< Nnwom 9 >
1 Dawid dwom. Awurade, mefi me koma nyinaa mu ada wo ase. Mɛka wʼanwonwade no nyinaa.
For the choirmaster. To the tune of “The Death of the Son.” A Psalm of David. I will give thanks to the LORD with all my heart; I will recount all Your wonders.
2 Mɛma mʼani agye na madi ahurusi wɔ wo mu. Mɛto ayeyi dwom ama wo din, Ɔsorosoroni.
I will be glad and rejoice in You; I will sing praise to Your name, O Most High.
3 Mʼatamfo san wɔn akyi; wɔtetew hwe, na wowuwu wɔ wʼanim.
When my enemies retreat, they stumble and perish before You.
4 Woadi mʼasɛm ama me, na menya mʼahofadi; woatena wʼahengua so, abu atɛntrenee.
For You have upheld my just cause; You sit on Your throne judging righteously.
5 Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumɔyɛfo. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.
You have rebuked the nations; You have destroyed the wicked; You have erased their name forever and ever.
6 Ɔsɛe a enni awiei ato ɔtamfo no, woatutu wɔn nkuropɔn; na wɔnkae wɔn bio mpo.
The enemy has come to eternal ruin, and You have uprooted their cities; the very memory of them has vanished.
7 Awurade di hene daa daa; wasi nʼatemmu ahengua.
But the LORD abides forever; He has established His throne for judgment.
8 Ɔde trenee bebu wiase atɛn; ɔde atɛntrenee bedi nnipa no so.
He judges the world with justice; He governs the people with equity.
9 Awurade yɛ guankɔbea ma wɔn a wodi wɔn nya no, ɔyɛ abandennen wɔ ahohia mmere mu.
The LORD is a refuge for the oppressed, a stronghold in times of trouble.
10 Wɔn a wonim wo din no de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ, wo Awurade, wunnyaw obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
Those who know Your name trust in You, for You, O LORD, have not forsaken those who seek You.
11 Monto ayeyi dwom mma Awurade a ɔte ahengua so wɔ Sion; mompae mu nka nea wayɛ wɔ amanaman no mu.
Sing praises to the LORD, who dwells in Zion; proclaim His deeds among the nations.
12 Na ɔkae nea ɔtɔ mogya so were no; ommu nʼani ngu ɔbrɛfo sufrɛ so.
For the Avenger of bloodshed remembers; He does not ignore the cry of the afflicted.
13 Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo teetee me! Hu me mmɔbɔ na yi me fi owu apon ano,
Be merciful to me, O LORD; see how my enemies afflict me! Lift me up from the gates of death,
14 na matumi apae mu aka wʼayeyi wɔ Ɔbabea Sion apon ano, na madi ahurusi wɔ wo nkwagye no mu hɔ.
that I may declare all Your praises— that within the gates of Daughter Zion I may rejoice in Your salvation.
15 Amanaman mufo atɔ amoa a wɔatu no mu; afiri a wosum hintaw no ayi wɔn anan.
The nations have fallen into a pit of their making; their feet are caught in the net they have hidden.
16 Awurade atɛntrenee da no adi; amumɔyɛfo nsa ano adwuma ayi wɔn.
The LORD is known by the justice He brings; the wicked are ensnared by the work of their hands.
17 Amumɔyɛfo san kɔ ɔda mu, amanaman a wɔn werɛ fi Onyankopɔn nyinaa. (Sheol )
The wicked will return to Sheol— all the nations who forget God. (Sheol )
18 Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani, anaasɛ mmɔborɔni anidaso bɛyera korakora.
For the needy will not always be forgotten; nor the hope of the oppressed forever dashed.
19 Sɔre! Awurade, mma ɔdesani nni nkonim, bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim.
Rise up, O LORD, do not let man prevail; let the nations be judged in Your presence.
20 Bɔ wɔn hu, Awurade; na ma wonhu sɛ, wɔyɛ adesa bi kɛkɛ.
Lay terror upon them, O LORD; let the nations know they are but men.