< Nnwom 86 >
1 Dawid mpaebɔ. Awurade, tie me na gye me so, efisɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.
A PRAYER OF DAVID. Incline, O YHWH, Your ear, Answer me, for I [am] poor and needy.
2 Bɔ me nkwa ho ban, efisɛ mede me ho ama wo. Wo ne me Nyankopɔn, gye wʼakoa a ɔde ne ho to wo so.
Keep my soul, for I [am] pious, Save Your servant who is trusting to You, O You, my God.
3 Awurade, hu me mmɔbɔ, na misu frɛ wo daa nyinaa.
Favor me, O Lord, for I call to You all the day.
4 Ma wʼakoa ani nnye, na wo Awurade, wo nkyɛn na mema me kra so ba.
Make glad the soul of Your servant, For to You, O Lord, I lift up my soul.
5 Awurade, wuye na wode bɔne kyɛ, wowɔ ɔdɔ mmoroso ma wɔn a wosu frɛ wo nyinaa.
For You, Lord, [are] good and forgiving, And abundant in kindness to all calling You.
6 Awurade, tie me mpaebɔ; tie me mmɔborɔsu.
Hear, O YHWH, my prayer, And attend to the voice of my supplications.
7 Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu, na wubegye me so.
In a day of my distress I call You, For You answer me.
8 Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo; na wɔn nnwuma biara nto wo de.
There is none like You among the gods, O Lord, And like Your works there are none.
9 Awurade, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din anuonyam.
All nations that You have made Come and bow themselves before You, O Lord, And give honor to Your Name.
10 Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn.
For You [are] great, and doing wonders, You [are] God alone.
11 Awurade, kyerɛ me wʼakwan, na mɛnantew wo nokware mu; ma memfa me koma nyinaa mma wo na masuro wo din.
Show me, O YHWH, Your way, I walk in Your truth, My heart rejoices to fear Your Name.
12 Mede me koma nyinaa meyi wo ayɛ, Awurade me Nyankopɔn na mahyɛ wo din anuonyam daa nyinaa.
I confess You, O Lord my God, with all my heart, And I honor Your Name for all time.
13 Efisɛ ɔdɔ a wode dɔ me no so; woayi me afi owu amoa mu tɔnn. (Sheol )
For Your kindness [is] great toward me, And You have delivered my soul from the lowest Sheol. (Sheol )
14 Ao, Onyankopɔn, ahomasofo atow ahyɛ me so; basabasayɛfo kuw rehwehwɛ me akum me, nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.
O God, the proud have risen up against me, And a company of the terrible sought my soul, And have not placed You before them,
15 Nanso wo, Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo Nyankopɔn, wo bo kyɛ fuw, na wʼadɔe ne wo nokware dɔɔso.
And You, O Lord, [are] God, merciful and gracious, Slow to anger, and abundant in kindness and truth.
16 Dan wʼani hwɛ me na dom me; fa wʼahoɔden ma wʼakoa na gye wʼafenaa babarima nkwa.
Look to me, and favor me, Give Your strength to Your servant, And give salvation to a son of Your handmaid.
17 Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnne, na mʼatamfo nhu na wɔn anim ngu ase na wo, Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.
Do with me a sign for good, And those hating me see and are ashamed, For You, O YHWH, have helped me, Indeed, You have comforted me!