< Nnwom 87 >
1 Koramma dwom. Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so;
Kora mma dwom. Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so;
2 Awurade dɔ Sion apon no sen Yakob atenae nyinaa.
Awurade dɔ Sion apono no sene Yakob atenaeɛ nyinaa.
3 Wɔka wo ho anuonyamsɛm Onyankopɔn kuropɔn:
Wɔka wo ho animuonyamsɛm Ao Onyankopɔn kuropɔn:
4 “Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso na maka se, ‘Wɔwoo eyinom wɔ Sion.’”
“Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’”
5 Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se, “Wɔwoo oyi ne ɔno wɔ no mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim hɔ.”
Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ, “Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.”
6 Awurade bɛkyerɛw wɔ nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se, “Wɔwoo oyi wɔ Sion.”
Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ, “Wɔwoo yei wɔ Sion.”
7 Na wɔbɛto dwom se, “Me ntin nyinaa wɔ wo mu.” Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sanku so.
Na wɔbɛto dwom sɛ, “Me nhini nyinaa wɔ wo mu.” Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so.