< Adiyisɛm 20 >
1 Afei mihuu ɔbɔfo bi sɛ ofi ɔsoro reba fam a na okura bun no safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. (Abyssos )
I widziałem Anioła zstępującego z nieba, mającego klucz od przepaści i łańcuch wielki w ręce swojej. (Abyssos )
2 Ɔkyeree ɔwɔ kɛse dedaw a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfe apem.
I uchwycił smoka, węża onego starego, który jest dyjabeł i szatan, i związał go na tysiąc lat;
3 Ɔbɔfo no tow no kyenee bun no mu, too mu safe sɔw ano sɛnea ɛbɛyɛ a mfe apem no betwa mu. Ɛno akyi na wobegyaa no kakra. (Abyssos )
I wrzucił go w przepaść i zamknął go, i zapieczętował z wierzchu nad nim, aby nie zwodził więcej narodów, ażeby się wypełniło tysiąc lat; a potem musi być rozwiązany na mały czas. (Abyssos )
4 Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraehyɛde ankeka wɔn moma so ne wɔn nsa ho. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem.
I widziałem stolice, a usiedli na nich i dany im jest sąd i dusze pościnanych dla świadectwa Jezusowego i dla słowa Bożego, i którzy się nie kłaniali bestyi ani obrazowi jej, i nie przyjęli piętna jej na czoło swoje i na rękę swoję; i ożyli, i królowali z Chrystusem tysiąc lat.
5 Eyi ne awufosɔre a edi kan. Awufo a wɔaka no annyan kosii mfe apem no akyi.
A insi z umarłych nie ożyli, ażby się skończyło tysiąc lat. Toć jest pierwsze zmartwychwstanie.
6 Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu no. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.
Błogosławiony i święty, który ma część w pierwszem zmartwychwstaniu; albowiem nad tymi wtóra śmierć mocy nie ma; ale będą kapłanami Bożymi i Chrystusowymi, i będą z nim królować tysiąc lat.
7 Mfe apem no akyi na wobeyi ɔbonsam afi afiase hɔ;
A gdy się skończy tysiąc lat, będzie rozwiązany szatan z ciemnicy swojej,
8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea ano de wɔn akɔ ɔko.
I wynijdzie, aby zwodził narody, które są na czterech węgłach ziemi, Goga, i Magoga, aby je zgromadził do bitwy; których liczba jest jako piasek morski.
9 Wotuu sa kɔɔ asase so nyinaa kotwaa Onyankopɔn nkurɔfo atenae a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiae. Nanso ogya fi ɔsoro bɛsɛee wɔn.
I wstąpili na szerokość ziemi i otoczyli obóz świętych i miasto umiłowane. Ale zstąpił ogień od Boga z nieba i pożarł je.
10 Na wɔtow ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tare ne sufre a wɔde aboa no ne atoro odiyifo no agu mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa. (aiōn , Limnē Pyr )
A dyjabeł, który je zwodził, wrzucony jest w jezioro ognia i siarki, gdzie jest ona bestyja i fałszywy prorok; i będą męczeni we dnie i w nocy, na wieki wieków. (aiōn , Limnē Pyr )
11 Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee wɔ nʼanim, na wɔanhu wɔn bio.
I widziałem stolicę wielką białą, i siedzącego na niej, przed którego obliczem uciekła ziemia i niebo, a miejsce im nie jest znalezione.
12 Na mihuu awufo akɛse ne nketewa sɛ wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te ne sɛnea wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no.
I widziałem umarłych, wielkich i małych, stojących przed oblicznością Bożą, a księgi otworzone są; i druga księga także otworzona jest, to jest księga żywota; i sądzeni są umarli według tego, jako napisano było w onych księgach, to jest według uczynków ich.
13 Afei po nso dannan nʼawufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. (Hadēs )
I wydało morze umarłych, którzy w niem byli, także śmierć i piekło wydały umarłych, którzy w nich byli; i byli sądzeni każdy według uczynków swoich. (Hadēs )
14 Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. (Hadēs , Limnē Pyr )
A śmierć i piekło wrzucone są w jezioro ogniste. Tać jest wtóra śmierć. (Hadēs , Limnē Pyr )
15 Na wɔtow obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no kyenee ogya tare no mu. (Limnē Pyr )
A jeśli się kto nie znalazł napisany w księgach żywota, wrzucony jest w jezioro ogniste. (Limnē Pyr )