< Adiyisɛm 16 >
1 Afei metee nne bi sɛ ɛrekasa fi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfo no se, “Monkohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason no mu no ngu asase so.”
I heard a loud voice out of the temple, saying to the seven angels, “Go and pour out the seven bowls of the wrath of God on the earth!”
2 Ɔbɔfo a odi kan no kohwiee ne kuruwa mu abufuw no guu asase so. Akuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyirae no ne wɔn a wɔsom ne sɛso honi no nso.
The first went, and poured out his bowl into the earth, and it became a harmful and painful sore on the people who had the mark of the beast, and who worshipped his image.
3 Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa mu abufuw guu po mu. Nsu no dan sɛ owufo mogya, na abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wui.
The second angel poured out his bowl into the sea, and it became blood as of a dead man. Every living thing in the sea died.
4 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu nsubɔnten ne nsuwa mu maa ne nyinaa dan mogya.
The third poured out his bowl into the rivers and springs of water, and they became blood.
5 Metee sɛ ɔbɔfo a ɔhwɛ nsu so no reka se, “Wʼatɛn a wubu no yɛ atɛntrenee. Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dedaw,
I heard the angel of the waters saying, “You are righteous, who are and who were, O Holy One, because you have judged these things.
6 efisɛ wɔahwie mo ahotefo ne adiyifo mogya agu, woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛnea ɛfata wɔn.”
For they poured out the blood of holy ones and prophets, and you have given them blood to drink. They deserve this.”
7 Afei metee nne bi wɔ afɔremuka no so se, “Yiw, Awurade, Otumfo Nyankopɔn, atɛn a wubu nyinaa yɛ atɛntrenee!”
I heard the altar saying, “Yes, Lord God, the Almighty, true and righteous are your judgements.”
8 Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa.
The fourth poured out his bowl on the sun, and it was given to him to scorch men with fire.
9 Owia hyew no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso wɔansakra wɔn adwene anhyɛ Onyankopɔn anuonyam.
People were scorched with great heat, and people blasphemed the name of God who has the power over these plagues. They didn’t repent and give him glory.
10 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu aboa no ahengua no so. Sum duruu wɔ aboa no ahemman mu, na esiane ɔyaw nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma;
The fifth poured out his bowl on the throne of the beast, and his kingdom was darkened. They gnawed their tongues because of the pain,
11 na esiane saa ɔyaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho.
and they blasphemed the God of heaven because of their pains and their sores. They still didn’t repent of their works.
12 Ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu Asubɔnten Eufrate mu. Asu no yow dan ɔkwan maa ahemfo a wofi apuei no.
The sixth poured out his bowl on the great river, the Euphrates. Its water was dried up, that the way might be prepared for the kings that come from the sunrise.
13 Afei mihuu ahonhommɔne abiɛsa bi a na wɔte sɛ mpɔtorɔ a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro diyifo no anom.
I saw coming out of the mouth of the dragon, and out of the mouth of the beast, and out of the mouth of the false prophet, three unclean spirits, something like frogs;
14 Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwonwade. Saa ahonhom abiɛsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfo Nyankopɔn ɔko da kɛse no.
for they are spirits of demons, performing signs, which go out to the kings of the whole inhabited earth, to gather them together for the war of that great day of God the Almighty.
15 “Muntie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, sɛnea ɔrennantew adagyaw ngu ne ho anim ase wɔ bagua mu!”
“Behold, I come like a thief. Blessed is he who watches, and keeps his clothes, so that he doesn’t walk naked, and they see his shame.”
16 Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu no wɔfrɛ hɔ Armagedon.
He gathered them together into the place which is called in Hebrew, “Harmagedon”.
17 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu abufuw guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no so kae se, “Wɔawie.”
The seventh poured out his bowl into the air. A loud voice came out of the temple of heaven, from the throne, saying, “It is done!”
18 Na anyinam twitwa maa aprannaa paapaee, na asasewosow dennen bi bae. Efii sɛ wɔbɔɔ onipa no, asasewosow biara mmaa saa da. Eyi ne asasewosow nyinaa mu nea ano yɛ den pa ara.
There were lightnings, sounds, and thunders; and there was a great earthquake such as has not happened since there were men on the earth—so great an earthquake and so mighty.
19 Kurow kɛse no mu paee abiɛsa, na aman nyinaa nkurow akɛse sɛesɛee. Onyankopɔn kaee Babilonia Kokuroko no, na ɔmaa no nsa nomee; nsa a ɛyɛ nʼabufuw a ano yɛ den no fi ne kuruwa ano.
The great city was divided into three parts, and the cities of the nations fell. Babylon the great was remembered in the sight of God, to give to her the cup of the wine of the fierceness of his wrath.
20 Asupɔw ne mmepɔw nyinaa yerae.
Every island fled away, and the mountains were not found.
21 Mparuwbo akɛse a biara mu duru yɛ kilogram aduonum tɔ fii ɔsoro guu nnipa so. Na esiane mparuwbo no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn.
Great hailstones, about the weight of a talent, came down out of the sky on people. People blasphemed God because of the plague of the hail, for this plague was exceedingly severe.