< Nnwom 84 >
1 Koramma dwom. Awurade Asafo, wʼatenae hɔ yɛ ahomeka!
Kora mma dwom. Ao Asafo Awurade, wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka!
2 Me kra pere, mpo ɛtɔ beraw, sɛ ɔbɛkɔ Awurade adiwo; me koma ne me honam teɛ mu frɛ Onyankopɔn teasefo.
Me kra pere, mpo ɛtɔ piti, sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ; mʼakoma ne me honam team frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ.
3 Mpo akasanoma anya ofi, na asomfena nso anwen ne berebuw, faako a obesow ne mma wɔ beae bi a ɛbɛn wʼafɔremuka, Awurade Asafo, me Hene ne me Nyankopɔn.
Mpo akasanoma anya fie, na asomfena nso anwono ne pirebuo, baabi a ɔbɛhwane ne mma wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn.
4 Nhyira nka wɔn a wɔte wo fi; na wɔkamfo wo din daa.
Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie; na wɔkamfo wo din daa.
5 Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, na wɔde wɔn koma fi akwantu ase kɔhwehwɛ wo.
Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo.
6 Sɛ wɔfa Baka Bon no mu a wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa; asusow bere nsu so taataa hɔ.
Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a, wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa; osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so.
7 Wɔkɔ no ahoɔden so bere nyinaa, kosi sɛ wɔn mu biara bepue Onyankopɔn anim wɔ Sion.
Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa, kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion.
8 Asafo Awurade Nyankopɔn, tie me mpaebɔ; Yakob Nyankopɔn, yɛ aso ma me.
Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ; Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me.
9 Ao, Onyankopɔn, hwɛ yɛn nkatabo; fa ahummɔbɔ hwɛ nea woasra no ngo no.
Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm; fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no.
10 Wʼadiwo hɔ da koro tena ye sen nnafua apem wɔ baabi foforo; mepɛ sɛ mɛyɛ ɔponanohwɛfo wɔ Onyankopɔn fi sen sɛ mɛtena amumɔyɛfo ntamadan mu.
Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ; mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu.
11 Efisɛ Awurade Nyankopɔn yɛ owia ne kyɛm; Awurade hu mmɔbɔ na ɔhyɛ anuonyam; ɔmmfa ade pa biara nkame wɔn a wɔteɛ.
Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm; Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam; ɔremfa ade pa biara nkame wɔn a wɔteneɛ.
12 Asafo Awurade, nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Ao Asafo Awurade, nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.