< Adiyisɛm 13 >

1 Na ɔwɔ no kogyinaa mpoano hɔ. Afei mihuu sɛ aboa bi apue fi po no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn du ne ti ason a na ahenkyɛw hyehyɛ mmɛn no biara so na din a egu Onyankopɔn ho fi bobɔ ti no ho.
and he took his stand on the sea-shore. Then I saw, rising out of the sea, a wild Beast with ten horns and seven heads. On its horns were ten diadems, and on its heads were blasphemous names.
2 Aboa a mihuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔwɔ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahengua ne ne tumi nyinaa maa aboa no.
The Beast that I saw was like a leopard; but its feet were like a bear’s, and its mouth like the mouth of a lion. The Dragon gave it his power and his throne, and wide dominion.
3 Mihuu sɛ na opirakuru kɛse bi aba ne ti baako ho a kuru no ayɛ sɛ nea awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa, enti wotu dii nʼakyi.
One of its heads seemed to me to have been mortally wounded, but its deadly wound had been healed. The whole earth followed the Beast, wondering;
4 Nnipa nyinaa som ɔwɔ no efisɛ ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsom aboa no nso kae se, “Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako?”
and men worshiped the Dragon, because he had given his dominion to the Beast; while, as they worshiped the Beast, they said – ‘Who can compare with the Beast? And who can fight with it?’
5 Wɔmaa aboa no kwan ma ɔkaa abususɛm akɛseakɛse tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ nea ɔpɛ biara asram aduanan abien.
The Beast was given a mouth that spoke proudly and blasphemously, and it was empowered to work its will for forty-two months.
6 Ofii ase domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa.
It opened its mouth only to blaspheme God, to blaspheme his name and his tent – those who live in his tent in heaven.
7 Wɔmaa no kwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfo koe sɛ obedi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa so tumi.
It had been permitted to fight with Christ’s people and to conquer them, and it had received power over men of every tribe, and people, and language, and nation.
8 Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wɔankyerɛw ne din anhyɛ ateasefo nhoma a ɛwɔ Oguamma a wokum no ansa na wɔrebɔ wiase no mu.
All who are living on earth will worship it – all whose names have not been written in the Lamb’s book of life, the Lamb that has been sacrificed from the foundation of the world.
9 “Tie, wo a wowɔ aso, betie no.
Let those who have ears hear.
10 “Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no. Obiara a ɛsɛ sɛ wokum no afoa ano no, wobekum no.” Eyi mu boasetɔ ne gyidi ho hia Onyankopɔn nkurɔfo.
Whoever is destined for captivity goes into captivity. Whoever will kill with the sword must inevitably be killed with the sword. (Here there is need for endurance and faith on the part of Christ’s people.)
11 Afei mihuu aboa foforo a ɔrepue afi asase mu. Na ɔwɔ mmɛn abien te sɛ nguantenmma, nanso na ɔkasa te sɛ ɔwɔ no.
Then I saw, rising out of the earth, another wild Beast. It had two horns like those of a lamb, and its voice was like a dragon’s.
12 Osii aboa a odi kan no anan mu de ne tumi kɛse no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne so nnipa sɛ wɔnsom nea nʼapirakuru no awu no.
It exercises all the authority of the first Beast under its eyes; and it makes the earth and all who are living on it worship that first Beast, whose mortal wound was healed.
13 Aboa a ɔto so abien yi yɛɛ anwonwade akɛse bebree. Ɔmaa ogya fii soro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim.
It performs great marvels, even causing fire to fall from the heavens to the earth, before people’s eyes;
14 Na ɔnam anwonwade a wɔmaa no ho kwan yɛe wɔ aboa a odi kan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa se, wonsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde afoa piraa no nanso nʼapirakuru no awu na ɔte ase no anuonyam.
and in consequence of the marvels which it was allowed to perform under the eyes of the Beast, it is able to deceive all who are living on the earth. It tells those who live on the earth to make a statue in honor of the Beast, who, despite the wound from the sword, yet lived.
15 Wɔmaa aboa a ɔto so abien no kwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kan honi no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ohoni no betumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no.
It was permitted to breathe life into the image of the Beast, so that the image of the Beast might speak; and it was also permitted to cause all who refused to worship the image of the Beast to be put to death.
16 Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse; adefo ne ahiafo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyirae.
High and low, rich and poor, free and enslaved – it causes a brand to be put on the right hand or on the forehead of every one of them,
17 Obiara nni ho kwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma din no hyɛ ne ho agyirae.
so that no one is able to buy or sell, except those that bear this brand – either the name of the Beast or the number indicated by the letters of his name.
18 Eyi hia ma nyansa. Obiara a onim nyansa no betumi ahu nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma aboa no ase, efisɛ nsɛnkyerɛnne no gyina hɔ ma onipa din. Ne nsɛnkyerɛnne yɛ ahansia aduosia asia.
(Here there is need for discernment.) The person with ability can compute the number of the Beast; for the number indicates a person’s name. Its number is six hundred and sixty-six.

< Adiyisɛm 13 >