< Adiyisɛm 11 >

1 Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ pema, na wɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan no ne afɔremuka no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no.
O MEN song dueta sokon pot pang dong ia. Amen inda: Uda, song im en kaudok en Kot, o pei saraui, o irail me kaukaudok lole!
2 Nanso mfa asɔredan no adiwo nka ho, efisɛ wɔde hɔ ama amanamanmufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien.
A kapil penan im en kaudok kasela liki o der song, pwe a pangalanger men liki kan o kanim saraui re pan kakaue saunipong paeisok riau.
3 Mɛsoma me nnansefo baanu a wofurafura atweaatam, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahannu ne aduosia no mu.”
O I pan kamanada nai saunkadede riamen, o ira pan kokop wei ran kid riepuki woneisok, likau kida likau tol.
4 Saa nnansefo baanu no ne ngodua abien no ne akaneadua abien a esisi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no.
Ira tuka olip riapot o lamp riau, me mimi mon Kaun en sappa.
5 Ogya a efi wɔn anom bekunkum atamfo biara a wɔpɛ sɛ wɔhaw wɔn no. Ɛno nti wobekum obiara a ɔpɛ sɛ ɔhaw wɔn no.
Ma amen men kame ira, kisiniai pan lus wei sang nan au ara, ap karongala naira imwintiti kan. O ma amen men kame ira, a pan kamela.
6 Wɔwɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu a osu rentɔ wɔ bere a wɔrehyɛ nkɔm no. Wɔwɔ tumi sɛ wɔdan nsu ma ɛyɛ mogya na wɔde ɔhaw to asase so mpɛn dodow biara a wɔpɛ.
Ira manaman ong en pinala lang, pwe ede katau arain ara kokopada, o ira kaun en pil, ira kak kawuk ong nta pil akan o kame ki sappa song en kamekam karos, due ira inong iong.
7 Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a obefi bun no mu apue no ne wɔn bɛko. Obedi wɔn so akunkum wɔn (Abyssos g12)
Ira lao kanikiela ara kadede, man o, me pan pwarada sang wasa lol, pan pei ong ira, kaloe ira di, kame ira la. (Abyssos g12)
8 na wɔn amu no agu kurow kɛse no abɔnten so, wɔ faako a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asennua no so a ɛhɔ din pa ne Sodom ne Misraim no.
O kalep ara pan wonon nani al en kanim lapalap, me ad a ni karaseras Sodom o Äkipten, wasa ar Kaun pil kalopular.
9 Na nnipa a wofi aman so ne mmusuakuw ne ɔkasa ahorow ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma kwan mma wonsie wɔn.
Ari, me toto sang ren men liki kan, o kainok, o lokaia, o aramas akan pan kilang kalep ara ran silu alep, o irail sota pan mueid ong, me ara kalep pan saredi nan sousou.
10 Asase so nnipa ani begye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wobegye wɔn ani na wɔamema wɔn ho wɔn ho akyɛde, efisɛ saa adiyifo baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofo so.
O irail, me kaukauson sappa, kaneket kin ira o pereperen, re pan pakisakis pena, pwe saukop riamen et kin kaloke irail, me kaukauson sappa.
11 Nnansa akyi no, honhom a efi Onyankopɔn bewura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛse bɛka obiara a obehu.
A murin ran silu alep maur sang ren Kot pil til wong lol ara, rap u ni nä ara, a irail, me kilang ira, masakada kaualap.
12 Afei nne a ano yɛ den fi ɔsoro bɛka se, “Mommra ɔsoro ha.” Na bere a wɔn atamfo rehwɛ wɔn no, wɔfaa omununkum mu kɔɔ ɔsoro.
O i ronger ngil laud eu sang lang mamasani ong ira: Koma koda dong met! Ira ap kokidalang dapok, o imwintiti ara kilang ira.
13 Saa bere koro no ara mu na asase wosow denneennen, kurow no nkyɛmu du mu baako sɛee, na nnipa mpem ason wuwuu wɔ asasewosow no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ.
Ni auer ota sappa rerer kaualap, eisokkis eu en kanim olar ni rerer, o mar isekid en aramas mekilar, me tei kan masakalar, rap landar Kot en lang.
14 Ɔhaw a ɛto so abien no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛ na ɔhaw a ɛto so abiɛsa aba.
Kamekam kariau wiauier. Kilang kamekam kasilu me pan pitipit wiaui.
15 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto, na nne dennen fi ɔsoro kae se, “Tumi a wɔde di wiase so mprempren no yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” (aiōn g165)
Tounlang kaisimen pepeuk koronete. Ngil laud ap wiauier nanlang indinda: Wein sappa id wialar wein atail Kaun o sapwilim a Kristus. A pan kotin kaunda kokolata. (aiōn g165)
16 Afei mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn ahengua so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, som Onyankopɔn,
A lapalap riek pamen, me ariri Kot pon mol arail, rap pupedi ni silang ir pongi Kot masani:
17 kae se, “Yɛda wo ase, Otumfo Onyankopɔn, wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dedaw, wonam wo tumi kɛse so afi ase redi hene!
Se danke komui, Maing Kot, Kaun en meakaros, me kotikot metet, o me kotikot mas o, pwe re kotin aleer ar manaman lapalap, o kotin Nanmarki lar.
18 Aman bo fuwii, na wʼabufuwhyew no aba. Bere aso sɛ wobu awufo atɛn. Bere a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa, adiyifo ne wo nkurɔfo nyinaa a wosuro wo, akɛse ne nketewa no aba so no adu. Bere adu sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”
O wei kan makaradar, a ar ongiong leler, o a leler ansaun melar akan pakadeik, o a leler ansau en katingi sapwilim omui ladu saukop akan o saraui kan; irail, me lomwineki mar ar, tikitik kan o lapalap akan, o en kawe irail, me kin kawela sappa.
19 Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bue ma wohuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei anyinam ne aprannaa paapaee, na asase wosowee na mparuwbo bebree nso tɔe.
Im en kaudok en Kot, mi nanlang, ritidar, o kopa en inau pingngar nan im en kaudok o; a liol, o ngil akan, o nansapwe kan, o rerer en sappa, o akel lapalap wiauiedar.

< Adiyisɛm 11 >