< Adiyisɛm 17 >

1 Abɔfo baason no mu ɔbaako a okura nkuruwa ason no baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra na menkyerɛ wo ɔkwan a wɔbɛfa so atwe oguamanfo kɛse a ɔte nsu pii so no aso.
And there came one of the seven messengers, who were having the seven bowls, and he spoke with me, saying to me, “Come, I will show to you the judgment of the great whore, who is sitting on the many waters,
2 Wiase ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so nnipa bobow wɔ nʼaguaman nsa no mu.”
with whom the kings of the earth committed whoredom; and those inhabiting the earth were made drunk from the wine of her whoredom”;
3 Honhom no faa me ma ɔbɔfo no de me kɔɔ sare so. Ɛhɔ na mihuu sɛ ɔbea bi te aboa kɔkɔɔ bi a wɔakyerɛw din a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ ti ason, ne mmɛn du.
and he carried me away to a wilderness in the Spirit, and I saw a woman sitting on a scarlet-colored beast, full of names of slander, having seven heads and ten horns,
4 Na ɔbea no hyɛ atadetam kɔkɔɔ a ɔde sika mpɔw a ɛhyerɛn ne nhene a ne bo yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na okura sika kuruwa a afide ne aguamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ.
and the woman was clothed with purple and scarlet-color, and gilded with gold, and precious stone, and pearls, having a golden cup in her hand full of abominations and uncleanness of her whoredom,
5 Na wɔakyerɛw din bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛase no wɔ ahintasɛm mu se, “Babilonia Kokuroko, Asase So Nguamanfo Ne Akyiwade Na.”
and on her forehead was a name written: “SECRET, BABYLON THE GREAT, THE MOTHER OF THE WHORES, AND THE ABOMINATIONS OF THE EARTH.”
6 Na mihuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne Yesu akyidifo a wokum wɔn no mogya abow no. Mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa.
And I saw the woman drunken from the blood of the holy ones, and from the blood of the witnesses of Jesus, and I wondered—having seen her—with great wonder;
7 Ɔbɔfo no bisaa me se, “Adɛn nti na ɛyɛ wo nwonwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛase a ɛwɔ ɔbea no ne aboa no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du a ɔte ne so no.
and the messenger said to me, “For this reason did you wonder? I will tell you the secret of the woman and of the beast that [is] carrying her, which has the seven heads and the ten horns.
8 Aboa a wuhuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebefi bun no mu aba ama wɔasɛe no. Sɛ nnipa a wɔte asase so a wɔankyerɛw wɔn din angu ateasefo nhoma no mu ansa na wɔrebɔ wiase no hu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa. Na ɔte ase bere bi, nanso mprempren de, ɔnte ase na ɔbɛsan aba. (Abyssos g12)
The beast that you saw: it was, and it is not, and it is about to come up out of the abyss, and to go away to destruction, and those dwelling on the earth will wonder, whose names have not been written on the Scroll of Life from the foundation of the world, beholding the beast that was, and is not, although it is. (Abyssos g12)
9 “Nyansa ne ntease ho hia wɔ ha. Eti ason no gyina hɔ ma mmepɔw ason, mmepɔw a ɔbea no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso
Here [is] the mind that is having wisdom: the seven heads are seven mountains on which the woman sits,
10 a wɔn mu baanum awuwu, na ɔbaako da so di hene na ɔbaako a ɔka ho no mmae. Na sɛ ɔba a obedi hene kakra.
and there are seven kings, the five fell, and the one is, the other did not yet come, and when he may come, it is necessary for him to remain a short time;
11 Aboa no a anka na ɔte ase na afei de, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔto so awotwe a ɔka baason a wodi kan no ho a ɔrekɔ ne sɛe mu.
and the beast that was, and is not, he also is eighth, and he is out of the seven, and he goes away to destruction.
12 “Mmɛn du a wuhui no yɛ ahene du a womfii wɔn ahenni ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi hene dɔnhwerew no.
And the ten horns that you saw are ten kings who did not yet receive a kingdom, but receive authority as kings one hour with the beast;
13 Wɔn nyinaa wɔ botae baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no.
these have one mind, and they will give over their own power and authority to the beast;
14 Wɔbɛko atia Oguamma no, na ɔno ne nʼakyidifo, agyidifo ne nokwafo a wɔafrɛ wɔn no bedi wɔn so, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene.”
these will make war with the Lamb, and the Lamb will overcome them, because He is Lord of lords, and King of kings, and those with Him are called, and chosen, and steadfast.”
15 Ɔbɔfo no nso ka kyerɛɛ me se, “Nsu a wuhuu sɛ oguamanfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa ahorow.
And he says to me, “The waters that you saw, where the whore sits, are peoples, and multitudes, and nations, and tongues;
16 Mmɛn du ne aboa a wuhuu no no bekyi oguamanfo no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagyaw. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahyew no.
and the ten horns that you saw, and the beast, these will hate the whore, and will make her desolate and naked, and will eat her flesh, and will burn her in fire,
17 Efisɛ Onyankopɔn de ahyɛ wɔn koma mu se wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi hene kosi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botae no ma.
for God gave into their hearts to do His purpose, and to make one purpose, and to give their kingdom to the beast until the sayings of God may be fulfilled,
18 Ɔbea a wuhuu no no yɛ kurow kɛse a edi asase so ahene no so.”
and the woman that you saw is the great city that is having reign over the kings of the earth.”

< Adiyisɛm 17 >