< Nnwom 98 >

1 Dwom. Monto dwom foforo mma Awurade, efisɛ wayɛ anwonwade bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagye ama no.
Псалом.
2 Awurade ama wɔahu ne nkwagye na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no.
Спасі́ння Своє Господь ви́явив, перед очима наро́дів відкрив Свою правду.
3 Wakae nʼadɔe ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no; asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.
Пам'ятає Він Якову милість Свою, й Свою вірність для дому Ізра́їля. Бачать всі кі́нці землі те спасі́ння, що чинить наш Бог.
4 Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwonto nni ahurusi;
Уся зе́мле, викли́куйте Господу, покли́куйте радісно, і співайте та грайте!
5 Momfa sanku nto dwom mma Awurade, sanku ne nnwonto nnyigyei,
Грайте Господе́ві на гу́слах, на гу́слах і піснопі́нням,
6 momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn, nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ Awurade, yɛn hene no anim.
на су́рмах і голосом рогу викликуйте перед обличчям Царя Цього й Господа!
7 Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so; asase ne wɔn a wɔte so nyinaa.
Нехай шумить море й усе, що у ньому, вселе́нна й мешка́нці її,
8 Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam, mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom;
ріки хай плещуть в долоні, ра́зом радіють хай го́ри
9 ma wɔnto nnwom wɔ Awurade anim, efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn. Ɔde trenee bebu wiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.
перед обличчям Господнім, бо Він землю судити гряде́: Він за справедливістю буде судити вселе́нну, і народи по правді!

< Nnwom 98 >