< Adiyisɛm 10 >

1 Afei mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo foforo bi a ofi ɔsoro resian aba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.
And I saw a mighty agent coming down out of heaven, clothed with a cloud, and the rainbow was upon his head, and his face was like the sun, and his feet like pillars of fire,
2 Na nhoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii po so na benkum no si asase so.
and having in his hand an opened book. And he placed his right foot upon the sea, and the left upon the earth.
3 Ɔde nne kɛse teɛɛ mu sɛnea gyata bobɔ mu. Ɔteɛɛ mu no, aprannaa ason kasae.
And he cried out in a great voice as a lion roars. And when he cried out, the seven thunders uttered their voices.
4 Wɔkasae no, na mepɛ sɛ mekyerɛw. Nanso metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Ma nsɛm a aprannaa ason no kaa no nka wo tirim. Nkyerɛw!”
And when the seven thunders uttered, I was going to write. And I heard a voice from heaven saying, Seal up what the seven thunders uttered, and do not write them.
5 Ɛhɔ ara ɔbɔfo a mihuu sɛ ogyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,
And the agent whom I saw standing upon the sea and upon the earth raised his right hand to heaven,
6 na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfo no kae se, “Beresɛe biara nni hɔ. (aiōn g165)
and swore by him who lives into the ages of the ages, who created the heaven and the things in it, and the earth and the things in it, and the sea and the things in it, that time would be no more. (aiōn g165)
7 Na sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no a, ansa na Onyankopɔn bewie nʼahintasɛm mu nhyehyɛe no, sɛnea ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔyɛ adiyifo no.”
But in the days of the voice of the seventh agent, when he is going to sound, even the mystery of God is finished, as he declared the good news to his bondmen the prophets.
8 Afei nne a metee sɛ efi ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio se. “Kɔ na kogye nhoma a wɔabue mu a ɔbɔfo a ogyina po ne asase so no kitae no.”
And the voice that I heard from heaven was again speaking with me, and saying, Go, take the little book that has been opened in the hand of the agent who stands upon the sea and upon the earth.
9 Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.”
And I went to the agent, telling him to give me the little book. And he says to me, Take and eat it. And it will make thy belly bitter, but it will be sweet as honey in thy mouth.
10 Migyee nhoma ketewa no fii ne nsam wee, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom. Nanso, memenee akyi no, ɛmaa me yam kaw me.
And I took the book out of the agent's hand, and ate it. And it was sweet as honey in my mouth, and when I had eaten it, my belly was made bitter.
11 Afei wɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ so ka nea ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofo, ɔkasahorow ne ahemfo nso.”
And he says to me, Thou must prophesy again against many peoples, and against nations and tongues and kings.

< Adiyisɛm 10 >