< Adiyisɛm 20 >

1 Afei mihuu ɔbɔfo bi sɛ ofi ɔsoro reba fam a na okura bun no safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. (Abyssos g12)
И видех Ангела сходяща с небесе, имеюща ключь бездны и уже велико в руце своей: (Abyssos g12)
2 Ɔkyeree ɔwɔ kɛse dedaw a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfe apem.
и ят змия, змия древняго, иже есть диавол и сатана, и связа и на тысящу лет,
3 Ɔbɔfo no tow no kyenee bun no mu, too mu safe sɔw ano sɛnea ɛbɛyɛ a mfe apem no betwa mu. Ɛno akyi na wobegyaa no kakra. (Abyssos g12)
и в бездну затвори его, и заключи его, и запечатле над ним, да не прельстит ктому языки, дондеже скончается тысяща лет: и по сих подобает ему отрешену быти на мало время. (Abyssos g12)
4 Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraehyɛde ankeka wɔn moma so ne wɔn nsa ho. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem.
И видех престолы и седящыя на них, и суд дан бысть им: и душы растесаных за свидетелство Иисусово и за слово Божие, иже не поклонишася зверю, ни иконе его, и не прияша начертания на челех своих и на руце своей. И ожиша и воцаришася со Христом тысящу лет:
5 Eyi ne awufosɔre a edi kan. Awufo a wɔaka no annyan kosii mfe apem no akyi.
прочии же мертвецы не ожиша, дондеже скончается тысяща лет. Се воскресение первое.
6 Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu no. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.
Блажен и свят, иже имать часть в воскресении первем: на нихже смерть вторая не имать области, но будут иерее Богу и Христу и воцарятся с Ним тысящу лет.
7 Mfe apem no akyi na wobeyi ɔbonsam afi afiase hɔ;
И егда скончается тысяща лет, разрешен будет сатана от темницы своея и изыдет прельстити языки сущыя на четырех углех земли, Гога и Магога, собрати их на брань, ихже число яко песок морский.
8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea ano de wɔn akɔ ɔko.
И взыдоша на широту земли и обыдоша святых стан и град возлюбленный.
9 Wotuu sa kɔɔ asase so nyinaa kotwaa Onyankopɔn nkurɔfo atenae a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiae. Nanso ogya fi ɔsoro bɛsɛee wɔn.
И сниде огнь от Бога с небесе и пояде я:
10 Na wɔtow ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tare ne sufre a wɔde aboa no ne atoro odiyifo no agu mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa. (aiōn g165, Limnē Pyr g3041 g4442)
и диавол льстяй их ввержен будет в езеро огненно и жупелно, идеже зверь и лживый пророк: и мучени будут день и нощь во веки веков. (aiōn g165, Limnē Pyr g3041 g4442)
11 Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee wɔ nʼanim, na wɔanhu wɔn bio.
И видех престол велик бел и Седящаго на нем, Егоже от лица бежа небо и земля, и место не обретеся им.
12 Na mihuu awufo akɛse ne nketewa sɛ wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te ne sɛnea wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no.
И видех мертвецы малыя и великия стоящя пред Богом, и книги разгнушася: и ина книга отверзеся, яже есть животная: и суд прияша мертвецы от написаных в книгах, по делом их.
13 Afei po nso dannan nʼawufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. (Hadēs g86)
И даде море мертвецы своя, и смерть и ад даста своя мертвецы: и суд прияша по делом своим, (Hadēs g86)
14 Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. (Hadēs g86, Limnē Pyr g3041 g4442)
и смерть и ад ввержена быста в езеро огненное. И се есть вторая смерть. (Hadēs g86, Limnē Pyr g3041 g4442)
15 Na wɔtow obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no kyenee ogya tare no mu. (Limnē Pyr g3041 g4442)
И иже не обретеся в книзе животней написан, ввержен будет в езеро огненное. (Limnē Pyr g3041 g4442)

< Adiyisɛm 20 >