< Adiyisɛm 22 +
1 Ɔbɔfo no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani tew kurunnyenn sɛ ahwehwɛ a efi Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua so,
又指示給我一條生命之水的河流,光亮有如水晶,從天主和羔羊的寶座那裏湧出,
2 na ɛsen fa kurow no tempɔn kɛse no mfimfini. Nkwa dua si asu no fa biara a afe biara ɛsow aba ahorow dumien wɔ ɔsram biara. Wɔde so ahaban no sa aman ahorow no yare.
流在城的街道中央;沿河兩岸,有生命樹,一年結十二次果子,每月結果一次,樹的葉子可治好萬民。
3 Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kurow no mu. Wobehu Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua wɔ kurow no mu na nʼasomfo bɛsom no.
一切詛咒不再存在了。天主和羔羊的寶座必在其中,他的眾僕要欽崇他,
4 Wobehu nʼanim na wɔbɛkyerɛw ne din agu wɔn moma so.
瞻望他的容貌;他們的額上常帶著他的名字。
5 Ade rensa wɔ hɔ bio, na akanea anaa hann ho nhia, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wobedi ade sɛ ahene daa daa. (aiōn )
也不在有黑夜了,他們不需要燈光,也不需要日光,因為上主天主要光照他們;他們必要為王,至於無窮之世。 (aiōn )
6 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Saa nsɛm yi yɛ nokware a wode wo ho to so a, eye. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifo no somaa ne bɔfo se ɔmmɛkyerɛ nʼasomfo nea ɛbɛba nnansa yi ara no.”
天使又給我說:「這些話都是可信而真實的,因為是賜先知神恩的上主天主,派遣了自己的使者,把那些必須快要發生的事指示給自己的僕人們。」「
7 Yesu kae se, “Muntie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wotie adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no!”
記住!我快要來。凡遵守本書預言的,是有福的。」
8 Me Yohane, mate na mahu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, huu ne nyinaa wiei no, mibutuw ɔbɔfo no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa no nan ase pɛɛ sɛ mesom no.
我若望聽見了,也看見了這一切;我聽完看完以後,便俯伏在指示我這些事的那天使腳前,要朝拜他;
9 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfo te sɛ wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nhoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”
他卻對我說:「萬不可這樣作!我只是你和你的弟兄諸先知,以及那些遵守本書預言的同僕,你只該朝拜天主。」
10 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no so, efisɛ bere no abɛn.
耶穌對我說:「你不可密封本書的預言,因為時期已臨近了。
11 Obiara a ɔyɛ bɔne no nkɔ so nyɛ bɔne, na nea ɔyɛ fi no nkɔ so nyɛ fi; nea ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na nea ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.”
讓不義的,仍行不義罷!讓污穢的,仍舊污穢罷!讓行義的,仍舊行義罷!讓聖潔的,仍舊聖潔罷!
12 Hwɛ! Mereba ntɛm! Mikura mʼakatua sɛ mede rebɛma obiara sɛnea nʼadwumayɛ te.
記住!我快要來。我隨身帶著報酬,要按照各人的行為還報各人。
13 Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyikafo, Mfiase ne Awiei.
我是「阿耳法」和「敖默加,」最初的和最末的,元始和終末。
14 “Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntade ma efi, na wɔn na wɔwɔ ho kwan sɛ wodi nkwa dua no aba na wɔfa kurow no pon no mu.
那些洗淨自己衣服的,是有福的!他們有吃生命樹果的權利,並得由門進入聖城。
15 Na Kurow no akyi na akraman ne asumanfo ne nguamanfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi atoro no nyinaa wɔ.
凡為狗的,行邪術的,姦淫的,殺人的,拜偶像的,以及一切喜愛撒謊並實在撒謊的人,都留在城外。
16 “Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nhoma yi nyinaa ho amanneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.”
我耶穌派遣了我的使者,給你們證明了有關教會的這些事。我是出於達味家族的後裔,我是那顆明亮的晨星。」
17 Honhom no ne ayeforo no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka se, ‘Bra!’ Na nea osukɔm de no no mmra, na nea ɔpɛ no nso, ommegye nkwa nsu no kwa.”
聖神和新娘都說:「你來罷!」凡聽見的也要說:「你來罷!」凡口渴的,請來罷!凡願意的,可白白領取生命的水,
18 Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no kɔkɔ se: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotwe bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nhoma yi mu no ho.
我向一切聽本書預言的人警告說:誰若在這些預言上加添什麼,天主必要把載於本書上的災禍,加在他身上;
19 Na sɛ obi nso yi bi fi adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya wɔ nkwa dua no ne kurow Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma yi mu no.
誰若從這書上的預言刪除什麼,天主必要從本書所載的生命樹和聖城中,刪除他的名分。
20 Nea odi nhoma yi ho adanse no ka se, “Yiw! Mereba ntɛm!” Amen. Bra, Awurade Yesu!
為這些事而作證的那位說:「的確,我快要來。」「阿們。主耶穌,你來罷!」
21 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefo nyinaa. Amen.
願主耶穌的恩寵與眾聖徒同在!阿們。