< Adiyisɛm 18 >

1 Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn wɔ asase so nyinaa.
Derefter så jeg en anden Engel stige ned fra Himmelen; han havde stor Magt, og Jorden blev oplyst af hans Herlighed.
2 Ɔteɛɛ mu denneennen se, “‘Wahwe ase! Babilonia Kokuroko ahwe ase!’ Adan ahonhommɔne tenabea ne ahonhom fi nyinaa ahintawee. Nnomaafi a wokyi wɔn nyinaa te ne mu.
Og han råbte med stærk Røst og sagde: Falden, falden er Babylon den store, og den er bleven Dæmoners Bolig og et Fængsel for alle Hånde urene Ånder og et Fængsel for alle Hånde urene og afskyede Fugle!
3 Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee. Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.”
Thi af hendes Utugts Harmes Vin have alle Folkeslagene drukket, og Jordens Konger have bolet med hende, og Jordens Købmænd ere blevne rige af hendes Yppigheds Fylde.
4 Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se, “Mumfi, me nkurɔfo, na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu, na mo ne no ankyɛ nʼasotwe!
Og jeg hørte en anden Røst fra Himmelen, som sagde: Går ud fra hende, mit Folk! for at I ikke skulle blive meddelagtige i hendes Synder og ikke rammes af hendes Plager.
5 Efisɛ wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten, na Onyankopɔn akae nʼawudi no.
Thi hendes Synder ere opdyngede indtil Himmelen, og Gud har kommet hendes Uretfærdigheder i Hu.
6 Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien.
Betaler hende, som hun har betalt eder, og gengælder hende dobbelt efter hendes Gerninger; skænker hende dobbelt i det Bæger, som hun har iskænket.
7 Momma nʼayayade ne nʼawerɛhow nnɔɔso sɛ anuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Efisɛ daa ɔka se, ‘Mete ha sɛ ɔhemmea; menyɛ okunafo, na me werɛ renhow da!’
Så meget, som hun har forherliget sig selv og levet i Yppighed, så meget skulle I give hende af Pine og Sørg! Fordi hun siger i sit Hjerte: Jeg sidder som en Dronning og er ikke Enke, og Sorg skal jeg ingenlunde se,
8 Eyi nti, nʼamanehunu a ɛyɛ ɔyare, awerɛhow ne ɔkɔm bɛba ne so da bi. Na wɔde ogya ahyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔkɛse.
derfor skulle hendes Plager komme på een Dag: Død og Sorg og Hunger, og hun skal opbrændes med Ild; thi stærk er den Herre Gud, som har dømt hende.
9 “Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo.
Og Jordens Konger, som have bolet og levet yppigt med hende, skulle græde og hyle over hende, når de se Røgen af hendes Brand,
10 Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se, “‘Due! Due, Ao, kuropɔn, Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi! Wʼatemmu aba dɔnhwerew baako pɛ mu.’
medens de stå langt borte af Frygt for hendes Pinsel og sige: Ve! ve! du store Stad, Babylon, du stærke Stad, thi på een Time er din Dom kommen.
11 “Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.
Og Jordens Købmænd græde og sørge over hende, fordi ingen mere køber deres Ladning:
12 Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa,
Ladning af Guld og Sølv og Ædelsten og Perler og fint Linned og Purpur og Silke og Skarlagen og alle Hånde vellugtende Træ og alle Hånde Arbejde af Elfenben og alle Hånde Arbejde af kostbart Træ og af Kobber og Jern og Marmor,
13 ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.
og Kanelbark og Hårsalve og Røgelser og Salve og Virak og Vin og Olie og fint Mel og Hvede og Okser og Får og Heste og Vogne og Slaver, ja, Menneskesjæle.
14 “Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’
Og den Frugt, din Sjæl lystedes ved, er vegen fra dig og alt det lækre og glimrende er forbi for dig, og man skal aldrig finde det mere.
15 Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo,
De, som handlede dermed og ere blevne rige ved hende, skulle stå langt borte af Frygt for hendes Pinsel grædende og sørgende og sige:
16 na wɔaka se: “‘Due! Due, Ao, kuropɔn a ofura nwera pa ne tamkɔkɔɔ na sika ne aboɔdenmmo a nhene pa bobɔ mu.
Ve ve! den store Stad, som var klædt i fint Linned og Purpur og Skarlagen og strålede af Guld og Ædelsten og Perler; thi i een Time er så stor en Rigdom lagt øde.
17 Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’ “Hyɛn mu sahene ne hyɛn no mu nnipa, mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri.
Og alle Styrmænd og alle Skippere og Søfolk og alle, som arbejde på Havet, stode langt borte
18 Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’”
og råbte, da de så Røgen af hendes Brand, og sagde: Hvor var der Mage til den store Stad?
19 Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se, “‘Due! Due, wo kuropɔn, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam wʼahonya so yɛɛ adefo. Na dɔnhwerew baako pɛ mu, woahwere biribiara!’
Og de kastede Støv på deres Hoveder og råbte grædende og sørgende og sagde: Ve! ve! den store Stad, hvori alle, som havde Skibe på Havet, berigedes ved dens Pragt; thi i een Time er den bleven lagt øde.
20 “Momma mo ani nnye wɔ ne ho, mo ɔsorofo! Momma mo ani nnye, Onyankopɔn nnipa! Momma mo ani nnye, asomafo ne adiyifo! Efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn.”
Fryd dig over den, du Himmel, og I hellige og Apostle og Profeter! fordi Gud har skaffet eder Ret over den.
21 Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛtow Babilonia kuropɔn no akyene, a wɔrenhu no bio.
Og en vældig Engel løftede en Sten som en stor Møllesten og kastede den i Havet og sagde: Således skal Babylon, den store Stad, nedstyrtes i Hast og ikke findes mere.
22 Wɔrente sankubɔfo ne nnwontofo, atɛntɛbɛnhyɛnfo ne torobɛntohyɛnfo nka wɔ mu bio. Wɔrenhu odwumfo biara wɔ wo mu bio. Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ wo mu bio.
Og Lyd af Harpespillere og Sangere og Fløjtespillere og Basunblæsere skal ikke høres i dig mere; og ingen Kunstner i nogen Kunst skal findes i dig mere; og Lyd af Mølle skal ikke høres i dig mere;
23 Kanea hann renhyerɛn wɔ wo mu bio. Wɔrente ayeforokunu ne ayeforo nne wɔ wo mu bio. Wʼaguadifo yɛ wiase mu nnipa atitiriw. Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa.
og Lys af Lampe skal ikke skinne i dig mere, og Brudgoms og Bruds Røst skal ikke høres i dig mere, fordi dine Købmænd vare Jordens Stormænd, fordi alle Folkeslagene bleve forførte ved dit Trylleri.
24 Ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wokum wɔn wɔ asase so no nyinaa mogya.”
Og i den blev Profeters og helliges Blod fundet og alle deres, som ere myrdede på Jorden.

< Adiyisɛm 18 >