< Nnwom 94 >

1 Awurade, Onyankopɔn a wotɔ were, Onyankopɔn a wotɔ were, hyerɛn.
אל-נקמות יהוה אל נקמות הופיע
2 Sɔre, asase so Temmufo, tua ahantanfo ka sɛnea ɛfata wɔn.
הנשא שפט הארץ השב גמול על-גאים
3 Awurade, enkosi da bɛn, amumɔyɛfo nnye wɔn ani nkosi da bɛn?
עד-מתי רשעים יהוה עד-מתי רשעים יעלזו
4 Wɔkasa ahantan so; ahohoahoa ahyɛ abɔnefo nyinaa ma.
יביעו ידברו עתק יתאמרו כל-פעלי און
5 Awurade, wɔdwerɛw wo nkurɔfo; wɔhyɛ wʼagyapade so.
עמך יהוה ידכאו ונחלתך יענו
6 Wokunkum akunafo ne ananafo; na wodi ayisaa awu.
אלמנה וגר יהרגו ויתומים ירצחו
7 Wɔka se, “Awurade nhu, Yakob Nyankopɔn ayi nʼani.”
ויאמרו לא יראה-יה ולא-יבין אלהי יעקב
8 Monhwɛ yiye, mo agyimifo a mowɔ nnipa no mu; nkwaseafo, da bɛn na mubehu nyansa?
בינו בערים בעם וכסילים מתי תשכילו
9 Nea ɔbɔɔ aso no rente asɛm ana? Nea ɔyɛɛ ani no renhu ade ana?
הנטע אזן הלא ישמע אם-יצר עין הלא יביט
10 Nea ɔteɛteɛ aman so no rentwe aso ana? Nea ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa ana?
היסר גוים הלא יוכיח המלמד אדם דעת
11 Awurade nim onipa nsusuwii; onim sɛ enkosi hwee.
יהוה--ידע מחשבות אדם כי-המה הבל
12 Awurade, nhyira ne onipa a woteɛteɛ no so, onipa a wokyerɛ no wo mmara no;
אשרי הגבר אשר-תיסרנו יה ומתורתך תלמדנו
13 Woma ɔhome fi amanehunu nna mu, kosi sɛ wobetu amoa ama amumɔyɛfo.
להשקיט לו מימי רע-- עד יכרה לרשע שחת
14 Awurade rempo ne nkurɔfo; na ɔrennyaw nʼagyapade hɔ da.
כי לא-יטש יהוה עמו ונחלתו לא יעזב
15 Atemmu begyina treneeyɛ so bio, na wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa bedi so.
כי-עד-צדק ישוב משפט ואחריו כל-ישרי-לב
16 Hena na ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo ama me? Hena na ɔbɛsɔre atia abɔnefo ama me?
מי-יקום לי עם-מרעים מי-יתיצב לי עם-פעלי און
17 Sɛ Awurade ammoa me a, anka mekɔɔ owu kommyɛ mu ntɛm so.
לולי יהוה עזרתה לי-- כמעט שכנה דומה נפשי
18 Bere a mekae se, “Me nan rewatiri” no, Awurade, wo dɔ no soo me mu.
אם-אמרתי מטה רגלי חסדך יהוה יסעדני
19 Bere a me dadwen dɔɔso no, wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.
ברב שרעפי בקרבי-- תנחומיך ישעשעו נפשי
20 Ahengua a porɔwee ahyɛ no mma no ne wo wɔ ayɔnkofa ana? Ahengua a ne hyɛ nsɛm de amanehunu na ɛba no?
היחברך כסא הוות יצר עמל עלי-חק
21 Wɔka bɔ mu tia atreneefo na wɔn a wodi bem no, wobu wɔn kumfɔ.
יגודו על-נפש צדיק ודם נקי ירשיעו
22 Nanso Awurade yɛ mʼaban; na me Nyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na minya ahintawee.
ויהי יהוה לי למשגב ואלהי לצור מחסי
23 Obetua wɔn nnebɔne no so ka na wɔn amumɔyɛ nti wasɛe wɔn; Awurade yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.
וישב עליהם את אונם-- וברעתם יצמיתם יצמיתם יהוה אלהינו

< Nnwom 94 >