< Adiyisɛm 12 >
1 Afei nsɛnkyerɛnne kɛse bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbea bi, na nʼatade yɛ owia a ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien ahenkyɛw hyɛ no.
And a great sign was seen in heaven: a woman arrayed with the sun, and the moon under her feet, and upon her head a crown of twelve stars;
2 Na ɔyem a ɔrebɛwo, na awoyaw nti na ɔresu.
and she was with child; and she crieth out, travailing in birth, and in pain to be delivered.
3 Nsɛnkyerɛnne kɛse foforo bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro: Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi a ne ti yɛ ason na ɔwɔ mmɛn du a ahenkyɛw hyehyɛ biara so.
And there was seen another sign in heaven: and behold, a great red dragon, having seven heads and ten horns, and upon his heads seven diadems.
4 Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako tow wɔn guu fam. Ogyinaa ɔbea a ɔrewo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abofra no awe.
And his tail draweth the third part of the stars of heaven, and did cast them to the earth: and the dragon standeth before the woman that is about to be delivered, that when she is delivered he may devour her child.
5 Afei ɔbea no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bedi aman nyinaa so. Nanso wohwim abofra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahengua ho.
And she was delivered of a son, a man child, who is to rule all the nations with a rod of iron: and her child was caught up unto God, and unto his throne.
6 Ɔbea no guan kɔɔ sare so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yiye wɔ nnafua mpem ahannu aduosia mu.
And the woman fled into the wilderness, where she hath a place prepared of God, that there they may nourish her a thousand two hundred and threescore days.
7 Afei ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfo ko tiaa ɔwɔ no, na ɔno nso ne nʼabɔfo ko tiae.
And there was war in heaven: Michael and his angels [going forth] to war with the dragon; and the dragon warred and his angels;
8 Nanso wodii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfo antena ɔsoro bio.
and they prevailed not, neither was their place found any more in heaven.
9 Wɔtow ɔwɔ kakraka no kyenee. Ɔno ne ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtow ɔno ne nʼabɔfo nyinaa guu asase so.
And the great dragon was cast down, the old serpent, he that is called the Devil and Satan, the deceiver of the whole world; he was cast down to the earth, and his angels were cast down with him.
10 Afei metee nne dennen bi wɔ ɔsoro a ɛka se, “Afei na Onyankopɔn nkwagye aba! Afei na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene! Afei na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi, efisɛ yɛn nuanom no ahohorabɔni a ogyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no, wɔapam no afi ɔsoro.
And I heard a great voice in heaven, saying, Now is come the salvation, and the power, and the kingdom of our God, and the authority of his Christ: for the accuser of our brethren is cast down, who accuseth them before our God day and night.
11 Yɛn nuanom no nam Oguamma no mogya so ne nokware a ɔdaa no adi no so dii ne so nkonim. Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ na wɔawuwu.
And they overcame him because of the blood of the Lamb, and because of the word of their testimony; and they loved not their life even unto death.
12 Enti mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no, momma mo ani nnye. Afei asase ne po nnue! Efisɛ ɔbonsam no atoa mo na ne bo afuw efisɛ onim sɛ, ne bere a aka sua.”
Therefore rejoice, O heavens, and ye that dwell in them. Woe for the earth and for the sea: because the devil is gone down unto you, having great wrath, knowing that he hath but a short time.
13 Bere a ɔwɔ no huu sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a wawo abarimaa no.
And when the dragon saw that he was cast down to the earth, he persecuted the woman that brought forth the man [child].
14 Wɔmaa ɔbea no ɔkɔre ntaban akɛse abien, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu akɔ faako a wɔasiesie ama no wɔ sare so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfe abiɛsa ne fa sɛnea ɔwɔ no renni nʼakyi bio.
And there were given to the woman the two wings of the great eagle, that she might fly into the wilderness unto her place, where she is nourished for a time, and times, and half a time, from the face of the serpent.
15 Afei ɔwɔ no puw nsu te sɛ asubɔnten dii ɔbea no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no.
And the serpent cast out of his mouth after the woman water as a river, that he might cause her to be carried away by the stream.
16 Nanso asase boaa ɔbea no. Ebuee nʼanom nom nsu a ɔwɔ no puw guu hɔ no nyinaa.
And the earth helped the woman, and the earth opened her mouth and swallowed up the river which the dragon cast out of his mouth.
17 Ɔwɔ no bo fuw ɔbea no, enti ɔkɔ de ntɔkwaw kɔkaa ɔbea no asefo a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye nokware a Yesu ada no adi no di no.
And the dragon waxed wroth with the woman, and went away to make war with the rest of her seed, that keep the commandments of God, and hold the testimony of Jesus: