< Nnwom 95 >

1 Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigye so mma Awurade; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye Botan no.
O come, let us sing to the LORD: let us make a joyful noise to the rock of our salvation.
2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛw nnwom mma no so.
Let us come before his presence with thanksgiving, and make a joyful noise to him with psalms.
3 Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn kɛse, ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so.
For the LORD [is] a great God, and a great King above all gods.
4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔw mpampam wɔ no.
In his hand [are] the deep places of the earth: the strength of the hills [is] his also.
5 Po wɔ no, ɔno na ɔbɔe, na ne nsa na ɛnwenee asase kesee no.
The sea [is] his, and he made it: and his hands formed the dry [land].
6 Mommra, mma yɛnkotow nsom no. Momma yemmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfo no anim!
O come, let us worship and bow down: let us kneel before the LORD our maker.
7 Ɔyɛ yɛn Nyankopɔn; yɛyɛ ne didibea nnipa, ne nguankuw a ɔhwɛ wɔn so. Nnɛ, sɛ mote ne nne a,
For he [is] our God; and we [are] the people of his pasture, and the sheep of his hand. To-day, if ye will hear his voice,
8 mummpirim mo koma sɛnea moyɛɛ wɔ Meriba no, sɛnea moyɛɛ da no wɔ Masa, sare no so no,
Harden not your heart, as in the provocation, [and] as [in] the day of temptation in the wilderness:
9 Ɛhɔ no, mo mpanyimfo sɔɔ no hwɛe, a na wonim nea meyɛ maa wɔn.
When your fathers tempted me, proved me, and saw my work.
10 Me bo fuw saa nnipa no mfe aduanan na mekae se, “Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, na wɔanhu mʼakwan.”
Forty years long was I grieved with [this] generation, and said, It [is] a people that do err in their heart, and they have not known my ways:
11 Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se, “Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.”
To whom I swore in my wrath, that they should not enter into my rest.

< Nnwom 95 >