< Nnwom 91 >
1 Nea ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no biara bɛhome wɔ Otumfo no nwini ase.
いと高き者のもとにある隠れ場に住む人、全能者の陰にやどる人は
2 Mese Awurade se, “Ɔyɛ me guankɔbea ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a mewɔ no mu ahotoso.”
主に言うであろう、「わが避け所、わが城、わが信頼しまつるわが神」と。
3 Ampa ara, obegye wo afi firisumfo afiri ne owuyare mu.
主はあなたをかりゅうどのわなと、恐ろしい疫病から助け出されるからである。
4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; na ne ntaban ase na wubenya guankɔbea; ne nokware bɛyɛ wo nkatabo ne wo kyɛm.
主はその羽をもって、あなたをおおわれる。あなたはその翼の下に避け所を得るであろう。そのまことは大盾、また小盾である。
5 Worensuro ɔdasu mu ɔsɛe, anaa bɛmma a etu awia,
あなたは夜の恐ろしい物をも、昼に飛んでくる矢をも恐れることはない。
6 anaa owuyare a ɛba sum mu, anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe ade wɔ owigyinae bere.
また暗やみに歩きまわる疫病をも、真昼に荒す滅びをも恐れることはない。
7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu, na mpem du atotɔ wo nifa a, wo de, ɛremmɛn wo.
たとい千人はあなたのかたわらに倒れ、万人はあなたの右に倒れても、その災はあなたに近づくことはない。
8 Wʼaniwa nko ara na wode bɛhwɛ na woahu nnebɔneyɛfo asotwe.
あなたはただ、その目をもって見、悪しき者の報いを見るだけである。
9 Sɛ woka se, “Awurade ne me guankɔbea,” na wode Ɔsorosoroni no hɔ yɛ wo tenabea a,
あなたは主を避け所とし、いと高き者をすまいとしたので、
10 ɔhaw biara remmunkam wo so, na ɔsɛe biara remmɛn wo ntamadan.
災はあなたに臨まず、悩みはあなたの天幕に近づくことはない。
11 Efisɛ Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho ban na wɔabɛwɛn wo wʼakwan nyinaa mu;
これは主があなたのために天使たちに命じて、あなたの歩むすべての道であなたを守らせられるからである。
12 wɔde wɔn nsa bɛma wo so, na wo nan ampem ɔbo.
彼らはその手で、あなたをささえ、石に足を打ちつけることのないようにする。
13 Wubetiatia gyata ne aprammiri so, wobɛnantew gyataforo ne ɔwɔ so.
あなたはししと、まむしとを踏み、若いししと、へびとを足の下に踏みにじるであろう。
14 Awurade ka se, “Esiane sɛ ɔdɔ me nti, megye no; mɛbɔ ne ho ban, efisɛ ogye me din to mu.
彼はわたしを愛して離れないゆえに、わたしは彼を助けよう。彼はわが名を知るゆえに、わたしは彼を守る。
15 Ɔbɛfrɛ me na megye ne so; mɛka ne ho wɔ amanehunu mu, megye no na mahyɛ no anuonyam.
彼がわたしを呼ぶとき、わたしは彼に答える。わたしは彼の悩みのときに、共にいて、彼を救い、彼に光栄を与えよう。
16 Mɛma nkwa nna a ɛware amee no na makyerɛ no me nkwagye.”
わたしは長寿をもって彼を満ち足らせ、わが救を彼に示すであろう。