumi atetew nsɔwano ason no na wabue nhoma no mu.”
長老中有一位對我說:「不要哭!看,那出於猶大支派中的獅子,達味的苗裔已得了勝利,他能展開那書卷和那七個印。」
6 Afei mihuu Oguamma bi sɛ ogyina ahengua no mfimfini a ateasefo baanan no ne mpanyimfo no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na Oguamma no sɛ nea wɔakum no. Na ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason no a wɔasoma wɔn aba wiase no.
我就看見在寶座和四個活物中間,並在長老們中間,站著一隻羔羊,好像被宰殺過的,他有七個角和七隻眼:那眼睛就是被派往全地的天主的七神。
7 Oguamma no kogyee nhoma no fii nea ɔte ahengua so no nsa nifa mu.
他於是前來,從坐在寶座上的那位右手中接了那書卷。
8 Ɔyɛɛ saa no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no butubutuw Oguamma no anim. Na wɔn mu biara kura sanku ne sika ayowa a aduhuam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefo mpae.
當他接那書卷的時候,那四個活物和那二十四位長老,都俯伏在羔羊前,各拿著弦琴和盛滿了香料的金盂--這香料即是眾聖徒的祈禱,
9 Wɔtoo dwom foforo se, “Wofata sɛ wofa nhoma no na wotew ne nsɔwano no. Efisɛ wokum wo, na ɛnam wo wu so ma wɔtɔɔ nnipa fii aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.
並唱新歌說:「惟有你當得起接受那書卷和開啟它的印,因為你曾被宰殺,曾用你的血,從各支派、各異語、各民族、各邦國中,把人贖來歸於天主,
10 Wɔayɛ wɔn asɔfo ahemman sɛ wɔnsom yɛn Nyankopɔn na wobedi asase so hene.”
並使他們成為國度和司祭,事奉我們的天主;他們必要為王,統治世界。」
11 Bio mehwɛe, na metee abɔfo mpempem nka. Na wɔatwa ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no ho ahyia
我又看見,且聽見在寶座、活物和長老的四周,有許多天使的聲音,他們的數目千千萬萬,
12 reto dwom dennen se, “Oguamma a wokum no no fata sɛ ogye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nkamfo!”
大聲喊說:「被宰殺的羔羊堪享權能、富裕、智慧、勇毅、尊威、光榮、和讚頌!」
13 Na metee sɛ abɔde a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔde biara a ɛwɔ po mu ne abɔde biara a ɛwɔ wiase nyinaa reto dwom se, “Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi, nka nea ɔte ahengua no so ne Oguamma no, (aiōn )
此後我又聽見一切受造物,即天上、地上、地下和海中的萬物都說:「願讚頌、尊威、光榮和權力,歸於坐在寶座上的那位和羔羊,至於無窮之世!」 (aiōn )
14 Abɔde anan no gyee so se, “Amen!” Na mpanyimfo no butubutuw hɔ somee.
那四個活物就答說:「阿們。」長老們遂俯伏朝拜。