< Nnwom 90 >

1 Onyankopɔn nipa Mose mpaebɔ. Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea awo ntoatoaso nyinaa mu.
A prayer of Moses, the man of God. Lord, you have been a home to us one generation after another.
2 Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔw anaasɛ worebɛda asase ne wiase adi no, na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.
Before the mountains were born, or the earth and the world were brought forth, from everlasting to everlasting you are God.
3 Woma adesamma san dan mfutuma, ka se, “Mo adesamma, monsan nkɔ mfutuma mu.”
You bring us back to the dust, you summon mortals to return.
4 Mfirihyia apem yɛ wʼani so sɛ da koro a abɛsen mprempren, anaasɛ anadwo mu dɔnhwerew kakraa bi.
For you see a thousand years as the passing of yesterday, as a watch in the night.
5 Wopra nnipa kɔ, wɔ owu nna mu; wɔte sɛ sare a afefɛw anɔpa,
Your floods sweep them away; they are like a dream, or like grass which sprouts in the morning,
6 ɛfefɛw yɛ frɔmfrɔm anɔpa de, nanso anwummere ɛwo na etwintwam.
which blossoms and sprouts in the morning, but by evening is cut and withered.
7 Yɛresa wɔ wʼabufuw ano na wʼanibere abɔ yɛn hu.
For your anger consumes us, the heat of your wrath confounds us.
8 Wode yɛn amumɔyɛ asi wʼanim, na yɛn kokoa mu bɔne da wʼanim hann no mu.
Our sins you have set before you, our secrets in the light of your face.
9 Yɛn nna nyinaa twa mu wɔ wʼabufuwhyew mu; na yɛde awerɛhowdi na ewie yɛn mfe.
For through your wrath our days are declining, we bring our years to an end as a sigh.
10 Yɛn nkwa nna si mfe aduɔson, anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; na mu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow, na etwa mu ntɛmntɛm, na yetu kɔ.
The span of our life is seventy years, or, if we are strong, maybe eighty; yet is their breadth but empty toil, for swiftly they go, and we fly away.
11 Sɛ anka yebehu sɛ wʼabufuw mu tumi te ɛ! Wʼabufuwhyew kɛse te sɛnea wo ho suro te.
Who lays to heart the power of your anger? Or who stands in reverent awe of your wrath?
12 Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte, na yɛanya nyansa koma.
O teach us to count our days so our minds may learn wisdom.
13 Tɔ wo bo ase, Awurade, enkosi da bɛn? Hu wʼasomfo mmɔbɔ.
Return, O Lord; why so long? Relent on your servants.
14 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no mmee yɛn adekyee mu, na yɛde anigye ato dwom adi ahurusi yɛn nna nyinaa mu.
Grant us your love to the full in the morning, that all our days we may shout for joy.
15 Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodow a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no, sɛ mfirihyia dodow a yehuu ateetee no.
Make us glad for the days you have humbled us, for the evil years we have seen.
16 Ma wʼasomfo nhu wo nneyɛe na wɔn mma nhu wʼanuonyam.
Let your servants see you in action, show your majesty to their children.
17 Ma Awurade yɛn Nyankopɔn adom no ntena yɛn so; na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye mma yɛn; yiw, ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.
Let the grace of the Lord our God be upon us, uphold what our hands are striving to do.

< Nnwom 90 >