< Nnwom 89 >
1 Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom. Mɛto Awurade adɔe ho dwom daa daa; mede mʼano bɛda wo nokwaredi adi awo ntoatoaso nyinaa mu.
Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom. Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa daa; mede mʼano bɛda wo nokorɛdie adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
2 Mɛka se wʼadɔe no tim hɔ daa nyinaa, na woatim wo nokwaredi wɔ ɔsoro hɔ ankasa.
Mɛka sɛ wʼadɔeɛ no tim hɔ daa nyinaa, na watim wo nokorɛdie wɔ ɔsoro hɔ ankasa.
3 Wokae se, “Mene onipa a mayi no no ayɛ apam; maka ntam akyerɛ me somfo Dawid.
Wokaa sɛ, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam; maka ntam akyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid.
4 ‘Mɛma wʼase atim hɔ daa na wʼahengua nso atim wɔ awo ntoantoaso nyinaa mu.’”
‘Mɛma wʼase atim hɔ daa na wʼahennwa nso atim wɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu.’”
5 Awurade, ɔsorosorofo kamfo wʼanwonwade, na wo nokwaredi nso, wɔkamfo wɔ ahotefo asafo mu.
Ao Awurade, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ, na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo wɔ ahotefoɔ asafo mu.
6 Na hena na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ? Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔde mu?
Na hwan na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ? Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu?
7 Akronkronfo agyinatufo mu, wosuro Onyankopɔn; wɔde osuro kɛse ma Onyankopɔn wɔ akronkronfo nhyiamu ase.
Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn; wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa.
8 Asafo Awurade Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? Wo, Awurade, woyɛ ɔkɛse na wo nokwaredi atwa wo ho ahyia.
Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ? Ao Awurade woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.
9 Wudi po a ɛworo no so; nʼasorɔkye bobɔ kɔ soro a, wobrɛ no ase.
Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so; nʼasorɔkye bobɔ kɔ ɔsoro a, wobrɛ no ase.
10 Wodwerɛw Rahab sɛ atɔfo no mu baako; wode wo basa dennen no bɔɔ wʼatamfo pansamee.
Wodwerɛɛ Rahab sɛ atɔfoɔ no mu baako; wode wo basa denden no bɔɔ wʼatamfoɔ pansameeɛ.
11 Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo; wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa wo na wufii ase.
Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo; ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na wohyɛɛ aseɛ.
12 Wobɔɔ atifi ne anafo. Tabor ne Hermon de ahosɛpɛw to dwom ma wo din.
Wobɔɔ atifi ne anafoɔ. Tabor ne Hermon de ahosɛpɛ to dwom ma wo din.
13 Tumi ayɛ wo basa ma; wo nsam wɔ ahoɔden, woama wo nsa nifa so.
Tumi ayɛ wo basa ma; wo nsam wɔ ahoɔden, wama wo nsa nifa so.
14 Wʼahengua no fapem yɛ trenee ne atɛntrenee; adɔe ne nokwaredi di wʼanim.
Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee; adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim.
15 Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛnea wɔbɔ wo abodin, wɔn a wɔnantew wʼanim hann no mu, Awurade.
Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin, wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade.
16 Wogye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa; wodi ahurusi wɔ wo trenee mu.
Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa; wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu.
17 Wone wɔn anuonyam ne ahoɔden, na wʼadom nti yɛyɛ nkonimdifo.
Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden, na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ.
18 Ampa ara, yɛn kyɛm wɔ Awurade, na yɛn hene wɔ Israel Kronkronni no.
Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade hɔ, na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene.
19 Da bi wokasaa wɔ anisoadehu mu, kyerɛɛ wʼahotefo se, “Madom ɔkofo bi ahoɔden; mapagyaw aberante bi afi nnipa no mu.
Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu, kyerɛɛ wʼahotefoɔ sɛ, “Madom ɔkofoni bi ahoɔden; mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu.
20 Mahu Dawid, me somfo; mede me ngo kronkron no asra no.
Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ; mede me ngo kronkron no asra no.
21 Me nsa bɛwowaw no; ampa ara me basa bɛhyɛ no den.
Me nsa bɛwowa no; ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den.
22 Ɔtamfo biara renhyɛ no sɛ ontua tow; omumɔyɛfo biara rentumi nhyɛ no so.
Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ; omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so.
23 Mɛdwerɛw nʼatamfo wɔ nʼanim na mabobɔ nʼahohiahiafo ahwe fam.
Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ wɔ nʼanim na mabobɔ nʼahohiahiafoɔ ahwe fam.
24 Me nokware adɔe bɛka ne ho, na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.
Me nokorɛ adɔeɛ bɛka ne ho, na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.
25 Mɛtrɛw nʼahye mu akosi po so, na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔnten so.
Mɛtrɛ nʼahyeɛ mu akɔsi ɛpo so, na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔntene so.
26 Ɔbɛfrɛ me aka se, ‘Wone mʼagya, me Nyankopɔn, me nkwagye botan.’
