< Nnwom 92 >
1 Dwom a wɔto no Homeda. Eye sɛ wɔkamfo wo Awurade na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni,
Dwom a wɔto no Homeda. Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo Awurade na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni,
2 na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa ne wo nokware anadwo,
na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpa ne wo nokorɛ anadwo,
3 wɔ hama du sanku so ne sankuten nnwom mu.
wɔ ahoma edu sankuo so ne sankuten nnwom mu.
4 Awurade, wo nneyɛe ma mʼani gye; mede anigye to nnwom, wo nsa ano nnwuma nti.
Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye; mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti.
5 Awurade, wo nnwuma yɛ akɛse, na wo nyansa mu dɔ!
Ao Awurade, wo nnwuma yɛ akɛseɛ, na wo nyansa mu dɔ!
6 Agyimifo nnim na nkwaseafo nte ase,
Ogyimifoɔ nnim na nkwaseafoɔ nte aseɛ,
7 amumɔyɛfo benyin sɛ sare na abɔnefo bɛyɛ frɔmfrɔm de, nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
amumuyɛfoɔ bɛnyini sɛ ɛserɛ na abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ, nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
8 Na wo Awurade, wɔayɛ wo ɔkɛse afebɔɔ.
Na wo Awurade, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ.
9 Awurade, ampa ara, wʼatamfo bɛyera; na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa.
Ao Awurade ampa ara, wʼatamfoɔ bɛyera; na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa.
10 Woama me ahoɔden te sɛ ɛko; woahwie ngohuam papa agu me so.
Woama me ahoɔden te sɛ ɛkoɔ; woahwie ngohwam papa agu me so.
11 Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi, mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono.
Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi, mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono.
12 Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ abedua, wobenyin sɛ Lebanon sida;
Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua, wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro;
13 nea wɔadua wɔ Awurade fi, wobenyin frɔmfrɔm wɔ yɛn Nyankopɔn adiwo hɔ.
deɛ wɔadua wɔ Awurade fie, wɔbɛnyini frɔmfrɔm wɔ yɛn Onyankopɔn adihɔ hɔ.
14 Wɔbɛkɔ so asow aba, onyinkyɛ mu mpo, wɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono,
Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo, wɔbɛyɛ frɔmm sɛ ahahammono,
15 de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔtreneeni; ɔyɛ me botan, na atirimɔdensɛm biara nni ne mu.”
de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔteneneeni; ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu.”