< Nnwom 95 >

1 Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigye so mma Awurade; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye Botan no. 2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛw nnwom mma no so. 3 Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn kɛse, ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so. 4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔw mpampam wɔ no. 5 Po wɔ no, ɔno na ɔbɔe, na ne nsa na ɛnwenee asase kesee no. 6 Mommra, mma yɛnkotow nsom no. Momma yemmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfo no anim! 7 Ɔyɛ yɛn Nyankopɔn; yɛyɛ ne didibea nnipa, ne nguankuw a ɔhwɛ wɔn so. Nnɛ, sɛ mote ne nne a, 8 mummpirim mo koma sɛnea moyɛɛ wɔ Meriba no, sɛnea moyɛɛ da no wɔ Masa, sare no so no, 9 Ɛhɔ no, mo mpanyimfo sɔɔ no hwɛe, a na wonim nea meyɛ maa wɔn. 10 Me bo fuw saa nnipa no mfe aduanan na mekae se, “Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, na wɔanhu mʼakwan.” 11 Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se, “Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.”

< Nnwom 95 >