Ɔbɛfrɛ me aka sɛ, ‘Wone mʼagya, me Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan.’
27 Mɛyɛ no mʼabakan, asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛse.
Mɛyɛ no mʼabakan, asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛseɛ.
28 Mɛma mʼadɔe a mewɔ ma no no atena hɔ daa, na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.
Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena hɔ daa, na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.
29 Mɛma nʼase atim afebɔɔ, nʼahengua nso betim hɔ akosi sɛ ɔsoro betwa mu.
Mɛma nʼase atim afebɔɔ, nʼahennwa nso bɛtim hɔ akɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam.
30 “Sɛ ne mmabarima po me mmara na sɛ wɔanni mʼahyɛde so,
“Sɛ ne mmammarima po me mmara na sɛ wɔanni mʼahyɛdeɛ so,
31 sɛ wobu mʼahyɛde so na sɛ wɔanni me hyɛ nsɛm so a,
sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ so na sɛ wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a,
32 ɛno de mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na wɔn amumɔyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;
ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;
33 Nanso merennyae mʼadɔe a meyɛ ma no no na mɛkɔ so adi no nokware.
Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a meyɛ ma noɔ no na mɛkɔ so adi no nokorɛ.
34 Meremmu mʼapam no so na merensesa nea mede mʼano aka no.
Meremmu mʼapam no so na merensesa deɛ mede mʼano aka no.
35 Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko, na merentwa Dawid atoro da,
Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko, na merentwa Dawid atorɔ da.
36 meremma nʼase ntɔre da na nʼahengua nso betim wɔ mʼanim te sɛ owia;
Meremma nʼase ntɔre da na nʼahennwa nso bɛtim wɔ mʼanim te sɛ owia;
37 ebetim hɔ daa te sɛ ɔsram, ɔdanseni nokwafo a ɔwɔ wim no.”
ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane, ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.”
38 Nanso woapo no, woapa nʼakyi, wo bo afuw nea woasra no ngo no.
Nanso woapo no, woapa nʼakyi wo bo afu deɛ woasra no ngo no.
39 Woagu apam a wo ne wo somfo pamee no, woagu nʼahenkyɛw ho fi wɔ mfutuma mu.
Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no woagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu.
40 Woabubu nʼafasu nyinaa ama nʼabandennen adan nnwiriwii.
Woabubu nʼafasuo nyinaa ama nʼabandenden adane mmubuiɛ.
41 Wɔn a wotwa mu wɔ hɔ nyinaa fow no fa; na wayɛ aniwude ama ne mfɛfo.
Wɔn a wɔtwam wɔ hɔ nyinaa fom no fa; na wayɛ aniwudeɛ ama ne mfɛfoɔ.
42 Woama nʼatamfo nsa nifa so; ama wɔn nyinaa di ahurusi.
Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so; ama wɔn nyinaa di ahurisie.
43 Woama nʼafoa ayɛ ɔkwa, na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.
Woama nʼakofena ayɛ ɔkwa, na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.
44 Wode nʼanuonyam aba awiei na woatow nʼahengua akyene fam.
Wode nʼanimuonyam aba awieeɛ na woato nʼahennwa atwene fam.
45 Woatwa ne mmerantebere nna so na wode animguase nguguso akata no so.
Woatwa ne mmeranteberɛ nna so na wode animguaseɛ ngugusoɔ akata ne so.
46 Awurade, enkosi da bɛn? Na wode wo ho behintaw? Wʼabufuwhyew bɛkɔ so adɛw akosi da bɛn?
Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa? Wʼabofuhyeɛ bɛkɔ so adɛre akɔsi da bɛn?
47 Kae sɛnea me nkwanna twa mu ntɛm so. Efisɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ ade a etwa mu ntɛm so!
Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so. Ɛfiri sɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so!
48 Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da? Anaasɛ hena na obetumi agye ne ho afi owu tumi nsam? (Sheol )
Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da? Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam? (Sheol )
49 Awurade, ɛhe na wo tete adɔe kɛse no wɔ, nea wufi wo nokwaredi mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?
Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no wɔ, deɛ wofiri wo nokorɛdie mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?
50 Kae, Awurade, sɛnea wɔadi wo somfo ho fɛw ne sɛnea manya koma ama amanaman no akutiabɔ,
Awurade kae sɛdeɛ wɔadi wo ɔsomfoɔ ho fɛ ne sɛdeɛ manya akoma ama amanaman no akutiabɔ.
51 Awurade, akutiabɔ a wʼatamfo de adi fɛw de adi nea woasra no ngo no anammɔntu biara ho fɛw.
Ao Awurade, akutiabɔ a wʼatamfoɔ de adi fɛw, de adi deɛ woasra no ngo no anammɔntuo biara ho fɛw.
52 Ayeyi nka Awurade daa!
Ayɛyie nka Awurade daa!