< Adiyisɛm 21 >

1 Afei mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan ɔsoro ne kan asase no atwa mu, na po nso nni hɔ bio.
我また新しき天と新しき地とを見たり。これ前の天と前の地とは過ぎ去り、海も亦なきなり。
2 Na mihuu Kurow Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforo sɛ efi Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforo a ɔrekohyia ne kunu.
我また聖なる都、新しきエルサレムの、夫のために飾りたる新婦のごとく準備して、神の許をいで、天より降るを見たり。
3 Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, “Afei, Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn.
また大なる聲の御座より出づるを聞けり。曰く『視よ、神の幕屋、人と偕にあり、神、人と偕に住み、人、神の民となり、神みづから人と偕に在して、
4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwa mu.”
かれらの目の涙をことごとく拭ひ去り給はん。今よりのち死もなく、悲歎も號叫も苦痛もなかるべし。前のもの既に過ぎ去りたればなり』
5 Afei nea ɔte ahengua no so no kae se, “Afei mereyɛ nneɛma nyinaa foforo!” Ɔka kyerɛɛ me nso se, “Kyerɛw eyi, efisɛ saa nsɛm yi yɛ nokware a wɔde wɔn ho to so.”
かくて御座に坐し給ふもの言ひたまふ『視よ、われ一切のものを新にするなり』また言ひたまふ『書き記せ、これらの言は信ずべきなり、眞なり』
6 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Mfiase ne Awiei no. Obiara a osukɔm de no no, mɛma no nsu a efi nkwa asuti mu anom kwa.
また我に言ひたまふ『事すでに成れり、我はアルパなり、オメガなり、始なり、終なり、渇く者には價なくして生命の水の泉より飮むことを許さん。
7 Obiara a obedi nkonim no benya eyi afi me nkyɛn. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.
勝を得る者は此 等のものを嗣がん、我はその神となり、彼は我が子とならん。
8 Nanso ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyiwadeyɛfo ne awudifo ne nguamanfo ne asumanfo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw wɔ mu no mu. Ɛno ne owuprenu no.” (Limnē Pyr g3041 g4442)
されど臆するもの、信ぜぬもの、憎むべきもの、人を殺すもの、淫行のもの、咒術をなすもの、偶像を拜する者および凡て僞る者は、火と硫黄との燃ゆる池にて其の報を受くべし、これ第二の死なり』 (Limnē Pyr g3041 g4442)
9 Abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforo a ɔyɛ Oguamma no yere no.”
最後の七つの苦難の滿ちたる七つの鉢を持てる七人の御使の一人きたり、我に語りて言ふ『來れ、われ羔羊の妻なる新婦を汝に見せん』
10 Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resian aba fam.
御使、御靈に感じたる我を携へて大なる高き山にゆき、聖なる都エルサレムの、神の榮光をもて神の許を出でて天より降るを見せたり。
11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdemmo a ɛsɛ ahwehwɛbo a ani tew sɛ ahwehwɛ.
その都の光輝はいと貴き玉のごとく、透徹る碧玉のごとし。
12 Na ne fasu no wɔ ahoɔden na ɛware yiye nso. Apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ so. Na ɔpon biara so no wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu baako din.
此處に大なる高き石垣ありて十二の門あり、門の側らに一人づつ十二の御使あり、門の上に一つづつイスラエルの子孫の十二の族の名を記せり。
13 Apon abiɛsa wɔ apuei; abiɛsa wɔ anafo; abiɛsa wɔ atifi na abiɛsa wɔ atɔe.
東に三つの門、北に三つの門、南に三つの門、西に三つの門あり。
14 Wosii kurow no afasu sii abo dumien a wɔakyerɛw Oguamma no asomafo dumien no din wɔ so no so.
都の石垣には十二の基あり、これに羔羊の十二の使徒の十二の名を記せり。
15 Ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ pema susudua a wɔde besusuw kurow no, nʼapon ne nʼafasu.
我と語る者は都と門と石垣とを測らん爲に金の間竿を持てり。
16 Na kurow no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛw yɛ pɛ. Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem abien ne ahannan, na ne trɛw, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.
都は方形にして、その長さ廣さ相 均し。彼は間竿にて都を測りしに一千 二百 町あり、長さ廣さ高さみな相 均し。
17 Ɔbɔfo no susuw ɔfasu no nso a na ne sorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia.
また石垣を測りしに、人の度すなはち御使の度に據れば百 四十 四 尺あり。
18 Ahwehwɛbo na ɔde too afasu no. Na kurow no de, sikakɔkɔɔ ankasa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toe.
石垣は碧玉にて築き、都は清らかなる玻璃のごとき純金にて造れり。
19 Wɔde aboɔdemmo ahorow a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kurow no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo. Fapem a ɛto so abien yɛ hoabo. Fapem a ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo. Fapem a ɛto so anan yɛ ahabammono bo.
都の石垣の基はさまざまの寶石にて飾れり。第一の基は碧玉、第二は瑠璃、第三は玉髓、第四は緑玉、
20 Fapem a ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo. Fapem a ɛto so asia yɛ bogyanambo. Fapem a ɛto so ason yɛ sikabereɛbo. Fapem a ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo. Fapem a ɛto so akron yɛ akraatebo. Fapem a ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo. Fapem a ɛto so dubaako yɛ wusiwbo. Fapem a ɛto so dumien yɛ beredumbo.
第五は紅縞 瑪瑙、第六は赤瑪瑙、第七は貴橄欖石、第八は緑柱石、第九は黄玉石、第十は緑玉髓、第十 一は青玉、第十二は紫 水晶なり。
21 Na wɔde nhene pa dumien na ɛyɛɛ apon dumien no. Wɔde ahene pa baako na ɛyɛɛ apon no mu biara. Na kurow no abɔntenkɛse no yɛ sika ankasa, kurunnyenn sɛ ahwehwɛ.
十二の門は十二の眞珠なり、おのおのの門は一つの眞珠より成り、都の大路は透徹る玻璃のごとき純金なり。
22 Na manhu asɔredan wɔ kurow no baabiara mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn Tumfo ne Oguamma no ne asɔredan.
われ都の内にて宮を見ざりき、主なる全能の神および羔羊はその宮なり。
23 Na owia anaa ɔsram hann nhia kurow no, efisɛ na Onyankopɔn ne Oguamma no anuonyam hyerɛn wɔ hɔ.
都は日月の照すを要せず、神の榮光これを照し、羔羊はその燈火なり。
24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahode bɛba hɔ.
諸國の民は都の光のなかを歩み、地の王たちは己が光榮を此處にたづさへきたる。
25 Wɔntoto kurow no apon mu. Da biara ano da hɔ. Efisɛ sum nnuru wɔ hɔ.
都の門は終日 閉ぢず(此處に夜あることなし)
26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kurow no mu.
人々は諸國の民の光榮と尊貴とを此處にたづさえ來らん。
27 Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguamma no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu.
凡て穢れたる者また憎むべき事と虚僞とを行ふ者は、此處に入らず、羔羊の生命の書に記されたる者のみ此處に入るなり。

< Adiyisɛm 21 >