< Adiyisɛm 14 >

1 Afei mehwɛe, na mihuu sɛ Oguamma no gyina Sion bepɔw so. Na nnipa mpem ɔha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so.
Hessafe guye, Dorssay Xiyoone Deriya bolla eqqidayssa be7as. Iyara iya sunthaynne iya Aawa sunthay entta som77on xaafettida, 144, 000 asay de7ees.
2 Na metee nne bi fii ɔsoro a na ɛworo so te sɛ asuworoe a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Nne a metee no te sɛ dwom a sankubɔfo bi rebɔ wɔ ne sanku so.
Saloppe gita haatha guunthadanne dada guunthu daaniya wolqqaama girssi si7as. Qassi ta si7ida girssay diithi diixishin si7ettiya girssaa mela.
3 Wɔtoo dwom foforo bi wɔ ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no anim. Nnipa mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko ara na wotumi suae.
144,000 asay araata sinthan, oyddu de7on de7iya medhetethata sinthaninne cimata sinthan eqqidi enttafe hara oonikka tamaaranaw dandda7onna ooratha mazmure yexxidosona.
4 Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun. Baabiara a Oguamma no bɛkɔ no na wodi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu na wɔne nnipa a wodi kan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Oguamma no.
Hayssati maccasara banttana tunisonna naagida geeshshata. Entti dorssay biyaso ubbaa kaalloosona. Entti Xoossaasinne Dorssaas bayra gididi, shiiqanaw sa7a asaa giddofe wozettidosona.
5 Wɔnka atosɛm, na mfomso nni wɔn ho.
Entti worddoynne borey baynna asata.
6 Afei mihuu ɔbɔfo foforo sɛ watu nam sorosoro a ɔrekɔka asɛmpa a entwa mu da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuw ne ɔkasa ne nkurɔfo nyinaa ka ho. (aiōnios g166)
Hessafe guye, merinaa Wonggelaa sa7a bolla de7iya kawotethaa ubbaas, zerethi ubbaas, yara ubbaasinne dumma dumma doona ubbaas markkattanaw salora piradhdhiya hara kiitanchcho be7as. (aiōnios g166)
7 Ɔteɛɛ mu se, “Munsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Efisɛ bere no adu sɛ obu adesamma atɛn. Monsom nea ɔbɔɔ ɔsoro, asase, po ne asuti no!”
He kiitanchchoy ba qaala dhoqqu oothidi, “Xoossay alamiya pirddiya saatey gakkida gisho Xoossaas yayyite; iya bonchchite. Salo, sa7aa, abbaanne pultto haathaa medhdhida Xoossaa goynnite” yaagis.
8 Ɔbɔfo a ɔto so abien dii nea odi kan no akyi kae se. “Wahwe ase! Babilonia kɛse ahwe ase! Efisɛ wama amanaman nyinaa anom nʼaguamammɔ nsa no bi.”
Koyroyssa kaallidi hara nam77antho kiitanchchoy, “Dere ubbaa tunanne mathoya woyne ushshida, gita Baabilooney kunddasu! Kunddasu!” yaagidi waassis.
9 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa a odi baanu a wodi kan no akyi no teɛɛ mu kae se, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso honi a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyirae
Heedzantho kiitanchchoy entta kaallidi, ba qaala dhoqqu oothidi, “Do7aanne iya misiliya goynniya qassi iya malla ba som77on woykko ba kushen wothiya oonikka de7ikko,
10 no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsa, nʼabufuw nsa a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuw kuruwa mu no. Wɔbɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa ahoyeraw wɔ ogya ne sufre mu wɔ abɔfo ne Oguamma no anim.
iya hanqo xuu7an kumida Xoossaa hanqo woyniya uyana. Entti geeshsha kiitanchchota sinthaninne Dorssa sinthan eexiya diinne taman waayettana.
11 Na ogya no wusiw a ɛhyɛ wɔn ahoyeraw no kɔ soro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegye nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso honi ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyirae no.” (aiōn g165)
Entta waaya cuyay meri merinaw cuyishe daana. Do7aanne iya misiliya goynney qassi he do7aa sunthaa mallay de7iya oonikka qammanne gallas shemppoy baynna kaa7ettana” yaagis. (aiōn g165)
12 Eyi nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so, na wogye Yesu di no nya boasetɔ no.
Xoossaa kiitaa naageyssatinne Yesuusa ammanetteyssati gencciya minotethay qoncciya wodey hessa.
13 Afei metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Kyerɛw eyi. Nhyira ne awufo a wowu wɔ Awurade mu fi mprempren rekɔ yi.” Honhom no se, “Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.”
Hessafe guye, “Hizappe Godan hayqqeyssati anjjettidayssata” yaagiya qaala saloppe si7as. Ayyaanay, “Ee tuma, entta oosoy entta kaalliya gisho, entti bantta daaburappe shemppana” yaagees.
14 Mihuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyɛ no na okura kantankrankyi nnamnam bi wɔ ne nsam.
Hessafe guye, bootha shaara bolla uttida Asa Na7a daaneyssa be7as. I ba huu7en worqqa kallachcha wothis; qassi ba kushen baaca oykkis.
15 Afei ɔbɔfo foforo bi a ofii asɔredan no mu puei, na ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no se, “Fa wo kantankrankyi no twa, efisɛ otwabere no adu, asase no asow aba a ɛsɛ sɛ wotwa!”
Hara kiitanchchoy Xoossa keethafe keyidi, shaara bolla uttidayssako ba qaala dhoqqu oothidi, “Katha shiisho wodey gakkida gisho ne baaca yeddada kathaa cakka; sa7an de7iya kathay gakkis” yaagis.
16 Enti nea ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi wɔ asase so ma etwaa asase so nnɔbae.
Yaatin shaara bolla uttidayssi ba baaca sa7a yeddidi, sa7an de7iya kathaa cakkis.
17 Afei mihuu sɛ ɔbɔfo foforo bi a ofi ɔsoro asɔredan no mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam bi.
Qassika salon de7iya Xoossa keethafe hara kiitanchchoy keyis; iyawukka oco baaci de7ees.
18 Ɔbɔfo foforo bi a ɔno nso hwɛ ogya no so no fi afɔremuka no mu puei. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ ɔbɔfo a okura kantankrankyi nnamnam no se, “Fa wo kantankrankyi nnamnam no na boaboa asase so bobe akuwakuw no ano, efisɛ nʼaba no abere.”
Tama bolla maati de7iya hara kiitanchchoy yarshsho bessaafe keyis. I ba qaala dhoqqu oothidi oco baaca oykkida kiitanchchuwako, “Woyne ayfey teerida gisho ne oco baaca yeddada, sa7an de7iya woyniyappe qanxa” yaagis.
19 Enti ɔbɔfo no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsakyiamoa kɛse no mu.
He kiitanchchoy ba baaca yeddidi, sa7an de7iya woyniyappe qanxidi, Xoossaa gita hanquwa gum77iya bessan yeggis.
20 Wotiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamoa a ɛwɔ kuropɔn no mfikyiri, na mogya fii bobe no mu sen sɛ asubɔnten, akwansin ahannu na mu dɔ nso bɛyɛ anammɔn anum.
Entti Katamaappe gaxan de7iya woyne ayfe gum77iya bessan yedhettidosona. Suuthi woyniya gum77iya bessaafe keyidi issi mukulunne usppun xeetu kilo mitire mela haakkidi, para puulo gakkeyssa mela eellidi dhoqqu gis.

< Adiyisɛm 14 >